Ahosiesie A Ɛfata Sɛ́ Kristoni
1 Ɔsomafo Paulo kae sɛ yɛyɛ ‘ahwɛde ma wiase ne abɔfo ne nnipa.’ (1 Kor. 4:9) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yebu sɛ ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yegyina yɛn Agya, Yehowa ananmu, wɔ ahobrɛase kwan a ɛho tew so. Yenim sɛ yɛn abrabɔ, yɛn kasa, yɛn ahosiesie ne ntade a yɛhyɛ nyinaa betumi anya afoforo so nkɛntɛnso wɔ sɛnea wobu Yehowa nokware som no mu.
2 Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo kura ahosiesie a ɛfata mu. Ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ, yɛn ahosiesie ne yɛn ntade a yɛhyɛ da ahotew ne nidi a ɛfata Onyankopɔn nkoa a wɔahyira wɔn ho so adi bere nyinaa. Ɛda adi sɛ ɛrenyɛ nea ɛfata ma Kristofo sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wonsiesie wɔn ho sɛnea ɛsɛ anaasɛ wɔbɛyɛ wɔn a wonsusuw afoforo ho.—Mika 6:8; 1 Kor. 10:31-33.
3 Sɛ afoforo hwɛ yɛn a, dɛn na wohu? So yɛn ntade di kan kyerɛ adwenemtew a yenni? So wobetumi abu yɛn ntade ne yɛn ahosiesie sɛ nea ɛkanyan akɔnnɔ anaasɛ nea ɛhaw adwene? So yɛn ahosiesie, sɛnea yɛte anaasɛ yɛn nneyɛe haw afoforo anaasɛ ɛtwetwe adwene? Sɛnea amanneɛbɔ a nsa aka kyerɛ no, eyi asi ankasa. Mo, anuanom pii akyerɛ anisɔ titiriw wɔ nsɛm ahorow a wɔkae wɔ afe a etwaam “Ahenni Nokwaredi” Ɔmantam Nhyiam ahorow no ase a ɛfa Kristofo abrabɔ pa, ntadehyɛ ne ahosiesie ho no ho.
4 Mobɛkae sɛ ɔkasa ahorow no biako kaa no pefee sɛ: “Nea enti a obi a ɔyɛ Yehowa akoa bɛpɛ sɛ osuasua nneyɛe ahorow a ɛda adi wɔ nnipa a wɔn bra asɛe na wɔyɛ atuatewfo wɔ Ɔbonsam wiase yi mu no mu no yɛ nea ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Dɛn nti na wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ sɛ wiase no na enti woabɛyɛ soronko wɔ Yehowa nkurɔfo mu? So ɛnsɛ sɛ wohu wo sɛ Yehowa nkurɔfo mu biako, na woyɛ soronko bere a wowɔ wiasefo mu no mmom? Hena na yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ n’ani? Hena anim dom na yerɛhwehwɛ? Ɛdefa ntade a ɛfata ne ahosiesie ho no, dɛn nti na wɔnhwɛ anuanom a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ asɛyɛde ahorow a ɛsõ no? So yɛrentumi ntie wɔn afotu na yenni wɔn nhwɛso pa akyi?
5 Wɔ United States no, Adansefo nkumaa kuw biako a wɔde saa afotu yi traa ase ho dwiriw wɔn kɛse bere a. wokodidii wɔ adidibea kɛse bi akyi no, wohui sɛ na akwakora bi ne ne yere ahu wɔn Kristofo abrabɔ ne sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ adidibea hɔ no na na wofi wɔn pɛ mu atua aduan a wodii no ka a ɛbɛyɛ dɔla ɔha biako no. Adansefo nkumaa yi Kristofo abrabɔ pa ne wɔn ahosiesie no maa akwakora yi ne ne yere a wɔnyɛ Adansefo yi ani gyei kɛse.
6 Enti ɛho hia sɛ yesusuw nea yɛhyɛ ne sɛnea afoforo hu yɛn no ho. Sɛ́ yɛbɛtwe adwene a ɛmfata aba yɛn ho so denam ntadehyɛ, abrabɔ anaa ahosiesie a ɛmfata so no, so ɛnsɛ sɛ yɛda yɛn Yɛfo Kɛse, Yehowa Nyankopɔn su mmom adi?
WƆ YƐN NHYIAM HOROW ASE
7 Ɛsɛ sɛ yɛn ntade ne yɛn ahosiesie wɔ nhyiam horow ase di kan da nidi a ɛbata Yehowa a wɔsom no wɔ ne fi no adi. Paulo kae wɔ 1 Timoteo 2:9, 10 sɛ mmea “mfa ani a ewu ade ne adwenemtew” nsiesie wɔn ho. Mmarima nso, bɛpɛ sɛ wodi nnyinasosɛm koro yi ara so. Ani a wubebu agu saa afotu yi so no bɛkyerɛ sɛ wunni obu mma yɛn Kristofo nhyiam horow a asafo nhoma adesua, mpanyimfo nhyiam horow ne nhyiam afoforo ka ho.
8 Ebia ebinom wɔ nsɛnnennen wɔ asafo nhyiam horow a wɔbɛba wɔ bere ano ho. Ampa, ntease wom sɛ ɛtɔ mmere bi a yebetumi ahyia tebea horow bi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Nanso ɔdɔ ma nokware no ne yɛn nuanom bɛka yɛn ma yɛaba ntɛm, bere nyinaa a ɛbɛyɛ yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya Kristofo fekubɔ a edi mũ mu mfaso. Mpɛn pii no nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ ne asɛm no.
TIE NA SUA
9 Yɛn mmiako mmiako wɔ asɛyɛde sɛ yebetie na yɛasua. (Luka 8:18) Yɛpɛ sɛ yenya nhyiam horow no mu mfaso yiye, efisɛ nsɛm no fi ‘akoa nokwafo’ no hɔ na ɛba na ɛyɛ honhom mu aduan a eye ma yɛn. (Mat. 24:45-47) Awofo wɔ asɛyɛde wɔ wɔn mma ho sɛ wɔbɛhwɛ sɛ wɔn nso tie na wosua. Ebia faako a wɔtra bere a nhyiam rekɔ so no betumi aka sɛnea wotie asɛm no, ne sɛ ebia wosua biribi anaasɛ wonsua hwee. So wɔne wɔn a wɔbɛboa wɔn ma wɔde wɔn adwene asi adesua horow no so na ɛte? Adesua bere no nyɛ bere a wɔde didi anaasɛ wɔde di agoru.
10 Ɛyɛ papa ma mpanyimfo ne asafo mu asomfo sɛ wɔyɛ nhwɛso pa denam tra a wɔbɛtra ase na wɔatie mmom sen sɛ wobedi asɛyɛde bi ho dwuma bere a adesua no rekɔ so. Wɔ yɛn asɛnka adwuma, yɛn abrabɔ, yɛn ahosiesie, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade mu no, momma yɛn nyinaa mfa Kristofo nnyinasosɛm nni dwuma, na yemfi ɔdɔ mu nyɛ nneɛma nyinaa mma Onyankopɔn, Kristo Yesu ne yɛn nuanom. Eyi ne Paulo asɛm a ɔkae sɛ ɔkyerɛw nsɛm ahorow bi na ama “woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wubu wo bra Onyankopɔn fi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo asafo, nokware dum ne nnyinaso no mu” no behyia.—1 Tim. 3:14, 15.