Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/95 kr. 2
  • Ma Wo Suban Mfata Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Suban Mfata Asɛmpa No
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere So Di—Biribi A Ɛkyerɛ Anidahɔ
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Kyerɛ Onyankopɔn Fie ho Anisɔ
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Ahosiesie A Ɛfata Sɛ́ Kristoni
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Suban Pa—Onyankopɔn Nkurɔfo Su
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 11/95 kr. 2

Ma Wo Suban Mfata Asɛmpa No

1 Sɛ Yehowa Adansefo no, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Yehowa din anuonyam. Yenim sɛ yɛn abrabɔ, yɛn kasa, yɛn ahosiesie, ne yɛn ntade betumi aka nokware som ho adwene a afoforo wɔ no. Eyi te saa ɛnkanka bere a yɛwɔ yɛn nhyiam horow ase no. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ biribiara a yɛka na yɛyɛ wɔ nhyiam horow ase no fata asɛmpa no, na edi Yehowa ni.—Fil. 2:4.

2 Wiase ntadehyɛ ne ahosiesie ho gyinapɛn no pii mfata mma Kristofo. Eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ asɛmpa no ho asomfo ma wɔn ani kũ ho yiye. June 1, 1989 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 20 kae sɛ: “Ɛho nhia sɛ yɛn ntade yɛ nea ne bo yɛ den, nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ani tew, ɛfata, na ɛntra so. Ɛsɛ sɛ yɛn mpaboa nso yɛ nea ɛwɔ ahoɔden na ɛho tew. Saa ara na wɔ nhyiam horow nyinaa, a Asafo Nhoma Adesua nso ka ho, ase no, ɛsɛ sɛ yɛn honam ani tew, na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho fɛfɛɛfɛ sɛnea ɛfata.”

3 Kɔ a yɛbɛkɔ ntɛm no di adanse sɛ yɛwɔ afoforo ho dɔ na yedwen wɔn ho. Bere ne bere mu no, tebea horow a yentumi nyɛ ho hwee tumi ma yɛka akyi wɔ nhyiam ase. Nanso ka a yɛbɛka akyi daa no bɛkyerɛ sɛ yenni obu mma atirimpɔw kronkron nti a yɛyɛ nhyiam no, na yenhu asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛkwati sɛ yɛbɛtwetwe afoforo adwene no. Akyikafo taa twetwe afoforo adwene ma wonnya dwumadi no mu mfaso nkosi ase. Kɔ a yɛkɔ bere ano no kyerɛ obu ma wɔn a wɔba no nyinaa nkate ne wɔn ahiade.

4 Ɛsɛ sɛ yɔnkodɔ ma yɛhwɛ yiye kwati sɛ yɛbɛtwetwe nkurɔfo adwene wɔ nhyiam horow ase. Nsɛm a wɔka gu nkurɔfo asom, adidi, biribi a wɔwesa, nkrataa a wɔde yɛ dede, ne adwonsɔe a wɔkɔ hɔ bere a ɛnsɛ no betumi atwetwe afoforo adwene, na ɛmfata nidi a ɛsɛ beae a wɔsom Yehowa wɔ hɔ no. Ɛmfata sɛ obiara bɛyɛ asafo no mu adwuma bi anaa ɔne afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ, gye sɛ tebea a egye ntɛmpɛ a ɛhwehwɛ sɛ anuanom no sɔre fi wɔn nkongua so ba. Sɛ ɛnte saa a, ɛsɛ sɛ obiara tra ase tie dwumadi no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne n’abusua benya mu mfaso. Suban a ɛnyɛ fɛ mfata wɔ Ahenni Asa so efisɛ ‘ɔdɔ nyɛ ne ho sɛnea ɛmfata.’—1 Kor. 13:4, 5; Gal. 6:10.

5 Suban pa a yɛn mmofra yi no adi wɔ nhyiam horow ase no nso de ayeyi ne nidi brɛ Yehowa din. Ɛho hia sɛ awofo ma wɔn ani kɔ wɔn so kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmofra nkuran ma wotie na wonya mu kyɛfa. Awofo pii a wɔwɔ mmofra nketewa paw sɛ wɔbɛtra baabi a wobetumi afi adi ntɛm akodi wɔn mma no ahiade ho dwuma a wɔntwetwe afoforo adwene ɔkwan a ɛnsɛ so.

6 Paulo tuu fo sɛ: ‘Momma mo suban mfata asɛmpa no.’ (Fil. 1:27) Ɛnde momma yɛnyere yɛn ho nyi suban pa adi nsusuw afoforo ho bere a yɛkɔ nhyiam horow no. Obiara fam de a ɔbɛyɛ no bɛma ‘yɛanya nkuranhyɛ a efi afoforo gyidi mu no.’—Rom. 1:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena