Asɛmmisa Afã
◼ Ntade bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ kɔ Ahenni Asa so, Nhyiam Asa so, ne Betel?
Wɔ wiase nyinaa no, Ahenni Asa ahorow, Nhyiam Asa ahorow ne Betel afie yɛ mmeae a wɔahyira so ama Yehowa som. Ɛnyɛ adan a wɔasi no kyenkyenee, ɛho tew, wɔhwɛ so yiye ma enti ɛyɛ fɛ. Ɛnte sɛ nyamesom adan a yɛtaa hu wɔ Satan wiase no mu no koraa. Ɛsɛ sɛ wohu wɔn a wɔkɔhwehwɛ mmeae a wɔde som Yehowa no sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo a wɔyɛ n’apɛde.
Sɛ́ Kristofo no, yɛnam ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata so ‘da yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo’ wɔ biribiara mu. (2 Kor. 6:3, 4) Wɔhwɛ kwan nso sɛ yɛbɛda suban pa adi. Ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ma wohu yɛn sɛ yɛyɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo a yedi yɛn ho ni bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi titiriw bere a yɛrekɔsra asafo no adwumayɛbea ti wɔ New York ne Betel ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no.
Bere a Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no reka hia a ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata ho hia ho asɛm no, ɛkae sɛ ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni, yɛhyɛ ntade a ɛfata, na yesiesie yɛn ho yiye bere a yɛrekɔ asɛnka ne Kristofo nhyiam no. Afei wɔ kratafa 139, nkyekyɛm 1 no, ɛka sɛ: “Kae sɛ, edin Betel no kyerɛ ‘Onyankopɔn Fie.’ Ne saa nti ɛsɛ sɛ yɛn ntade, yɛn ahosiesie, ne yɛn abrabɔ yɛ te sɛ nea yɛde kɔsom wɔ Ahenni Asa so no ara pɛ.” Ɛsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔbɛn Betel ne wɔn a wofi akyirikyiri a wɔbɛsra Betel no siesie wɔn ho saa kwan yi so. Wɔn a wɔbɛsra Betel no nam saayɛ so kyerɛ anisɔ ne obu a wɔwɔ.—Dw. 29:2.
Ɛsɛ sɛ ntade a yɛhyɛ ma wohu yɛn sɛ nnipa a “wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn.” (1 Tim. 2:10) Ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata betumi aboa afoforo ma wɔanya adwempa wɔ Yehowa som ho. Nanso wɔahyɛ no nsow sɛ, sɛ anuanom mmarima ne mmea binom rekɔ mmeae a wɔsom Yehowa a, wɔnhyɛ ntade a ɛfata anaa wɔhyɛ ntade a ɛma wɔn ho gu hɔ. Ɛnsɛ sɛ Kristofo hyɛ ntade a ɛte saa da. Sɛnea ɛte wɔ Kristofo asetra nyinaa mu no, saa ara na ntadehyɛ ne ahosiesie te. Enti Onyankopɔn nkurɔfo pɛ sɛ wosiesie wɔn ho sɛnea ɛfata na ama wɔayɛ soronko wɔ wiase no ho, na wɔyɛ ne nyinaa de hyɛ Onyankopɔn anuonyam.—Rom. 12:2; 1 Kor. 10:31.
Enti sɛ worekɔ Betel adwumayɛbea nsrahwɛ, sɛ́ woahyɛ da na worekɔ hɔ anaa worekogye w’ahome wɔ baabi no, bisa wo ho sɛ: ‘So me ntadehyɛ ne m’ahosiesie ho tew, na ɛfata sɛ mede kɔ baabi a merekɔ nsrahwɛ no? So ɛbɛma wɔaka Onyankopɔn a mesom no no ho asɛmpa? So sɛnea m’ahosiesie te no bɛtwetwe afoforo adwene anaa ɛbɛhyɛ wɔn abufuw?’ Momma yɛmfa yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ‘nhyehyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ no kama wɔ ade nyinaa mu’!—Tito 2:10.