Yere Wo Ho Wɔ Akenkan Ne Akyerɛw Mu
1 Yɛda Yehowa ase wɔ n’Asɛm Bible a ɛyɛ nokware a wɔakyerɛw ama yɛn no ho. Ná saa tete mmarima a wosuro Onyankopɔn a wɔde honhom kaa wɔn a wonyaa hokwan kyerɛw Onyankopɔn Asɛm no nim nhoma ankasa. (Hab. 2:2) Na nhyira bɛn ara na yenya nnɛ sɛɛ yi sɛ yetumi kenkan nea wɔkyerɛwee no, yiw, sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no na yedwen ho. Ɛma yebehu Yehowa yiye, yehu ne su ne n’atirimpɔw ahorow yiye na esiesie yɛn ma yɛtra ase ma ɛne ne trenee gyinapɛn ahorow hyia.—Adi. 1:3.
2 Esiane sɛ na Yesu nim nhoma nti, otumi suaa Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no yiye na odwen ho wɔ ɔkwan pa so. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, eyi boaa no ma okuraa ne mudi mu wɔ n’asase so som adwuma no mu. (Mateo 4:1-11; Fil. 2:8) Sɛ yenim nhoma a, saa ara na yɛn nso yebenya nkɔso pa wɔ nokware no mu.
NEA ENTI A ƐSƐ SƐ WUHU AKENKAN NE AKYERƐW
3 Ɔman yi mpanyimfo bu ano sɛ Ghanafo ɔha biara mu 60 na wonnim akenkan ne akyerɛw. Sɛ yɛde toto ho a, ɛyɛ anigye sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ ɔman yi mu ɔha biara mu 15 pɛ na wonnim akenkan ne akyerɛw. Nanso, eyi kyerɛ sɛ adawurubɔfo bɛyɛ 5,000 na wonnim akenkan anaa akyerɛw, na eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ ɛhaw yɛn. Sɛ ahyehyɛde no yɛte nka kɛse ma wɔn a wonnim nhoma a wɔwɔ yɛn mu no efisɛ ɛno yɛ akwanside a anibere wom kɛse. Wontumi nka Onyankopɔn Asɛm no kɛse, wontumi nyɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn ne ofie Bible adesua a ɛsow aba. Nea ɛka ho no, ɔdawurubɔfo a onnim nhoma no rentumi nyɛ daa ɔkwampaefo, ɛwom sɛ wabɔ asu de, na sɛ ɔyɛ ɔbarima a, ɔrentumi mfata sɛ asafo mu ɔsomfo anaa ɔpanyin da. Hwɛ sɛnea obi a onnim nhoma no ɔsom mu hokwan ahorow sua! Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛboa wɔn na esiane eyi nti Asafo ti no de ayɛ ne botae sɛ ɔbɛma wɔn a wɔwɔ asafo ahorow no nyinaa mu ahu akenkan ne akyerɛw.
4 Wɔ April ne May mu no, Asafo ti no yɛɛ nhyehyɛe maa ahwɛfo akwantufo nyinaa kɔɔ sukuu titiriw bi a ɛbɛma wɔakanyan akenkan ne akyerɛw dwumadi na wɔama anya nkɔso wɔ ɔman yi mu. Sɛ mo ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo asafo no a, ɔne mpanyimfo, akenkan ne akyerɛw sukuu akyerɛkyerɛfo ne wɔn a wonnim nhoma nyinaa bɛyɛ nhyiam titiriw bi. Wobesusuw nsɛnnennen ahorow a ɛfa akenkan ne akyerɛw sukuu no ho yiye na wɔahwehwɛ ano aduru. Wɔbɛyɛ akenkan ne akyerɛw adekyerɛ kwan pa ahorow ho ɔyɛkyerɛ akyerɛ mpanyimfo ne akyerɛkyerɛfo no na wɔde nsɛm afoforo a ɛbɛboa ama wɔn. Ɛno akyi no mpanyimfo no bɛhwɛ ma sukuu no akɔ so.
5 Yɛahu wɔ mfe a abɛsen no mu sɛ da koro a wɔde yɛ akenkan ne akyerɛw adesua wɔ dapɛn biara mu no nnɔɔso. Yɛkamfo kyerɛ sɛ monyɛ no mprenu anaa nea ɛboro saa wɔ dapɛn biara mu. Sɛ sukuufo no nyinaa rentumi nhyiam wɔ faako mpo a, yenim sɛ mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe a eye sɛnea mo tebea no te.
WUBEDI NKONIM
6 Sɛ wunnim nhoma a, nka sɛ: “Manyin dodo sɛ mesua ade”; “Mabɔ mmɔden mpɛn pii wɔ mmere a atwam no mu nanso anyɛ yiye.” Nea yɛhwehwɛ afi wo hɔ ara ne sɛ wɔbɛkyerɛw wo din na woakɔ sukuu no daa. Wɔ Yehowa ahoɔden mu no yɛbɛboa wo ma woahu akenkan ne akyerɛw. Nya tumi a Yehowa betumi aboa wo ma woadi nkonim no mu ahotoso kɛse. Bɔ ho mpae na yere wo ho.—1 Tim. 4:10.
7 Wɔ bere a atwam no mu no na ade biako a esiw nkɔso kwan wɔ akenkan ne akyerɛw sukuu no mu ne ɛho nhoma a na yenni no. Esiane yɛn botae a ɛne sɛ yɛbɛma obiara ahu akenkan ne akyerɛw no nti, Asafo ti no dii kan yɛɛ eyi ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a ebedi asɛnnennen no ho dwuma na okogyee hokwan a ɛde betintim akenkan mfiase nhoma no bi. Yɛatintim Twi de no awie na yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa de awie Ga ne Ewe de no nso.
8 Sɛ wunim nhoma a, fa wo ho ma na kyerɛkyerɛ wɔn a wonnim nhoma a wɔwɔ yɛn mu no. Ebegye yɛn bere, ahoɔden ne nneɛma afoforo a yɛde bɛbɔ afɔre ansa na yɛadu botae a yɛde asi yɛn ani so no ho. Enti, sɛ́ yenim nhoma anaasɛ dabi no, ɛho behia sɛ yɛyɛ adwumaden ankasa. Honhom fam akatua a ɛretwɛn yɛn no bɛyɛ nea ɛsen nea yɛde bɔɔ afɔre ne yɛn ɔdɔ nnwuma a yɛyɛe no nyinaa.—Heb. 6:10-12.