Bere So Di—Biribi A Ɛkyerɛ Anidahɔ
1 “Eye sɛ wobɛka akyi sen sɛ worenkɔ!” anaasɛ “Ebia meka akyi wɔ nhyiam horow no ba mu de, nanso meba!” So woate sɛ obi ka nsɛm a ɛte sɛɛ? Nanso dɛn na onipa no hweree bere a ɔkaa akyi wɔ nhyiamkɔ mu no? Ebia nnwom a wɔde anigye to a ɛyɛ yɛn som no fã titiriw no paa ne ti so. Anaasɛ ɔhweree hokwan a obenya ne asafo no abom abɔ mpae no. Wɔn a wɔka akyi no nnya yɛn ho yɛn ho nkuran a yɛhyɛ ansa na nhyiam afi ase no mu mfaso. Bio nso, sɛ yɛka akyi a ebia yɛbɛdan afoforo adwene afi dwumadi no so, na worennya mu mfaso kɛse biara.—Ɔsɛnk. 3:1; Rom. 1:11, 12.
2 Bere so di kyerɛ afoforo ho a wofi ɔdɔ mu susuw ne anidahɔ. Egye nhyehyɛe pa ne nhumu. Ɛyɛ nokware sɛ bere bi wɔ hɔ a ebia obi ntumi nyɛ akyi a ɔbɛka wɔ nhyiamkɔ mu no ho hwee. Ebia ɔrennya afiri ntɛm anaasɛ ebia kar no bɛsɛe. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ na nhyehyɛe pa a enni hɔ, anibiannaso ne fi a yemfi fie ntɛm amma yɛanyɛ wɔn a wɔka akyi bere nyinaa wɔ nhyiamkɔ mu. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebedu hɔ ansa na nhyiam horow no afi ase.
3 Ebia nnipa binom bɛyɛ wɔn ade nyaa efisɛ wonhu hia a ɛho hia sɛ wosua sɛnea wodi bere so. Obi a ɔka akyi daa a ntease pa biara nni mu no betumi ahwere obu a afoforo wɔ ma no. Ɔkwan bɛn so? Wɔ nnipa pii adwene mu no ebia wobebu no sɛ ɔyɛ obi a onsusuw nneɛma ho anaasɛ obi a wontumi mfa ho nto no so na enti wobebu no sɛ wontumi mfa ho nto no so wɔ nneɛma afoforo mu nso. Wɔ ɔkwan foforo so no, bere so di yɛ ɔkwan a wɔfa so da Onyankopɔn honhom aba no adi.—Gal. 5:22, 23.
4 Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ yɛba nhyiam horow no na yehu sɛ mpanyimfo ne asomfo no wɔ hɔ retwɛn sɛ wobekyia yɛn, na ɛma yenya teokrase abusua fɛfɛ a yɛyɛ ne fã no ho anisɔ kɛse.—Rom. 15:17.
5 Bere so di nso ho hia bere a yɛrehyiam akɔ asɛnka no. Bere so di ma yetumi de bere pii di dwuma wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛho hia kɛse no mu. Nanso sɛ tebea horow bi ma woka akyi bere a morehyiam akɔ asɛnka no na wopɛ sɛ wone kuw no yɛ adwuma a wubetumi ahyia wɔn wɔ asasesin no mu.
6 Bere so a yedi bɛma wɔakyerɛ obu ama yɛne ahyehyɛde a yegyina n’ananmu no. Yiw, bere so di kyerɛ anidahɔ. Ɛkyerɛ nneɛma a wɔyɛ no wɔ ano wɔ ano. (1 Kor. 14:40) Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔto nsa frɛ wo kɔ adidi ase a, du a wubedu hɔ bere ano no kyerɛ sɛ wususuw nea ɔtoo nsa frɛɛ wo no ne afoforo a wato nsa afrɛ wɔn no ho. So ɛnyɛ nokware sɛ kɔ a yɛbɛkɔ bere ano na yɛne asafo no akodi honhom fam aduan no ho hia kɛse mpo? Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu nso ma Nea wato nsa afrɛ yɛn no, Yehowa Nyankopɔn, ne afoforo a wato nsa afrɛ wɔn no ne honhom fam aduan a wɔasiesie no.
7 Awofo betumi ayɛ nhwɛso pa ama wɔn mma denam bere a wobedi so no so. Ɛsɛ sɛ yɛne yɛn mma nyinaa ma wɔbɔ yɛne asafo a egyina ananmu no din pa denam bere so a yebedi no so. Yebetumi de eyi aka Paulo asɛm yi a yɛde bedi dwuma no ho: “Na yɛnto hintidua biara biribiara mu, na wɔannunu ɔsom no, na mmom no ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo.”—2 Kor. 6:3, 4