Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
January 1 besi April 23, 1990 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi ho sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Kyerɛ sɛ nsɛm a adidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:
1. Ɛda adi sɛ Tesalonikafo nhoma a edi kan no wɔ din sɛ Paulo nkrataa no mu nea edii kan bɛyɛɛ Bible nhoma ahorow a wogye tom no fã. [si kr. 227 nky. 1]
2. Ɛwom sɛ na Mose mmara apam no yɛ ɔfasu a etwa Amanaman mufo ne Yudafo ntam de, nanso wɔnam Kristo so bɛyɛɛ biako de kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn. [si kr. 220 nky. 10]
3. Paulo afiasenna wɔ Roma no mu mfaso biako ne sɛ ɛhyɛɛ anuanom no nkuran ma wɔkaa Onyankopɔn asɛm no a wɔansuro. [si kr. 223 nky. 8].
4. Na asafo a ɛwɔ Kolose no ate Onyankopɔn dom ho asɛm esiane asɛmpa no a Paulo kɔkaa wɔ wɔn mu no nti. [si kr. 225 nky. 6]
5. Nnɛ bere yi mu Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo renni tetefo a na wɔasra wɔn no kan wɔ owusɔre no mu. [si kr. 228 nky.10]
6. Ebinom ante Paulo nsɛm a ɛwɔ ne krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no mu no ase, na wogyee akyinnye sɛ Awurade ba no anya adu. [si kr. 230 nky. 3]
7. Na Luka 3:1, 2 bɛkyerɛ sɛ Luka yɛ obi a ɔde anidahɔ yɛɛ nhwehwɛmu na ɔpɛɛpɛe ɔman no kyerɛwtohɔ ahorow mu. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89 11/15 kr. 24.]
8. Wɔ Luka 17:30 no, na Yesu reyɛ su bi ho mfatoho; na ɛmfa daa atemmu ho. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88 6/1 kr. 31.]
9. Luka nkutoo na ɔkyerɛw sɛ bere bi Yesu de ɔsɔfo panyin no akoa no aso san tuaa hɔ maa no anwonwa kwan so. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89 11/15 kr. 24.]
10. Yesu asɛm a ɔkae wɔ Yohane 9:41 sɛ “Sɛ moyɛ anifuraefo a, anka munni bɔne” no kyerɛ sɛ nnipa binom nyɛ bɔne. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88 8/1 kr. 31.]
Bua nsɛm a edidi so yi:
11. Dɛn ogye na na Galatifo no rebu wɔn ani agu so? [si kr. 217 nky. 11]
12. Ɛyɛɛ dɛn na Filipifo tee asɛmpa no? [si kr. 222 nky. 1, 2]
13. Dɛn na efii aba a Paulo ɔsom adwuma dii kan sow wɔ Tesalonika no mu bae? [si kr. 227 nky. 3, 4]
14. Aba bɛn na ɛwɔ mfatoho a ɛwɔ Luka 12:16-21 no mu? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 7/15 kr. 31.]
15. Na Yesu nsɛm a ɛwɔ Luka 23:30 no kyerɛ dɛn wɔ n’awo ntoatoaso no mu? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re kr. 112 nky. 28.]
16. Sɛnea Yohane 4:27 kyerɛ no, dɛn nti na wɔyɛɛ ade a ɛte saa wɔ kasa a Yesu ne Samariani bea no kasae no ho? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/15.]
17. Nnipakuw ahorow abien bɛn na nnɛ wotie Yesu nne, di n’akyi, na ɔyɛ wɔn brɛbrɛ? (Yoh. 10:27, 28) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/15.]
18. Bere bɛn na wɔkyerɛw 2 Tesalonikafo? [si kr. 230 nky. 4]
Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia na wode awie nsɛm a edidi so yi ma:
19. Wɔ Galatifo nhoma no mu no, Paulo kyerɛe sɛ “womfi mmara nnwuma mu na ebu onipa bem, na mmom _______. [si kr. 217 nky. 9]
20. Ɛsɛ sɛ ɔyerenom _______ ma wɔn kununom, sɛnea asafo no mpo ma Kristo no. [si kr. 221 nky. 14]
21. Bible nhoma a esi korɔn a Onyankopɔn ama Kristo korɔn kyɛn abosonsom nyansapɛ, abɔfosom, ne Yudafo atetesɛm ahorow so dua ne _______. [si kr. 225 nky. 5]
22. Sɛnea 2 Tesalonikafo kyerɛ no, Yehowa da no remma, gye sɛ _______ adi kan aba ma _______ ayi ne ho adi ansa. [si kr. 230 nky. 6]
23. Nsɛmpa kyerɛwtohɔ no mu biako pɛ a ɛka bɛ a ɛfa Samariani a ɔwɔ adamfofa su ho asɛm no ne _______ de no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89 11/15 kr. 24.]
24. Esiane sɛ _______ a na ɔyɛ towgyefo panyin bi no yɛ tiaa nti, ɔforoo dua sɛnea ɛbɛyɛ na wahu Yesu. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89 11/15 kr. 24.]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi mu:
25. Na “osuani a Yesu dɔ no” no ne (Petro; Yohane; Paulo) . (Yoh. 13:23) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/15.]
26. Paulo kamfoo asafo a na ɛwɔ (Korinto; Efeso; Filipi) no titiriw wɔ ayamye mu a wofi ma ade no ho. [si kr. 223 nky. 11]
27. Bere a na Paulo wɔ Korinto no, ɔsomaa (Timoteo; Tito; Barnaba) kɔɔ asafo a ɛwɔ Tesalonika no nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ na wahyɛ wɔn gyidi den akyekye wɔn werɛ. [si kr. 228 nky. 8]
28. Ɛte sɛ nea asomafo 12 no mu biako ne nkutoo na ofi Yudea ne (Petro; Mateo; Yuda Iskariot) . (Luka 6:12-16) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 9/1 kr. 8.]
29. (Marko; Luka; Yohane) nkutoo na ɔka Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ho asɛm kyerɛ yɛn. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/15.]
30. Na onyamewa kɛse a na ɔwɔ Efeso no ne (Venos; Artemi; Afrodito) . [si kr. 219 nky. 5]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:
Luka 5:1-6; Luka 8:30-32; Luka 16:9; Yoh. 7:37; Kol. 2:8
31. Bere a yɛda so te ase yi, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn sika di dwuma wɔ ɔkwan a ɛbɛma yɛayɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne ba, Yesu, nnamfo no so. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ g88 4/22 kr. 8.]
32. Na Yesu reka amanne bi a wɔde kaa nnawɔtwe Asese Afahyɛ ho no ho asɛm wɔ ha. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/15.]
33. Ahonhommɔne nim sɛ awiei no, Onyankopɔn atemmu ma wɔn no ne ebun mu a wɔde wɔn bɛhyɛ. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w87 5/15 kr. 8.]
34. Ɛha no na ɔsomafo Paulo de kɔkɔbɔ bi rema. [si kr. 225 nky. 9]
35. Anwonwade asia a Luka asɛmpa no nkutoo na ɛka ho asɛm no mu biako. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89 11/15 kr. 24.]