Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MARCH 6
Dwom 133
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wɔmmoa asɛnka dwumadi Memeneda a ɛto so abien wɔ ɔsram no mu.
15 min: “Ahenni Aba a Yɛbɛhwɛ so Yiye.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho.
15 min: Ahosiesie a Wɔyɛ ma Sankɔhwɛyɛ. Nkɔmmɔbɔ: Ɔpanyin ne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔn ho akokwaw bobɔ nsɛm so de hwehwɛ nea wɔbɛka bere a wɔsan kɔsra nnipa a wɔakyerɛ anigye no.
7 min: Nhoma a yɛde bɛma March. Mommɔ nsɛmti ahorow a adawurubɔfo nkumaa ne afoforofo ne wɔn a wɔn ho akokwaw nyinaa betumi de adi dwuma ma atu mpɔn ho nkɔmmɔ. Ka nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wɔbɛyɛ sukuu ne kɔlege ahorow mu adwuma na wɔde Creation nhoma no ama ho asɛm.
Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 13
Dwom 180
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Fa ntoboa biara a Asafo ti no akyerɛ sɛ wɔn nsa aka no ka ho.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Bible no a Wɔde Di Dwuma So.” Wone atiefo mmɔ nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem 1-5 no ho nkɔmmɔ. Ɛno akyi no, ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa sɛnea yebetumi de Bible no adi dwuma ma atu mpɔn bere a onipa no nni adagyew na, sɛnea tebea no te no, yɛde nhoma ama, yɛagyaw nsaano krataa, anaasɛ yɛabɔ ɔkwan ama sankɔhwɛyɛ sɛnea wɔada no adi wɔ nkyekyem 6 no ho. Fa afotu a emu yɛ hyew na ɛkyerɛ sɛnea wosusuw afoforo ho ma sɛ anuanom no nsusuw sɛnea wɔde Bible bedi dwuma kɛse wɔ wɔn asɛnka mu no ho anibere so.
20 min: “Ahosiesie ma Ɛda Titiriw Bi.” Ɔkasa a ɔhwɛfo guamtrani ma. Bɔ Nkaedi bere ho amanneɛ na tĩ mo asafo no nhyehyɛe ahorow mu. Ka dodow a wɔbae afe a etwaam no ne wɔn a yebetumi ato nsa afrɛ wɔn titiriw wɔ nna a aka no mu ho asɛm.
Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 20
Dwom 166
10 min: Asafo mu nkaebɔ, Teokrase Nsɛmmansɛmma, ne Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a wɔapaw. Hyɛ anuanom nkuran ma wonnya Memeneda a ɛto so anan mu nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa.
20 min: “Wiase Honhom.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina Reasoning nhoma no kratafa 389-93 so. Ma asɛm no mfa mo asafo no ahiade ho na si hia a ɛho hia sɛ yɛpow saa wiase yi honhom a enye no so dua.
15 min: “Awurade Anwummeduan No.” Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa a egyina Reasoning nhoma no kratafa 266 kosi 269 so. Afei nso, ka nsɛntitiriw a ɛwɔ Asafo ti no krataa a wɔkyerɛwee CSB:DC January 14, 1988 no ho asɛm na si so dua sɛ wɔnyɛɛ nsakrae biara wɔ yɛn Kyerɛwnsɛm mu gyidi a yɛwɔ sɛ wɔn a wɔde honhom awo wɔn no nkaefo nkutoo na wodi abodoo no na wɔnom bobesa no bi ankasa wɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase. Hyɛ anuanom nyinaa nkuran ma wonni Nkaedi Bible akenkan no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔn adwene ama ɛda no.
Dwom 115 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MARCH 27
Dwom 28
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Ti “Mogya Nhomawa no a Yɛrebesua” mu nsɛm mu.
18 min: “Ma Nhyiam Horow no Nyɛ Nea Etumi Kyerɛkyerɛ Yiye.” Asemmisa-ne-mmuae a ɔpanyin de susuw asɛm no ho. Munsusuw kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wɔ asɛm no mu no ho. Bere a moasusuw nkyekyem 5 ho awie no, fa anuanom baanu ntam nkɔmmɔbɔ a esi hia a ɛho hia sɛ yɛyɛ aso yiye na yenya otie su pa no ka ho. Hyɛ nsɛm a ɛwɔ School Guidebook, nkratafa 25-7, nkyekyem 6-14 no nsow.
15 min: Dwumadi Titiriw wɔ April Mu. Ɔkasa a ɛkanyan a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Ka asɛnka dwumadi titiriw wɔ Fida anɔpa, April 1, Nkaedi da, no ho asɛm. Afei nso kyerɛkyerɛ nhyehyɛe ahorow a wɔayɛ ama asɛnka sɛnea ɛbɛboa obiara ma wanya ɔsom mu kyɛfa kɛse wɔ April mu no mu. Kae asafo no nnipa dodow a wɔreyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ April mu ne sɛ ɛnkaa akyiri dodow sɛ obi bebisa ɛho kwan. Sɛ moyɛ saa nhyiam yi ansa na April 1 adu a, hyɛ adawurubɔfo no nkuran ma wɔnkyerɛwkyerɛw abusuafo ne anigyefo a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔaba Nkaedi ase no din. Ka asɛm a ɛwɔ “Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ February 1, 1988 Watchtower, nkratafa 30 ne 31 no mu no ho asɛm tiaa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnu saa afahyɛ a ɛho hia yi ase ntɛm.
Dwom 117 ne mpaebɔ a wɔde wie.