Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Lesotho tumi bɔɔ adawurubɔfo nkɔanim foforo a ɛyɛ 1,068 ho amanneɛ wɔ October mu. Sukyerɛma a wɔnhwɛ kwan a ɛtɔe wɔ mmepɔw no so no twitwaree akwampaefo ne adawurubɔfo pii adwuma no mu, nanso yɛn nuanom no mu biara ampira anaasɛ enwu wɔ wim tebea a ɛyɛɛ nwini boroo so no mu.
◆ Malaysia ani gyei sɛ ɛbɔɔ adawurubɔfo nkɔanim foforo a ɛyɛ 861 ho amanneɛ wɔ October mu.
◆ Panama nyaa n’adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo ntoatoaso a ɛto so anan a 5,138 buu akontaa, ɛyɛ afe a etwaam no de no nkɔanim 8%.
◆ Portugal nyaa adawurubɔfo nkɔanim foforo October mu, na 32,202 na wobuu akontaa. Sɛ wɔde toto saa ɔsram no ara wɔ afe a etwaam no de ho a, wonyaa nkɔanim 21%.
◆ Thailand nyaa adawurubɔfo nkɔanim foforo a ɛyɛ 952 wɔ October mu.
◆ Anuanom a wɔwɔ Truk no bɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 55 wɔ October mu ho amanneɛ, ɛyɛ afe a etwaam no de no nkɔanim 45%. Nnipa 108 na wɔkɔɔ wɔn nnansa yi ara ɔmansin nhyiam no ase a ɛyɛ dodow a ɛsen biara.