Ahenni Aba A Yɛbɛhwɛ So Yiye
1 Okuafo siesie asase no na ogu aba, na afei anigye ne akomatɔyam bɛn ara na ɔte nka sɛɛ yi bere a aba no atifi no! Ɛwom sɛ egye mmɔdenbɔ pii wɔ ne fam de, nanso ɔde anigye bɛyɛ adwumaden a ɔwɔ anidaso sɛ obetwa aba pa. Yesu de “Onyankopɔn asɛm” totoo aba a wɔagu ho. (Luka 8:11) Enti, yɛbɛpɛ sɛ yenya Ahenni aba a ɛne “Onyankopɔn asɛm” no a wogu no mu kyɛfa kɛse a yɛwɔ anidaso sɛ ebedu nnipa a wɔn koma te sɛ “asase pa” a wɔka ho asɛm wɔ Yesu bɛ no mu no nkyɛn.—Mat. 13:19, 23; Luka 8:15.
2 So wunyaa hokwan de nhoma dedaw ahorow no bi mae ɔsram a etwaam no mu, anaasɛ wo ne nnipa a wɔwɔ w’asasesin no mu bɔɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ a eye? So wubetumi ayɛ pii de ama wɔn anigye wɔ Ahenni nkrasɛm no ho no akɔ so? Sankɔhwɛ yɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔnam so di anigye a wɔkyerɛ ho dwuma. Mpɛn pii no wobetumi ayɛ eyi wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi da koro anaa nnanu.
3 Wɔ March mu no. yɛde nhoma “Life—How It Did Here? By Evolution or by Creation?” no na ɛbɛmema wɔ afie afie. Ne bo yɛ ¢380 ma adawurubɔfo ne ɔmanfo. Bere a yɛpɛ sɛ yɛde saa nhoma fɛfɛ yi ma wɔ baabiara wɔ yɛn asasesin no mu no, ɛwɔ asasesin soronko bi a ɛne sukuu, kɔlege ne sukuupɔn ahorow. Wɔ March mu adapɛn abiɛsa a edi kan anaa nea ɛte saa no mu no na wonya mmaa kwan. Enti yɛhyɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe mma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw yiye nkɔyɛ adwuma wɔ ntoaso sukuu ne sukuupɔn ahorow a ɛwɔ mo asafo no asasesin mu no mu, na wɔmfa Creation nhoma no mma. Wobetumi ayɛ akyerɛkyerɛfo no ne adwuma sɛnea wɔyɛ dedaw no. Nanso, ebia ebehia sɛ wɔsrɛ kwan fi sukuufo atrae sohwɛfo no hɔ ansa na wɔne asuafo no akasa, titiriw wɔ ntoaso sukuufo no dabere hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔn nsa aka saa hokwan no ansa, na amfa nsɛnnennen biara amma.
4 Akwampaefo boafo adwuma bɛma ebinom anya hokwan de atrɛw wɔn som mu, wɔde ayɛ sankɔhwɛ, na ebia wɔafi adesua afoforo ase. Afe biara anuanom mmarima ne mmea pii de hokwan no di dwuma wɔ March ne April mu de yɛ akwampaefo aboafo adwuma. April wɔ Memeneda anum afe yi a ɛyɛ hokwan kɛse ma wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ aban adwuma. Ebia adawurubɔfo nkumaa betumi de wiase no Easter ahomegye nna no adi dwuma de wɔn ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu.
5 Wɔ asafo ahorow pii mu no, mpanyimfo kuw no mufo nyinaa, asafo mu asomfo, ne wɔn yerenom ayɛ nhwɛso fɛfɛ denam akwampaefo aboafo adwuma a wɔyɛe so. Wɔ April a etwaam no mu no asafo bi nyaa akwampaefo aboafo 83 ne daa akwampaefo 12. Nkuranhyɛ bɛn ara na ɛyɛ maa asafo no nyinaa sɛɛ yi! Ɛmmra sɛ Yehowa behyira mo nhyehyɛe a mobɛyɛ no yiye no so!
SANKƆHWƐ BETUMI ABƐYƐ ADESUA
6 Sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi atu mpɔn bere a woyɛ sankɔhwɛ no, wubehia sɛ wokyerɛkyerɛw nneɛma bi a ɛfata wɔ wo afie afie kyerɛwtohɔ kratasin no so. Eyinom bɛboa wo ma woahu asɛmti a a mobɛbɔ ho nkɔmmɔ bere a woasan akɔsra wɔn no. Adawurubɔfo binom pɛ sɛ ofiewura no kasa pii wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu na wɔ saa kwan no so no wɔahu nea ɛwɔ n’adwene mu ne nsɛm a n’ani gye ho. Sɛ onipa no da nsusuwii a ɛnteɛ adi mpo a, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛpow sɛ wode adwene besi nsɛm a ɛtete saa no so mfiase no, na woasi Ahenni no bɔhyɛ ahorow no so dua mmom.
7 Bible adesua adwuma no ne ɔkwan titiriw a wɔnam so boa nnipa ma wosua Yehowa atirimpɔw ahorow no ho ade. Ebia wubetumi de nhoma ahorow no mu ade bi a wote nka sɛ onipa no ani begye ho titiriw adi dwuma. Bisa asɛm, na afei kyerɛ sɛnea nhoma no de Bible mu mmuae ma ntɛm ara. Sɛ bere ma kwan a munsusuw nkyekyem dodow bi ho. Su pa kyerɛ sɛ yegye di yiye sɛ nea yɛwɔ no yɛ adepa. Ɛdenam wo botae no a wode besi w’ani so so no, wo nso wubetumi afi Bible adesua ahorow a eye ase. Wubetumi de nhoma a wode maa ofiewura no anaasɛ foforo bi a ɔwɔ dedaw no adi dwuma. Bere biara a wuhu sɛ eye no wubetumi adan akɔ Tra Ase Daa nhoma no so.
8 So ɛnyɛ ahosɛpɛw sɛ yegu aba ankasa na yehu sɛ afifide no nyin bere a yɛhwɛ so no? Yebenya akomatɔyam kɛse mpo bere a yehu sɛ ‘ahenni asɛm’ no gye ntini na enyin wɔ wɔn a yɛne wɔn sua ade no komam no. Bere a eyinom ba nokware no mu no, wɔbɛyɛ wɔn a wɔma woyi Yehowa ayɛ na wodi no ni. Ɛmmra sɛ obehyira yɛn mmɔden a yɛbɔ bere a yegu Ahenni aba no na afei yɛhwɛ nea ɛsow no so yiye de yi no ayɛ no so!