Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/88 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1988
Yɛn Ahenni Som—1988
km 7/88 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Nhoma ketewa biara a wotintimii ansa na 1980 reba anaasɛ wɔ saa afe no mu de agye bo a ɛwɔ Cost List so no fã. Yɛhyɛ nyansa sɛ fa abien ma fa gye ¢150.

● Akwampaefo betumi agye bi ¢50 wɔ ɔsatu no mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no kae sɛ wobebisa nea adawurubɔfo gyei a ɛsɛ sɛ wɔtew fi wɔn ka so no ma asono nea akwampaefo gyei. Yɛsrɛ mo momfa Remittance and Credit Request (S-20) nkratasin a ɛsono nni dwuma. September: Nhomawa a ɛwɔ nkratafa 32 a ne kɛse te sɛ nsɛmma nhoma a edidi so yi mu biara de agye ¢50: Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, The Divine Name That Will Endure Forever, anaasɛ Nniso a ade Paradise Bɛba. Sɛ́ nea wɔpɛ a wobetumi de ama no, asafo ahorow a wɔwɔ nhoma dedaw a ekura nkratafa 384 no biara te sɛ Daa Nkwa​—Wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu, “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni mu Atoro,” “The Nations Shall Know That I am Jehovah”​—How?, “Babylon the Great Has Fallen!” God’s Kingdom Rules!, ne “Then Is Finished the Mystery of God” no betumi de ama de agye bo a wɔatew so a ɛyɛ ¢100. Akwampaefo betumi agye bi ¢50. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no de Remittance and Credit Request (S-20) nkratasin abien mana a wɔahyehyɛ nea akwampaefo gyei ne nea adawurubɔfo gyei wɔ ɔsatu a ɛwɔ atifi hɔ no mu no biara nko wɔ so. Ɛsɛ sɛ wɔde nea wobebisa sɛ wɔntew mfi wɔn ka so no ba September awiei. Bo a wɔatew so no fa nhoma dedaw ahorow a wotintim no krataa a ɛnyɛ papa biara so no nkutoo ho. Wɔresan atintim nhoma ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no mu bi wɔ krataa a eye so. Ɛnsɛ sɛ wɔde eyinom ma wɔ bo a wɔatew so no so. October: Life​—How Did It Get Here! By Evolution or by Creation? de agye ¢380. November: Afe biako Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa n’abien no nyinaa kra.

● Wɔde ɔsom nkratasin a wɔde bedi dwuma wɔ 1989 ɔsom afe no mu a asafo ahorow akra no remana wɔn a wɔkrae no. Esiane sɛ saa nkratasin yi tintim ne ne mana no bɔ ka kɛse nti, ɛnsɛ sɛ wɔsɛe no. Ná ɛsɛ sɛ asafo ahorow bi san kra nkratasin no bi ansa na ɔsom afe no reba awiei esiane sɛ wɔamfa pii anni dwuma yiye, te sɛ kyerɛw a wɔkyerɛkyerɛw nsɛm wɔ so no nti. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow yɛ nhyehyɛe foforo de nya nkrataa a wɔbɛkyerɛkyerɛw so.

● Asafo Nhoma Adesua akuw befi ase asua Wubetumi atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no wɔ August 15, 1988 dapɛn no mu. Saa bere koro no ara mu no, asafo ahorow a wɔka Engiresi kasa no besua Life​—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no. Yɛn Ahenni Som de Tra Ase Daa nhoma mu adesua no ho nhyehyɛe bɛma sɛnea wɔyɛ daa no. Wɔde Creation nhoma mu adesua no ho nhyehyɛe bɛmana asafo ahorow a wɔka Engiresi kasa no.

● Asafo ahorow a wɔwɔ “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni mu Atoro” ne Daa Nkwa​—Wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu wɔ Twi kasa mu no betumi de ama bere biara de agye bo a wɔatew so a ɛyɛ ¢100. Akwampaefo betumi agye bi ¢50. Asafo ahorow betumi abisa ama wɔatew nea wɔde maa adawurubɔfo ne akwampaefo no afi wɔn ka so ɔsram biara awiei. Nhoma ahorow abien yi kakraa bi wɔ baa dwumadibea ha. Asafo ahorow no betumi akra bi na wɔde agye bo a ɛwɔ atifi hɔ no. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ eyi fa nhoma abien no a ɛwɔ Twi kasa mu no nkutoo ho.

● Nhoma a Ebi wɔ Hɔ: Kenkan Mfiase​—Ewe, Ga ne Twi

● Ɔmansin Nhyiam Horow:

July 2, 3: Ɔmansin 17-B wɔ Aiyinasi

July 2, 3: Ɔmansin 26 wɔ Nungua

July 9, 10: Ɔmansin 1 wɔ Nungua

July 16, 17: Ɔmansin 24 wɔ Sekondi

July 23, 24: Ɔmansin 19 wɔ Nungua

July 30, 31: Ɔmansin 9 wɔ Jejeti

July 30, 31: Ɔmansin 2-B wɔ Legon

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena