Asemmisa Afã
● Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi Kristofo su adi bere a yɛkɔ asafo nhoma mu adesua no?
Mpɛn pii no yɛn afipamfo hwɛ yɛn, na ɛtɔ mmere bi a wɔbɛka yɛn abrabɔ ho asɛm anaasɛ wɔbɛyɛ ho ade mpo. (Fa toto 1 Korintofo 4:9 ho.) Sɛ Yehowa nkoa no, ɛsɛ sɛ nea wɔka ne nea wɔyɛ wɔ yɛn abrabɔ ho no yɛ ade pa. (1 Pet. 2:12) Eyi yɛ nokware wɔ yɛn dwumadi wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no ho. Esiane sɛ yɛyɛ eyi mu dodow no ara wɔ ebinom afi mu nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye titiriw sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn su bɛka nea yɛyɛ biara ho asɛmpa. Mmeae a faako a wɔde kar sisi sua no, dɛn nti na monyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma mode kar afa mo ho mo ho sɛnea ɛbɛyɛ a ebesiw wɔn a wɔwɔ nhoma mu adesua wɔ mpɔtam hɔ haw a wɔbɛhaw wɔn ho sɛnea ɛho nhia no ano? Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko no remma yɛmfa yɛn kar nsi hɔ bere a yennwen ɔfoforo ho wɔ ɔkwan a ebetumi ama ne ho akyere no anaasɛ wahaw so.
Bere biara a yebehyia no, yɛn ani gye, na mpɛn pii no eyi ma yedi nkɔmmɔ anigye so ansa na yɛafi nhyiam ase ne akyi. (Luka 2:12) Su pa ne afoforo ho a wosusuw bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nkɔmmɔbɔ ano brɛ ase sɛnea ɛsɛ. (Mat. 7:12; Efe. 6:10) Kristofo dɔ bɛhyɛ yɛn ma yɛaso yɛn mmofra mu na wɔantutu mmirika ampue na wɔansɛe afoforo agyapade (Mmeb. 29:15; 1 Kor. 13:4, 5) Nea ɛbɛka eyi ho ne obu a yɛde bɛyɛ ade wɔ ofie a yɛyɛ nhoma adesua wom no mu. Sɛ mpanyimfo hu ɔbra bi a ɛmfata a, ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde afotu a efi ɔdɔ mu na ɛyɛ pintinn bɛma na amma ɔhaw ahorow a ɛbɛma afipamfo no akasakasa, ɛbɛyɛ nsɛnnennen ama ofiewura a ofi ahɔhoyɛ mu de ne fi ama sɛ wɔnyɛ adesua wɔ hɔ no anaasɛ ɛbɛma wɔn a wɔkɔ nhoma adesua wɔ beae pɔtee bi no ho akyere wɔn no ansɔre.