Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Na adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a Japan nyae September mu no yɛ 138,975. Daa akwampaefo dodow kɔɔ soro boroo dodow a na ɛsen biara August mu no so 2,200. Wɔahyɛ amansin afoforo anum ase ɔsom afofoforo no mu. September mu no, wɔyɛɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu ahorow 128 wɔ amansin 99 mu, na daa akwampaefo 3,068 na wɔkɔɔ sukuuyi.
◆ Papua New Guinea nyaa nkɔanim 9% September mu bere a adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a ɛyɛ 2,272 buu akontaa no.
◆ Sri Lanka nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 1,249 ma wobuu akontaa September mu.
◆ Uganda nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 642 September. Nnipa 1,374 na wɔkɔɔ amansin nhyiam abien a wɔyɛe ase na wɔbɔɔ 34 asu.