Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma April: Wubetumi Atra ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu. July ne August: Survival Into a New Earth anaa Happiness—How to Find It.
● Yɛhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wonya April ɔsom dwumadi titiriw no mu kyɛfa na wommu akontaa ntɛmntɛm wɔ ɔsram no awiei sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de aka wiase nyinaa akontaabu no ho.
● Yɛhyɛ nyansa sɛ efi nnɛ rekɔ asafo ahorow a wɔde wɔn ɔsram biara akontaabu fa post office brɛ yɛn no nyɛ saa denam SPECIAL EXPRESS nhyehyɛe no so. Special Express nkrataa no kɔ ntɛm sen nkrataa afoforo a wɔde mana wɔ post office no. Mummisa ɛho akwankyerɛ mfi post office a ɛwɔ mo kurom hɔ no. Wɔn a wɔma obi de wɔn akontaabu ba no betumi akɔ so ayɛ saa nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ akontaabu no adu Betel ansa na ɔsram no da a ɛtɔ so 15 no adu.
● Yɛwɔ anidaso sɛ Adansefo a wɔyɛ mpanyimfo nyinaa ahyehyɛ Medical Document kratasin foforo no bi a wɔde bɛhyɛ wɔn ho bere nyinaa. Wɔde Identity Card no ama sɛ awofo nhyehyɛ na wɔmfa wɔn din nhyɛ ase mma wɔn mma a wonnyinii sɛnea wɔn ankasa betumi ayɛ mmara kwan so mpaemuka no na wɔmfa nhyɛ wɔn ho.
● ƆMANSIN NHYIAM HOROW
April 9, 10: Ɔmansin 8 wɔ Sunyani
April 9,10: Ɔmansin 18 wɔ Apam
April 23, 24: Ɔmansin 20 wɔ Sefwi Bekwai
April 23, 24: Ɔmansin 5-A wɔ Hohoe
April 30, May 1: Ɔmansin 5B wɔ Dambai