Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/88 kr. 2-4
  • Ka Asɛm Daa, Fa N’akontaãbu Ma Ntɛm Ara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Asɛm Daa, Fa N’akontaãbu Ma Ntɛm Ara
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • NEA WOBETUMI AYƐ
  • AKONTAABU A AKA AKYI
Yɛn Ahenni Som—1988
km 5/88 kr. 2-4

Ka Asɛm Daa, Fa N’akontaãbu Ma Ntɛm Ara

1 Yɛn asɛnka akontaabu ma 1988 ɔsom afe no asram asia a edi kan no mu a yɛhwɛ no ma yehu sɛ ɛho hia kɛse sɛ yenya nkɔanim wɔ asɛnka a wɔkɔ daa mu wɔ asafo ahorow no mu. Wɔ August mu no, yɛde adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a ɛyɛ 32,614 na ewiee 1987 ɔsom afe no. Na ɛno ye. Nanso dɛn na ɛbae wɔ asram a edidi so no mu?

2 Wɔ September mu no yɛn so tewee beduu adawurubɔfo 28,832. Ná ɛno kyerɛ sɛ adawurubɔfo bɛyɛ 4,000 a wobuu akontaa August mu no ammu akontaa September mu. Wɔ October mu no, 31,001 na wobuu akontaa. Ná November nso saa ara, 31,269 na wobuu akontaa. December de no baa fam kɛse na 28,276 na wobuu akontaa a na ɛkyerɛ sɛ August dodow a ɛsen biara no so tewee adawurubɔfo 4,338. Saa na ɛbae wɔ January ne February mu. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ wɔ asram asia a edi kan wɔ 1988 ɔsom afe no mu no, sɛ wɔkyekyem a, yenyaa adawurubɔfo 30,255 ɔsram biara a ɛno yɛ adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a yenyae wɔ August a etwaam no so a ɛtewee 2,359. Na eyi kyerɛ sɛ ɔsram biara no adawurubɔfo bɛboro mpem abien mmu asɛnka ho akontaa biara koraa.

NEA WOBETUMI AYƐ

3 Ɛsɛ sɛ asɛm no ho hia asafo biara mu mpanyimfo kuw no kɛse. Monhwehwɛ Asafo Adawurubɔfo Kyerɛwtohɔ Kratasin no so yiye. So ebinom wɔ hɔ a wohia mmoa na ama wɔatumi anya asɛnka mu kyɛfa daa? So nhyehyɛe a ɛdɔɔso wɔ mmeae a Asafo Nhoma Adesua akuw wɔ no ma asɛnka? So wobetumi ahyehyɛ dapɛn mfinimfini no yiye? So wobetumi ahyɛ pii nkuran ma wɔanya anwummere adansedi mu kyɛfa?

4 Yɛn nyinaa wɔ ahyɛde a ɛne sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛde nea yɛyɛ no ho akontaabu ama ntɛm ara wɔ ɔsram biara awiei. So ɛtɔ mmere bi a wo werɛ fi sɛ wode w’asɛnka akontaabu no bɛma? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa hia sɛ wɔkae yɛn nnakoro nnakoro bi. Nanso sɛ yenya akontaabu ho su pa na yɛte ase sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛkae sɛ yebebu akontaa ɔsram biara.

5 Ɛsɛ sɛ asafo akyerɛwfo hwɛ sɛ wɔde asɛnka akontaabu no bɛmana ntɛm, wɔ ɔsram no da a ɛto so asia no mu. Sɛ mode akontaabu no fa post office a, ɛnde momfa mfa “Special Express” nhyehyɛe no so. Sɛ mode ma obi na ɔde ba a, monhwɛ sɛ ebedu Betel ansa na ɔsram no da a ɛto so 15 adu. Yɛda so ara wɔ akontaabu a aka akyi ho asɛnnennen. Mpɛn pii no ebedu ɔsram no dapɛn a ɛto so abiɛsa no na asafo ahorow bɛyɛ 100 na wɔmfaa ɔsram a etwaam no akontaabu mmae.

AKONTAABU A AKA AKYI

6 Ɛho nhia sɛ akyerɛwfo twɛn gye akontaabu a aka akyi no fi adawurubɔfo hɔ. Ɔsram no da a ɛto so asia no, fa akontaabu a nsa aka no mana na bɔ nhoma adesua so ahwɛfo amanneɛ wɔ wɔn a wɔmfaa wɔn akontaabu mmae no ho. Sɛ obi de akontaabu ba akyiri yi a, fa ka ɔsram a yɛwɔ mu no de ho wɔ ɔsram no awiei na kan onii no sɛ adawurubɔfo abien, biako yɛ ɔsram a etwaam no de na biako no nso yɛ ɔsram a yɛwom no de. Yɛsrɛ mo monhwɛ “Asemmisa Afã” a ɛwɔ December 1973 Ahenni Som mu ne Asafo ti no krataa a wɔkyerɛwee July 19, 1984, de kɔmaa mpanyimfo akuw horow no mu.

7 Yɛwɔ anidaso sɛ wɔ 1988 ɔsom afe no asram asia a etwa to no mu no ɔdawurubɔfo ne ɔkwampaefo biara bebu akontaa daa, na wɔaboa afoforofo ma wɔafi asɛnka ase, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛpopa ka no afi hɔ na yɛde nkɔanim fɛfɛ a ɛde ayeyi brɛ Yehowa awie ɔsom afe no. Mommma yɛn werɛ mfi yɛn ahyɛde sɛ yɛbɛka asɛm daa na yɛde yɛn akontabuu ama ntɛm ara ɔsram biara no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena