-
Asɛnka Nhyiam HorowAhenni Som—1984 | June
-
-
Asɛnka Nhyiam Horow
JUNE 4-10
Bere a wode Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no redi dwuma no, ɔkwan bɛn so na:
1. Wobɛda asɛm no adi?
2. Wode kyerɛw nsɛm no bɛtõa mu?
3. Wode nsɛmma nhomakra bɛtõa mu?
JUNE 11-17
Wɔn a wohwɛ kwan sɛ wɔbɛkra nsɛmma nhoma nkyɛn a wobɛsan akɔ:
1. Wɔne henanom
2. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ama wɔanya anigye sɛ wɔbɛkra?
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woka n’abien nyinaa kra ho asɛm?
JUNE 18-24
Ɔkwan bɛn so na wudi anoyi yi ho dwuma:
1. “Mewɔ nsɛmma nhoma pii a ɛsɛ sɛ mekenkan”?
2. “Merentumi nkra bi mprempren”?
3. “Mempɛ sɛ mekra”?
JUNE 25-JULY 1
“Let Your Kingdom Come” a yɛde bɛma
1. Dɛn nti na nhoma yi ho wɔ mfaso kɛse ma afipamfo?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi Ahenni asɛmti no so dua?
3. Ɔkwan bɛn so na yɛde mfonini ahorow no bedi dwuma?
-
-
Asafo Nhoma AdesuaAhenni Som—1984 | June
-
-
Asafo Nhoma Adesua
Nhyehyɛe ma asafo nhoma adesua wɔ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So mu:
June 8: Nkratafa 148 kosi 154
June 10: Nkratafa 155 kosi 165
June 17: Nkratafa 166 kosi 174
June 24: Nkratafa 175 kosi 183
-
-
Onyankopɔn Asɛm Wɔ TumiAhenni Som—1984 | June
-
-
Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi
1 Dɛn nti na Bible no anya tumi kɛse wɔ nnipa ɔpepem pii asetra mu mfe ɔhaha pii saa? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ ekura akwankyerɛ a efi onipa bɔfo no hɔ. (Dw. 19:7-11; 119:105) Bible akyerɛwfo no ankasa di adanse sɛ Kyerɛwnsɛm no nnam wɔn ankasa mmɔdenbɔ so na ɛbae na mmom ɛnam Onyankopɔn ahoɔden so. (2 Sam. 23:2) Sɛnea honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan no na wɔkyerɛwee.—2 Pet. 1:20, 21.
2 Bere a yesua na yɛde nsɛm a wɔkyerɛwee wɔ honhom kronkron akwankyerɛ ase no di dwuma no, yehu sɛ enya tumi wɔ yɛn asetra so. Yetumi hu eyi wɔ ɔkwan a aka nnipa pii ma wɔayɛ nsakrae ahorow wɔ wɔn asetra mu ma ɛne Onyankopɔn Asɛm ahyia no mu. Onyankopɔn Asɛm no aka mpempem pii ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa na wɔyɛ n’apɛde.
TUMI WƆ YƐN ASETRA MU
3 So Onyankopɔn Asɛm no wɔ tumi wɔ w’asetra mu? Ɛsɛ sɛ ‘yɛde nnam ka asɛm no’ na yɛma yɛn ho pere yɛn sɛ ɛbɛboa afoforo ma wɔasua ho ade pii. (Aso. 18:5) Paulo kyerɛwee sɛ: “Munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no, . . . mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma.” (1 Tes. 2:13) Onyankopɔn Asɛm no a wobesua no yiye ho hia na ama obi anya gyidi a ɛte sɛɛ. Ná Onyankopɔn Asɛm no redi dwuma wɔ Paulo asetra mu, bere a ɛkanyan no ma otuu n’asɛmpatrɛw kwan ahorow a na ɛyɛ den no, na ɔkaa Kristo ho asɛmpa no.—Rom. 15:19.
4 Sɛ Onyankopɔn Asɛm no benya tumi wɔ yɛn asetra mu a, ɛsɛ sɛ yehu nea ɛkyerɛkyerɛ na yɛde di dwuma. (Heb. 4:12) Ebinom bu wɔn ani agu akwankyerɛ a ɛde ma no so. (Efe. 4:25-32) Nanso wɔn a wodi Kyerɛwnsɛm no akwankyerɛ akyi no ne wɔn Bɔfo no nya abusuabɔ pa.
AFOFORO A YƐBƐBOA WƆN
5 So woahyia nnipa a wobisa sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ankasa? Ebinom ka sɛ ebetumi ayɛ nea efi “honhom mu” esiane sɛ akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw na wɔkyerɛwee nti, nanso wonnye nni sɛ efi Onyankopɔn hɔ ankasa. Ɛyɛ nnipa a wɔte sɛɛ ne afoforo nso asɛyɛde sɛ wɔbɛhwehwɛ Bible no mu ahwɛ, na wɔasɔ ahwɛ ahu sɛ ɛne nokware no ampa. (Yoh. 17:17) Bɛboro mfe 100 ni, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no aboa nnipa ahorow pii wɔ asase so nyinaa ma wɔayɛ eyi. Yɛn ankasa yɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no betumi aboa nnipa koma pafo ma wɔanya obu kɛse ne anisɔ ama Onyankopɔn Asɛm no ho adanse a ɛte ase. Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yegyae sɛ yɛbɛkamfo Bible adesua mmoa nhoma fɛfɛ yi akyerɛ afoforo? Dabida! Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde anigye kamfo kyerɛ.
6 Ɛnde, nea ɛfata no, yɛbɛkɔ so aka Ɔwɛn-Aban kra no ho asɛm wɔ afie afie wɔ ɔsram June mu. Yenyaa eyi yɛ mu osuahu wɔ ɔsram a etwaam no mu. Wɔ June mu no yɛanya Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo a ne ti ne sɛ “Anidaso Wɔ Hɔ a Wiase Ahoyeraw Fi 1914 Mfa Ho.’” Yɛn nsa nso aka April ne May Ɔwɛn-Aban no a ɛtwe adwene si nsɛm a esisii a ɛfa afe 1914 a ɛyɛ soronko no ho ne nea ɛkyerɛ no so no. Ɛsɛ sɛ eyinom nyinaa ma nsɛmma nhoma a yɛbɛma wɔakra bi wɔ asɛnka mu no yɛ anigye. Kae sɛ, nkuran a wɔrehyɛ wo ma woayɛ afie afie adwuma Kwasida biara a edi kan wɔ ɔsram no mu no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ afie afie adwuma no mu pɛnkoro pɛ wɔ ɔsram no mu. Yɛ no mpɛn pii sɛnea wubetumi ayɛ bere ho nhyehyɛe ama. Ɛma ɛyɛ mmerɛw na ɛyɛ anigye pii.
7 Ɛnyɛ nhoma a wode bɛma no ara kwa na ɛhia. Asemmisa no ne sɛ, So yebetumi aboa nnipa pii ma Onyankopɔn Asɛm no anya wɔne wɔn mmusua so tumi ne nkɛntɛnso pa sɛnea anya wɔ yɛn so no? Eyi hwehwɛ sɛ yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn na yɛama wɔanya ofie Bible adesua ho anigye. Ɛdenam sua a wobesua nokware no na wɔama nnipa komapafo no agye adi sɛ Bible no fi Onyankopɔn home mu no nkutoo so na ɛbɛkanyan wɔn ma wɔadi n’akwankyerɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no akyi. (Mmeb. 2:1, 20, 21) Sɛ yɛyɛ yɛn fam de a, yebehu sɛ tumi a Onyankopɔn Asɛm no wɔ no mu bɛkɔ so atrɛw wɔ yɛn asasesin no mu bere a afoforo yɛ wɔn aso mmerɛw ma gyidi no.—Aso. 6:7.
-
-
Bere So Di—Biribi A Ɛkyerɛ AnidahɔAhenni Som—1984 | June
-
-
Bere So Di—Biribi A Ɛkyerɛ Anidahɔ
1 “Eye sɛ wobɛka akyi sen sɛ worenkɔ!” anaasɛ “Ebia meka akyi wɔ nhyiam horow no ba mu de, nanso meba!” So woate sɛ obi ka nsɛm a ɛte sɛɛ? Nanso dɛn na onipa no hweree bere a ɔkaa akyi wɔ nhyiamkɔ mu no? Ebia nnwom a wɔde anigye to a ɛyɛ yɛn som no fã titiriw no paa ne ti so. Anaasɛ ɔhweree hokwan a obenya ne asafo no abom abɔ mpae no. Wɔn a wɔka akyi no nnya yɛn ho yɛn ho nkuran a yɛhyɛ ansa na nhyiam afi ase no mu mfaso. Bio nso, sɛ yɛka akyi a ebia yɛbɛdan afoforo adwene afi dwumadi no so, na worennya mu mfaso kɛse biara.—Ɔsɛnk. 3:1; Rom. 1:11, 12.
2 Bere so di kyerɛ afoforo ho a wofi ɔdɔ mu susuw ne anidahɔ. Egye nhyehyɛe pa ne nhumu. Ɛyɛ nokware sɛ bere bi wɔ hɔ a ebia obi ntumi nyɛ akyi a ɔbɛka wɔ nhyiamkɔ mu no ho hwee. Ebia ɔrennya afiri ntɛm anaasɛ ebia kar no bɛsɛe. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ na nhyehyɛe pa a enni hɔ, anibiannaso ne fi a yemfi fie ntɛm amma yɛanyɛ wɔn a wɔka akyi bere nyinaa wɔ nhyiamkɔ mu. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebedu hɔ ansa na nhyiam horow no afi ase.
3 Ebia nnipa binom bɛyɛ wɔn ade nyaa efisɛ wonhu hia a ɛho hia sɛ wosua sɛnea wodi bere so. Obi a ɔka akyi daa a ntease pa biara nni mu no betumi ahwere obu a afoforo wɔ ma no. Ɔkwan bɛn so? Wɔ nnipa pii adwene mu no ebia wobebu no sɛ ɔyɛ obi a onsusuw nneɛma ho anaasɛ obi a wontumi mfa ho nto no so na enti wobebu no sɛ wontumi mfa ho nto no so wɔ nneɛma afoforo mu nso. Wɔ ɔkwan foforo so no, bere so di yɛ ɔkwan a wɔfa so da Onyankopɔn honhom aba no adi.—Gal. 5:22, 23.
4 Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yɛba nhyiam horow no na yehu sɛ mpanyimfo ne asomfo no wɔ hɔ retwɛn sɛ wobekyia yɛn, na ɛma yenya teokrase abusua fɛfɛ a yɛyɛ ne fã no ho anisɔ kɛse.—Rom. 15:17.
5 Bere so di nso ho hia bere a yɛrehyiam akɔ asɛnka no. Bere so di ma yetumi de bere pii di dwuma wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛho hia kɛse no mu. Nanso sɛ tebea horow bi ma woka akyi bere a morehyiam akɔ asɛnka no na wopɛ sɛ wone kuw no yɛ adwuma a wubetumi ahyia wɔn wɔ asasesin no mu.
6 Bere so a yedi bɛma wɔakyerɛ obu ama yɛne ahyehyɛde a yegyina n’ananmu no. Yiw, bere so di kyerɛ anidahɔ. Ɛkyerɛ nneɛma a wɔyɛ no wɔ ano wɔ ano. (1 Kor. 14:40) Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔto nsa frɛ wo kɔ adidi ase a, du a wubedu hɔ bere ano no kyerɛ sɛ wususuw nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no ne afoforo a wato nsa afrɛ wɔn no ho. So ɛnyɛ nokware sɛ kɔ a yɛbɛkɔ bere ano na yɛne asafo no akodi honhom fam aduan no ho hia kɛse mpo? Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu nso ma Nea wato nsa afrɛ yɛn no, Yehowa Nyankopɔn, ne afoforo a wato nsa afrɛ wɔn no ne honhom fam aduan a wɔasiesie no.
7 Awofo betumi ayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma denam bere a wobedi so no so. Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mma nyinaa ma wɔbɔ yɛne asafo a egyina ananmu no din pa denam bere so a yebedi no so. Yebetumi de eyi aka Paulo asɛm yi a yɛde bedi dwuma no ho: “Na yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no, na mmom no ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo.”—2 Kor. 6:3, 4
-
-
Nkɔmmɔbɔ AsɛmtiAhenni Som—1984 | June
-
-
Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
Anidaso Wɔ Hɔ a Wiase Ahoyeraw Fi 1914 Mfa Ho
Mat. 24:7—Yesu kaa wiase ahoyeraw ho asɛm too hɔ.
Mat. 24:13.—Ɔkae nso sɛ wobegye ebinom.
-