Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE APRIL 9
Dwom 87
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a ɛfata.
18 min: “Hyɛ Yesu Kristo—Yɛn Gyidi Fapem no—Anuonyam.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho.
17 min: “Aba a Yɛde Boasetɔ Bɛsow.” Ɔkasa a egyina 1990 Yearbook no nkratafa 253-5 so. (Faako a 1990 Yearbook no bi nni hɔ no, momfa “Asɛmpa a Ɛma Ɔhome” a ɛwɔ 1989 Yearbook no nkratafa 253-5 no nni dwuma.) Kamfo adawurubɔfo no ɔhyew so wɔ mo asafo no kyɛfa a enya wɔ nnamyɛ a wɔde ka asɛmpa no na wɔsow aba a sɔhwɛ ne nsɛm tebea horow a emu yɛ den mfa ho mu no ho.
Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 16
Dwom 148
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Afei nso, dɛn na akwampaefo aboafo reyɛ? So biribi wɔ hɔ a asafo no betumi ayɛ de aboa wɔn ma wɔadu wɔn botae no ho? To nsa frɛ akwampaefo aboafo ma wɔnkasa na wɔnka osuahu ahorow nkyerɛ. Hyɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu nkuran sɛ wɔne wɔn nyɛ adwuma. Bɔ asafo no March ɔsom akontaabu ho amanneɛ. Kamfo wɔn adwuma pa a moatumi ayɛ ho.
18 min: Asemmisa Afa. Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa. Fa anuanom mmea bra nkɔmmɔbɔ no mu.
17 min: Bo a Asɛmpa no Som wɔ Yɛn Asetra Mu Ɔkasa. Wobetumi anya nea asɛm no gyina so wɔ January 1, 1990 Watchtower, nkratafa 4-6. Yɛ nsɛm a wɔadi kan asiesie ho nhyehyɛe ma asafo no nkyerɛ sɛnea asɛmpa no aboa wɔn ama wɔn asetra anya nkɔanim.
Dwom 193 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 23
Dwom 23
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Nkaedi osuahu ahorow. Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo nka osuahu ahorow a ɛfa sɛnea ɛkaa afoforofo a wɔbaa Nkaedi ase no ne nsɛm a wɔkekae ho nkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnsan nkɔsra wɔn a wɔbaa Nkaedi ase no nyinaa na wɔmmoa wɔn mma wonnya honhom mu nkɔso bio.
20 min: “Ka Asɛmpa no Nnam So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Monkenkan nkyekyem no sɛnea bere ma kwan.
15 min: Bible no Adwene. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Efi July 8. 1985 Nyan! no so no. “Bible no Adwene” ayɛ nsɛmma nhoma no fa a ɛyɛ anigye. Wɔasiesie nsɛm a ɛfa nea Bible no ka wɔ nsɛmti a wɔka ho asɛm no ho no ama wɔn a wɔrepɛ biribi ahu, sɛ ɛyɛ nea obi gye Bible no di anaasɛ dabi no. Mpɛn pii no nsɛm no ka nsɛmti bi a wɔadi kan akyerɛkyerɛ mu no ho asɛm ɔkwan foforo so. So yɛde saa ɔfa yi redi dwuma wɔ asɛnka mu? Nsɛm no yɛ ntiantiaa na esi asɛm no so, esiane sɛ ɛyɛ nkratafa abien pɛ nti. Wo ne atiefo ntĩ saa nsɛm yi ahorow a ɛfata mo asasesin no pii mu. Monyɛ sɛnea wobetumi de nsɛm no adi dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE APRIL 30
Dwom 106
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma.
25 min: “Yɛ Onyansafo—Fa Nea Wusua no Di Dwuma.” Ɔpanyin ne atiefo bɔ asɛm no mu nkɔmmɔ. Si hia a ɛho hia sɛ yesua nhoma ahorow no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkae nea yesua no na yɛde adi dwuma no so dua. Twe adwene kɔ nsɛmti ahorow a etumi yɛ adwuma a ɛwɔ nnansa yi ara nhoma ahorow mu a ɛfa mo ho no so. Nhwɛso: sɛnea mmofra betumi adi tebea horow a ɛwɔ sukuu mu no ho dwuma; sɛnea wobedi ɔhaw ahorow a wohyia wɔ adwumam no ho dwuma; sɛnea wobetumi asiesie ɔhaw ahorow a ɛsɔre anuanom anaa awarefo ntam. Fa nea ɛho bɛba mo asafo no mfaso asen biara no di dwuma.
10 min: Nhyira Horow a Efi Nea Yesua a Yɛde Di Dwuma no mu Ba. Ma wɔnka osuahu ahorow a wɔasiesie no yiye a ɛfa nea wɔasua a wɔde dii dwuma ne nhyira horow a ankorankoro a wɔde dii dwuma no nyae nkyerɛ. Mo hɔ osuahu ahorow ye sen biara, nanso sɛ ɛho hia a, mubetumi de nea ɛwɔ 1990 Yearbook no mu adi dwuma.—Hwɛ nkratafa 7-9, 43-5, 50-3. 57-8. 64.
Dwom 75 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 7
Dwom 200
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae asafo no sɛ asram abien Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu no fii ase May 1. Munsusuw nkɔmmɔbɔ nsɛmti a ɛwɔ foforo a aba mu a wobetumi de ahyɛ ne kra ho nkuran no ho. Ma wɔn a wɔreyɛ akwampaefo aboafo ɔsram yi nka wɔn osuahu ahorow nkyerɛ.
15 min: ‘“Mo Dɔ Ampayɛ ho Sɔhwɛ.’” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a ɛwɔ December 1, 1989 Watchtower, nkratafa 24-7 so. Bere a ɛnyɛ nea woka obi anim no, hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonhu hokwan a wɔwɔ sɛ wofi ayamye mu beyi ntoboa de aboa mo asafo no ne Ghana Baa Dwumadibea no wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma a Yɛde Nnamyɛ Bɛma Wɔakra So.” Nsemmisa ne mmuae. Nkyekyem 4 akyi no, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no di dwuma. Momfa Watchtower a ɛka asomdwoe ho asɛm no mu nsɛntitiriw mu nsɛmpɔw nni dwuma. Ɛsɛ sɛ nea ɔreka asɛm no da adwempa adi bere a ɔka nsɛmma nhoma kra ho asɛm no.
Dwom 72 ne mpaebɔ a wɔde wie.