Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/88 kr. 1-2
  • Ahosiesie Ma Ɛda Titiriw Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahosiesie Ma Ɛda Titiriw Bi
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • ƐHO HIA SƐ OBIARA SIESIE NE HO
  • NEA ƐSƐ SƐ MPANYINFO YƐ HO NHYEHYƐE
Yɛn Ahenni Som—1988
km 3/88 kr. 1-2

Ahosiesie Ma Ɛda Titiriw Bi

1 “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Saa nsɛm no ho hia Yehowa Adansefo titiriw. Yesu na ɔka kyerɛɛ n’asuafo no bere a ɔde Awurade Anwummeduan no resi hɔ no. Wodi saa ɛda yi ma ɛfata afe biara wɔ Nisan 14. Wɔ 1988 mu no Kristo wu Nkaedi no si Fida, April 1. So woreyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ bi?

ƐHO HIA SƐ OBIARA SIESIE NE HO

2 Sɛ yebenya mfaso kɛse afi saa ɛda kronkron a ɛsen biara yi mu a, nhyehyɛe a yɛbɛyɛ ho hia. Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho wɔ adwene mu. Mmoa a eye kɛse wɔ eyi mu ne March 27 kosi April 1 Bible akenkan titiriw, sɛnea yɛhyɛ no nsow wɔ Yehowa Adansefo 1988 kalenda no so no. Yɛhyɛ obiara nkuran sɛ onni akenkan nhyehyɛe no akyi pɛɛ na onnye bere mfa nsusuw Kyerɛwnsɛm mu nkyekyem ahorow yi ho. Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn adwene ne yɛn koma ama saa ɛda titiriw yi.

3 Yɛ nhyehyɛe sɛ wubedu Ahenni Asa no so sɛnea ɛsɛ ansa na nhyiam bere no adu. Eyi bɛma woatumi ama afoforofo akwaaba. Wɔ afe a etwaam no mu no Ghana baa dwumadibea no bɔɔ nnipa a wɔbaa Nkaedi no ase a wɔboro wɔn a sɛ wɔkyekyem a wɔkɔɔ asɛnka ɔsram biara wɔ 1987 ɔsom afe no mu no so bɛboro 100,000 ho amanneɛ. Ebia afoforo pii bɛba afe yi. Nhyehyɛe a wobɛyɛ de adu nhyiam no ase ntɛm na woakyia afoforofo ne afoforo a wɔmma nhyiam daa no betumi ayɛ nea wohia ma wɔanya nkɔanim bio.

4 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɛnka dwumadi titiriw ho nhyehyɛe saa Fida no. Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe MPREMPREN sɛ wode wo ho bɛhyɛ ɔsom adwuma no mu? Pii bɛyɛ akwampaefo aboafo April mu, na ɛsɛ sɛ asɛnka dwumadi titiriw wɔ ɔsram no da a edi kan no mu no yɛ nhyɛase pa ma wɔn. San kɔsra wɔn a na anka wone wɔn yɛ Bible adesua, wɔn a wɔakra nsɛmma nhoma, ne afoforo a sɛ wɔkɔkae wɔn a wɔbɛba no. Sɛ Bible adesuafo anaasɛ anigyefo bi behia kar a wɔde bɛkɔ anaasɛ obi a wɔne no bɛkɔ a, yɛ nea wubetumi fa boa. Yɛ nhyehyɛe sɛ wubedu hɔ ntɛm.

NEA ƐSƐ SƐ MPANYINFO YƐ HO NHYEHYƐE

5 Mpanyimfo kuw no bɛpɛ sɛ wɔde adwene si nneɛma pii a ɛsɛ sɛ wodi kan yɛ de siesie wɔn ho no so. Dɛn na ɛka eyinom ho? Hyɛ nneɛma a wɔabobɔ din wɔ kratafa 3 no nsow.

6 Nkaedi no yɛ ɛda titiriw ma yɛn nyinaa. Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛkae Yehowa dɔ a oyii adi kyerɛɛ yɛn denam ne Ba no a ɔsomaa no ma obewui sɛ agyede a ɛma yenya hokwan sɛ yɛbɛba trenee gyinabea mu wɔ Yehowa anim no so no. (Yoh. 3:16) Yɛrempɛ sɛ yɛbɛma dwumadi foforo biara kwan ma atwe yɛn adwene afi saa ɛda kronkron yi so ansa na adu hɔ anaasɛ wɔ ɛno akyi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena