Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/88 kr. 7
  • So Woreyɛ Betel Nsrahwɛ Ho Nhyehyɛe?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woreyɛ Betel Nsrahwɛ Ho Nhyehyɛe?
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • BETEL NSRAHWƐ
  • NTADEHYƐ NE AHOSIESIE
Yɛn Ahenni Som—1988
km 11/88 kr. 7

So Woreyɛ Betel Nsrahwɛ Ho Nhyehyɛe?

1 Efi January 30, 1988 a wobuee Asafo ti no adan foforo a ɛwɔ Nungua no ano no, yɛn nuanom ne anigyefo pii abɛsra ha sɛ wɔn ankasa rebɛhwɛ sɛnea yɛn baa dwumadibea ti foforo no yɛ fɛ fa no. So wutumi de w’ani bu sɛnea wɔn a wɔatumi aba ha no ho dwiriw wɔn na wɔn ani gyei no? Adan ne nneɛma foforo no reboa Ahenni nneɛma sohwɛ kɛse wɔ Ghana ampa.

BETEL NSRAHWƐ

2 Sɛ wuntumi mmɛsraa Betel foforo no mu dedaw a, yɛreto nsa afrɛ wo sɛ bɛhwehwɛ ha bere biara a eye ma wo wɔ Betel adwumayɛ mmere mu. Nsrahwɛ mmere no yɛ efi anɔpa 8:00 kosi awia 12:00 ne awia 1:00 kosi anwummere 5:00. Wɔmmfa nsrahwɛfo nkyinkyin Memeneda awia anaa Kwasida. Ɛho nhia sɛ wudi kan bisa ho kwan ansa na woaba nsrahwɛ, nanso sɛ moreba sɛ kuw anaasɛ asafo a emufo boro nnipa 10 a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ mubedi kan abɔ yɛn bere a mubedu ha no ho amanneɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ nhyehyɛe asom mo yiye.

3 Betel kyerɛ “Onyankopɔn Fi” na ɛyɛ baabi a wofi hɔ de honhom fam aduan ma Yehowa nkurɔfo. Betel adwumayɛfo yɛ nkurɔfo a wɔatu wɔn ho ama a wonni adagyew a wɔn botae titiriw ne sɛ wɔbɛma Ahenni nneɛma anya nkɔso. Enti, sɛ woba Betel a, yɛn ani sɔ bere nyinaa sɛ woremfa w’ankasa asɛm bi mmetwitware wɔn a wɔatu wɔn ho ama no adwuma ananmu. Sɛ́ wobɛba abekyia adamfo bi wɔ ha anaa noho ara kwa no ka bom yɛ bere pii a ɛsom bo a wɔasɛe no kwa a anka wobetumi de saa bere no ayɛ adwuma. Yɛn ani sɔ sɛ wɔde nkra a wɔde brɛ ankorankoro a wɔwɔ Betel no begyaw nea ogye ahɔho no. Nanso, ebia na biribi gye ntɛmpɛ a ɛhwehwɛ sɛ wuhu Betelni bi wɔ adwumayɛ bere mu. Wubetumi ayɛ eyi ho nhyehyɛe denam onii a ogye ahɔho no so, nanso ma ɛnyɛ tiawa. Sɛ obi pɛ sɛ ɔfrɛ wɔ telefon so ka biribi a ɛyɛ obi ankasa asɛm a ɛnyɛ nea egye ntɛmpɛ a, yɛpɛ mmom sɛ wɔfrɛ awia 12:30 ne 12:55 anaa anwummere 5:30 ne 9:00 ntam hɔ.

4 Ankorankoro ba Betel bere ne bere mu bɛyɛ biribi ma wɔn asafo ahorow. Ebia mpanyimfo bɛpɛ sɛ wɔne Asafo ti no besusuw nsɛm bi a ɛho hia ho, wonya wɔn asafo no sikasɛm mu nkyerɛkyerɛmu, ne nea ɛtete saa. Yɛpɛ bere nyinaa sɛ wobɛkɔ onii a ogye ahɔho no nkyɛn na woama wahu asɛm no ani so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akyerɛ dwumadibea a ɛsɛ sɛ wokɔ no, sen sɛ w’ankasa bɛhyɛn dwumadibea ahorow no mu.

5 Wɔhwehwɛ sɛ akwampaefo a wɔba Betel bɛtɔ nhoma no de wɔn Watchtower adansedi kratasin no ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya nhoma ahorow wɔ akwampaefo bo so.

NTADEHYƐ NE AHOSIESIE

6 Sɛ Yehowa nkurɔfo no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere nyinaa sɛ yɛn ahosiesie mpam nkurɔfo mfi nkrasɛm a ɛho hia a yekura no ho ɔkwan biara so. Ɛsɛ sɛ yɛn ahosiesie ne ntadehyɛ ne nyamesom pa nnyinasosɛm hyia. Sɛ yehyiam sɛ yɛrekɔsom, anaasɛ yɛrekɔ asɛnka a, ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn ahosiesie ne ahokeka yiye kɛse. Saa ara nso na ɛte bere a yɛrekɔsra Betel no. Ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ, ahosiesie ne su yɛ te sɛ nea wɔhwɛ kwan bere a yɛwɔ Ahenni Asa so no. (Hwɛ Yɛn Som Adwuma, kratafa 131, nkyekyem 2.) Nneɛma a yɛbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ saa no bɛka asɔretiafo mpo ma wɔaka sɛ: “Onyankopɔn ne mo na ɛte.”​—Sak. 8:23; 1 Tim. 2:9, 10.

7 Yenim sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe abɛsra Betel nnansa yi ara. Nya awerɛhyem sɛ yebegye wo awaa awaa atuu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena