Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/90 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nea Enti a Ɛsɛ Sɛ Yɛhwɛ Yɛn Ntaadehyɛ Ne Yɛn Ahosiesie Yiye
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 9/90 kr. 3

Asemmisa Afã

● Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie yiye titiriw bere a yɛkɔsra baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no?

Wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo bekura abrabɔ a ɛfata mu. Ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie da ahotew ne nidi a ɛfata Yehowa Nyankopɔn nkoa no adi bere nyinaa. Eyi yɛ nokware titiriw bere a yɛkɔsrasra Betel no. Esiane mprempren tebea no nti, wuntumi mmɛsrasra Betel. Afei nso, yɛnhyɛ Betelfo a obi ankasa bɛba abɛsra wɔn ho nkuran koraa, gye sɛ asɛm bi a egye ntɛmpɛ a ɛsɛ sɛ saa Betelni no te anaasɛ wukura nkrasɛm bi a ɛho hia yiye. Yɛwɔ anidaso sɛ mprempren tebea no bɛsakra ayɛ yiye, ɛno de mubetumi abɛsrasra Betel. Nhyehyɛe a Wɔyɛ ma Yɛde Ahenni Yɛn Som Adwuma reka hia a ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata ho hia ho asɛm no, ɛkyerɛ hia a honam mu ahotew ne ntadehyɛ ne ahosiesie a anidahɔ wom ho hia bere a yɛkɔ asɛnka ne Kristofo nhyiam horow no. Afei, ɛka wɔ kratafa 131, nkyekyem 1 sɛ: “Saa ara na ɛte bere a yɛresrasra Betel fie wɔ Brooklyn anaa Asafo no baa dwumadibea biara no. Kae, edin Betel no kyerɛ ‘Onyankopɔn Fie,’ enti ɛsɛ sɛ yɛn ntade, ahosiesie ne abrabɔ yɛ te sɛ nea wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho bere a yɛkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so no.”

Ɔsomafo Paulo kae sɛ yɛyɛ ‘ahwɛde ma wiase ne abɔfo ne nnipa.’ (1 Kor. 4:9) Enti, ɛsɛ sɛ yɛn ntade ne ahosiesie nya afoforo so nkɛntɛnso pa wɔ sɛnea wobu Yehowa som no mu. Nanso, yɛahyɛ no nsow sɛ anuanom mmarima ne mmea binom rebɛsrasra Asafo ti no baa dwumadibea ahorow no a, wonsiesie wɔn ho yiye koraa. Ntade a ɛte saa no mfata bere a wokɔsra baa dwumadibea ahorow no. Wɔ saa asɛm yi mu, sɛnea ɛte wɔ yɛn Kristofo asetra mu nneɛma nyinaa mu no, yɛpɛ sɛ yekura gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a ɛma Onyankopɔn nkurɔfo da nsõ wɔ wiase no mu denam ade nyinaa a wɔyɛ de hyɛ Onyankopɔn anuonyam so no mu. (Rom. 12:2; 1 Kor. 10:31) Eye sɛ yɛne yɛn Bible adesuafo ne afoforo a ebia wɔbɛkɔ akɔsrasra Asafo ti no baa dwumadibea biara nea edi kan no bɛkasa na yɛakae wɔn hia a ɛho hia sɛ wɔde wɔn adwene kɔ ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata so no.

Enti sɛ worekɔsra Asafo no dwumadibea a, bisa wo ho sɛ: ‘So m’atade ne m’ahosiesie yɛ nea ɛsɛ? (Mika 6:8) So ɛka Onyankopɔn a mesom no no ho asɛmpa? So ɛbɛtwetwe afoforo adwene anaasɛ ɛbɛhaw wɔn? So mereyɛ nhwɛso a ɛfata ama afoforo a ebia wɔreba nsrahwɛ bere a edi kan no?’ Ɛmmra sɛ denam yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie so no, ‘yɛbɛhyehyɛ yɛn agyenkwa Onyankopɔn kyerɛ, ade nyinaa mu.’​—Tito 2:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena