Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE APRIL 3
Dwom 114
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmoa asɛnka wɔ dapɛn no mu ne dapɛn no awiei. Hyɛ anwummere adansedi ho nkuran. Afei nso, kamfo kyerɛ sɛ wɔmmɔ mmɔden titiriw nto nsa mfrɛ nkurɔfo ma wommetie ɔkasa titiriw “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Bible Gyinapɛn Ahorow Tra Ase?” no. Sɛ bere ma kwan a bisa atiefo ma wɔnka nea wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛka de ato nsa afrɛ nnamfo, afipamfo ne abusuafo aba ɔkasa no ase no ho asɛm nkyerɛ. Hyɛ nyansa sɛ wɔmfa kratawa T-13, Nea Enti a Wubetumi de Wo ho Ato Bible no So no nni dwuma.
15 min: “Nhyehyɛe Bɛn na Woayɛ Ama April?” Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma no anigye so. Kyerɛ sɛ bere da so wɔ hɔ a wobetumi akwampaefo aboafo adwuma no ho kwan wɔ April mu. Ka April mu asɛnka nhyehyɛe ho asɛm na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa. (Nsɛe bere pii wɔ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nhoma a yɛde rema no ho esiane sɛ ɔfã a edi hɔ no bedi eyinom ho dwuma nti.)
20 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo. Nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ. Tĩ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu na kyerɛ sɛnea wobetumi de Tra Ase Daa nhoma no atõa mu. Wɔ nnianim asɛm no mu no si so dua sɛ nokwasɛm ahorow pii na ehunahuna abusua asetra nnɛ. Ne saa nti, afi pii mu apaapae na wonni anigye biara. (Bisa ofiewura nea ɔte nka sɛ ɛne saa asɛnnennen yi ano aduru.) Ɛno akyi no kyerɛ sɛ ɛho hia sɛ yɛkɔ adesamma Bɔfo no nkyɛn kɔhwehwɛ akwankyerɛ. Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua. (Kenkan Genesis 1:27, 28.) Afei wubetumi aka sɛ: “Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw a ɛne Bible no wɔ akwankyerɛ a sɛ wodi akyi a ebetumi aboa ama wɔanya abusua asetra a ɛyɛ anigye na ebetumi ama wɔanya daakye tebea pa bi ho anidaso. [Kenkan Yesaia 48:17, 18.] Ɛho hia sɛ nnipa anokwafo kenkan Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no na wɔyɛ aso ma no.” Fa Tra Ase Daa nhoma no ma na kyerɛ sɛ saa nhoma yi de afotu pa a egyina Onyankopɔn Asɛm so ma wɔ abusua asetra a eye ho. Dan kɔ ti 29 na paw nsɛmpɔw ne mfonini a ɛfata fi nkratafa 243-6 fa si sɛnea Bible no ye ma abusua asetra no so dua. Afei fa nhoma no ma fa gye ntoaboa a ɛyɛ ¢380, anaasɛ ketewaa no fa gye ¢190. Ma ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no a wɔde di dwuma ho ɔyɛkyerɛ na ɔmfa Tra Ase Daa nhoma no mma. Wɔ ɔyɛkyerɛ no akyi no, munsusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ nhoma no mu a wobetumi de adi dwuma no ho.
Dwom 154 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 10
Dwom 155
10 min: Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a ɛfata ne asafo mu nkaebɔ. Fa sika akontaabu ka ho. Fa anisɔ kenkan Asafo ti no ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka a nea wɔde boa Betel foforo a wɔresi ne asɛmpatrɛwfo akwantu no ka ho.
25 min: “Nea Ɛho Hia a Yɛbɛyɛ De Asɔ Onyankopɔn Ani.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma. Yɛ obi a ɔrekɔsra oduruyɛfo a osi nsɛmpɔw a wɔada no adi wɔ nkyekyem 5 mu no so dua ho ɔyɛkyerɛ. Sɛnea bere bɛma kwan no, bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔne wɔn nnuruyɛfo akasa dedaw na wɔde nsɛm a wɔasan atintim no bi ama wɔn no nsɛm. Dɛn na efii mu bae?
10 min: Asemmisa Afã. Atiefo nkɔmmɔbɔ.
Dwom 101 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 17
Dwom 92
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmoa nsɛmma nhoma dwumadi Memeneda a ɛto so anan. Yɛ nsɛmma nhoma a aba foforo a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ tiaa.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Yehowa Honhom no Mmoa So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Si hia a ɛho hia sɛ yɛda Yehowa honhom no aba adi bere a yɛwɔ ɔsom adwuma no mu no so dua.
8 min: Fa Teokrase Kalenda no di Dwuma Pa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa Asafo ti no kalenda no nni dwuma. Hyɛ asɛnka ne teokrase dwumadi afoforo nsow wɔ so. (Ɔsɛnk. 3:1) Wɔakyerɛ dapɛn biara Bible akenkan nhyehyɛe no wɔ kalenda no so. Eyi yɛ nkae a wɔde kenkan Bible no da biara. (Dwom 1:2) Wɔasi afe asɛm no so dua, na mfonini ahorow no kanyan ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ ɔsom adwuma no mu no. Wone atiefo nka 1988 kalenda no so mfonini ahorow no bi ho asɛm. Mfonini ahorow no kae yɛn yɛn wiase nyinaa onuayɛ no nso. Fa kalenda no di dwuma fa kyerɛ Bible asuafo kwan bra ahyehyɛde no so. Fa kalenda no bɔ baabi a eye wɔ fie a ebetumi adi abusua mũ no nyinaa ahiade ho dwuma yiye. (Hyɛ nea ɛwɔ Yɛn Ahenni Som, June 1983. kratafa 7 no nsow.)
12 min: Ɔsom adwuma sohwɛfo betumi abɔ akontaabu a wɔde bɛba ntɛm na wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ ɔsram biara awiei no ho nkɔmmɔ, sɛ eyi yɛ asɛnnennen a.
Dwom 29 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 24
Dwom 151
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonya asɛnka mu kyɛfa dapɛn awiei yi. Munsusuw “Nsakrae wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua Nhyehyɛe Mu” ho.
15 min: “Boa Dapɛn Mfinimfini Asɛnka Nhyehyɛe No.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bɔ mo asafo no nhyehyɛe ho amanneɛ.
20 min: Akwampae Adwuma ma Adwuma no Kɔ Ntɛmntɛm. Bisabisa daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo dodow biara nsɛm sɛnea bere bɛma kwan. Akwampaefo baahe na wɔwɔ asafo no mu wɔ April mu? Na wɔn nsɛm tebea horow te dɛn? (Ɛnanom, wɔn a wɔn ahokafo nnye nni, mmofra a wɔkɔ sukuu, adwumayɛfo, ne nea ɛtete saa.) Ɔkwan bɛn so na wɔayɛ wɔn nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ no? Ɛde besi saa bere yi dɛn na wɔatumi ayɛ? Ɔkwan bɛn so na ɛho aba asafo no mfaso? (Asasesin mu adwumayɛ fefeefe, Bible adesua pii, anigyefo a wɔba adesua, nsɛmma nhoma ne nhoma ahorow a agu hɔ akyɛ a ɛso atew, ne nea ɛtete saa.) So wɔn mu bi ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛtoa akwampaefo aboafo adwuma no so anaasɛ wɔbɛtoa so akɔyɛ daa akwampaefo? Hwɛ sɛ wobɛkyerɛ akwampaefo no ho anisɔ. Nanso mma wɔn a wɔnyɛ akwampae adwuma no bi no ani nwu. Ma ɛnyɛ nea ɛkanyan na ɛhyɛ obiara nkuran.
Dwom 87 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A Efi ASE MAY 1
Dwom 197
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔnka nsɛmma nhomakra ho asɛm Kwasida a edi kan ne May mu nyinaa. Ma April 1 ne April 8 nsɛmma nhoma no mu nsɛm pɔtee bi a wobetumi de atõa mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti mu no ho nhwɛso. Ma wɔnyɛ Ɔwɛn-Aban kra ho ɔyerɛkyerɛ tiaa.
15 min: “Bo a Nnwonto Som wɔ Nokware Som Mu.” Ɔkasa a egyina December 1, 1987 Watchtower, nkratafa 25-7 so. Si hia a ɛho hia sɛ yɛn nyinaa de anigye to dwom na ɛyɛ nea efi yɛn komam no so dua.
15 min: Asafo mu ahiade. Sɛ ahiade bi a egye ntɛmpɛ nni hɔ a, ɔpanyin a ɔfata betumi asi hia a ɛho hia sɛ yedu nhyiam horow ne teokrase dwumadi afoforo ase ntɛm no so dua. Nea ɛka eyi ho ne ɔmansin ne ɔmantam nhyiam horow. Muntĩ asɛm a ɛwɔ June 1984 Yɛn Ahenni Som mu, kratafa 1 wɔ asɛmti a ɛne “Bere So Di—Biribi a Ɛkyerɛ Anidahɔ” no mu.
Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.