Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/88 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 11
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 18
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 25
  • DAPƐN A EFI ASE AUGUST 1
Yɛn Ahenni Som—1988
km 7/88 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JULY 11

Dwom 63

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Tekorase Nsɛmmansɛmma, ne Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a wɔapaw. Hyɛ nkɔmmɔbɔ nsɛntitiriw a wɔde bedi dwuma de nsɛmma nhoma a aba foforo ama ho nyansa.

15 min: “Nnamyɛ a Yɛde Bɛka Onyankopɔn Asɛm.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Sɛ moresusuw nkyekyem 7 ho a, fa nea yɛde rema July no ho ɔyɛkyerɛ ka ho.

18 min: “Bible no ne Mmofra Abrabɔ Pa.” Ɔkasa a ɔpanyin, sɛ ɛbɛyɛ yiye a agya a ɔyɛ nhwɛso pa, ma a egyina April 15, 1988 Watchtower, nkrat. 4-7 so.

Dwom 43 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 18

Dwom 76

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka asafo no June ɔsom akontaabu ho asɛm. Kamfo wɔn nyinaa wɔ afã a wonyae no ho. Hyɛ dapɛn awiei asɛnka mu kyɛfa ho nkuran.

15 min: “Anigye a Wɔtɔ a Wɔmmfa Sika.” Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma a egyina April 22, 1988 Awake!, nkratafa 3-10 so. Hyɛ atiefo nkuran ma wɔmfa sika nni dwuma nyansa mu mprempren na wonnya onyamesom pa ho adwene wɔ ɛka ho.​—Mmeb. 3:9; Dw. 37:21.

20 min: “So Wowɔ Akwampae Honhom?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bisabisa akwampaefo anaa wɔn a wɔayɛ akwampaefo pɛn nsɛm na atiefo nsua biribi mfi nea ɛkaa wɔn ma wɔbɛyɛɛ akwampaefo no mu.

Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 25

Dwom 32

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Kyerɛ asafo no sika fam mmoa ho anisɔ. Fa asafo no ntoboa biara a wɔde kɔmaa Asafo ti no a wɔakyerɛ sɛ nsa aka ka ho. Twe adwene kɔ nkaebɔ a ɛwɔ adaka a ɛwɔ kratafa 3 mu no so.

18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Kuw Adansedi Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Si mfaso a ɛwɔ kuw ɔsom nhyehyɛe so ne hia a ɛho hia sɛ wɔde bere no di dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so denam asɛnka nhyehyɛe a wɔyɛ no yiye so no so dua.

17 min: “Di W’agya ne Wo Na Ni.” Ɔkasa a asafo mu ɔsomfo aberantewaa a ɔyɛ nhwɛso pa ma. Hwɛ April 8, 1988 Awake!, nkratafa 22-4 ne April 22 1988, Awake! nkratafa 20-2.

Dwom 167 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE AUGUST 1

Dwom 86

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso “Fa Nsɛm a Ekura Atirimpɔw Titiriw no Di Dwuma Yiye.” Wone atiefo mmɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Adawurubɔfo ne akwampaefo nhwɛ amanneɛbɔ a ɛtete saa kwan na wɔnkra nsɛmma nhoma no bi a wobehia aka ho no ntɛm.

15 min: “Boa Afoforofo ma Wɔnkasa wɔ Nhyiam Ase.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Fa ɔyɛkyerɛ tiawa a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nea wɔaka wɔ nkyekyem 3 mu no bedi dwuma wɔ ofie Bible adesua akyi ka ho.

18 min: Asafo mu ahiade. Sɛ ahiade bi a egye ntɛmpɛ nni hɔ a, munsusuw afotu ne nsɛntitiriw a ɛwɔ ɔmansin sohwɛfo nnansa yi ara amanneɛbɔ mu anaa ahosiesie ma ne nsrahwɛ a abɛn ho.

Dwom 208 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena