Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Yehowa Honhom No Mmoa So
1 Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi adi yiye wɔ Ahenni som adwuma no mu no, yehia Yehowa akwankyerɛ ne ne nhyira. Ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae srɛ ne honhom no mmoa wɔ yɛn dwumadi mu, efisɛ Yesu maa n’asuafo awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron no bɛma wɔn a wobisa no.—Luka 11:13.
2 Sɛ yɛredi nnipa pɔtee bi adanse a, ebia yɛbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye titiriw. (Fa toto 1 Korintofo 2:1-5 ho.) Nanso sɛ yebisa Onyankopɔn honhom no a ɛbɛboa yɛn, na yebetumi de nokware no ama wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ na emu da hɔ so.
3 Honhom kronkron bɛma yɛanya akokoduru a yehia no na yɛaka nokware no akyerɛ “nnipa nyinaa.” (1 Tim. 2:3, 4; 1 Tes. 2:2) Nokwarem no, akokoduru a Kristoni benya no nkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ nhyɛso anaasɛ osidifo.
SOW HONHOM ABA
4 Ɔsomafo Petro kyerɛ sɛ sɛ yɛrekasa a ɛsɛ sɛ yenya “odwo ne obu a emu dɔ.” (1 Pet. 3:15, NW) Odwo yɛ honhom no aba na ɛho hia titiriw bere a yɛne nnipa a wonni ntease di no. Honhom aba afoforo nso bɛboa yɛn ma yɛadi tebea horow a emu yɛ den ho dwuma. (Gal. 5:22, 23) Ɛho nhia sɛ yebu pow a ebinom pow yɛn no sɛ animtiaa a wobu yɛn ankasa. Mmom no, hu sɛ ebia na wɔnte bo a nkrasɛm no som no ase. Saa adwene yi a yebenya no bɛboa yɛn ma yɛanya odwo ne obu. Sɛ ɛfata a bere a wurefi hɔ akɔ no ka asɛm di a efi ayamye mu. Eyi betumi anya nkɛntɛnso pa wɔ ebinom a wonni ho adwempa no so.—Mmeb. 15:1.
5 Sɛ́ ɛyɛ nea yɛreyɛ adwuma wɔ afie afie mu anaasɛ mmorɔn so no, afoforo hwɛ yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ ne abrabɔ yɛ nea empira na asɛm biara nni ho bere nyinaa. Ɛnyɛ obiara na n’ani sɔ yɛn adwuma no. Pii rentie. Mpa abaw. Kae sɛ yɛrehwehwɛ wɔn a wɔn su te sɛ nguan. (Mat. 10:12-14) Ɛsɛ sɛ yɛn su wɔ asɛnka mu no hyɛ Onyankopɔn anuonyam denam ne honhom no aba a yɛbɛda no adi no so. Ebia su pa ne afoforo ho a yesusuw no bebubu ebinom koma.—2 Kor. 6:3.
6 Sɛ onii a yɛne no rekasa no nni adagyew ampa a, ebia yebetumi aka nsɛntiaa bi. Nanso ebia ne ho a yebesusuw no bɛma wagye Ɔdansefo bi a ɔbɛba hɔ akyiri yi no fɛw so. Onyankopɔn honhom bɛboa yɛn ma yɛada nokware dɔ adi na yɛanya abodwokyɛre ne ayamye. Yedi ahurusi sɛ Onyankopɔn fi ne mmɔborohunu no mu taa ma nnipa pii nya hokwan tie a nea efi mu ba ne sɛ ebinom begye di.—1 Kor. 13:4.
7 Bere a yɛma Onyankopɔn honhom no kyerɛ yɛn mmɔdenbɔ kwan no, yɛde asɛmpa no bɛma wɔ ɔkwan a ɛbɛma nnipa a wɔwɔ ntease na wosuro Onyankopɔn no ani agye ho so. Fa yɛ wo botae sɛ ‘wobɛhyehyɛ yɛn agyenkwa Onyankopɔn kyerɛ, ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.