Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/88 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1988
Yɛn Ahenni Som—1988
km 3/88 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma March: Life​—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? April: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu.

● Yɛwɔ Nkaedi bobesa wɔ faako a wogye ahɔho wɔ Betel, Nungua. Asafo ahorow a wɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam horow wɔ March mu no nsa betumi aka Nkaedi bobesa a ɛfata no bi afi ɔmantam sohwɛfo no hɔ. Ɛsɛ sɛ asafo a wɔaka a wɔn ankasa rentumi nnya bobesa a ɛfata no bi no de tumpan a emu ye na ɛwɔ ntuano pa ba faako a wogye ahɔho wɔ Betel no begye bi.

● Sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi ayɛ abodoo a mmɔkaw nnim a ɛfata no ama Nkaedi no, yɛsrɛ mo munni ɛho akwankyerɛ a ɛwɔ February 1, 1985 Ɔwɛn-Aban, kratafa 27 no akyi pɛpɛɛpɛ. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nneɛma te sɛ nkyene, asikre, atei, nkesua anaa gyeene yɛ abodoo a mmɔkaw nnim no. Sɛ awi asikresiam nni hɔ a mubetumi de ɛmo anaa aburo asikresiam ayɛ.

● Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no bom hwɛ hu sɛ wɔde Nkaedi akontaabu no amana Asafo ti no ntɛm ara wɔ Nkaedi no akyi ansa na Dwoda, April 4 adu. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu March 1, anaa ɛno akyi bere tiaa bi.

● Asafo ahorow pii mfaa wɔn Literature Inventory a na ɛsɛ sɛ wɔde ba September mu no mmae ara ɛ. Yɛsrɛ mo ɛsɛ sɛ saa asafo ahorow no ahwɛfo guamtrafo hwɛ hu sɛ wɔde Literature Inventory no amana Asafo ti ntɛm ara. Yɛrentumi nkɔ so nni asafo ahorow a wɔmmfa wɔn Literature Inventory no mma no nhoma a wɔhwehwɛ ho dwuma.

● ƆMANSIN NHYIAM HOROW

March 12, 13: Ɔmansin 6 wɔ Tamale

March 12, 13: Ɔmansin 14 wɔ Koforidua

March 26, 27: Ɔmansin 21 wɔ Kintampo

March 26, 27: Ɔmansin 13 wɔ Oda

HYƐ NO NSOW: Nhyiam biara nni adapɛn awiei a wɔankyerɛ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena