Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 9/1 kr. 8-9
  • Yesu Abusua Asetra Mfiase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Abusua Asetra Mfiase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Nyinii wɔ Nasaret
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ogyee Ɔsoro Akwankyerɛ Toom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 9/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yesu Abusua Asetra Mfiase

BERE a Yesu renyin wɔ Nasaret no, na ɛyɛ kurow ketewa a wommu. Ná ɛwɔ ɔman bi a egu bepɔw so a wɔfrɛ no Galilea no mu a ɛbɛn Yesreel Bon fɛfɛ no.

Bere a Yesu adi bɛyɛ mfe abien a ɔne Yosef ne Maria asan afi Misraim aba ha no, na ɛda adi sɛ ɔno nkutoo ne Maria ba. Nanso ankyɛ na wɔwoo Yakobo, Yosef, Simon, ne Yuda, na Maria ne Yosef woo mmabea nso. Anyɛ yiye koraa no, na Yesu wɔ anuanom mmarima ne mmea nkumaa baasia.

Ná Yesu wɔ abusuafo afoforo nso. Yenim ne na nua ba panyin Yohane a na ɔte akyirikyiri baabi wɔ Yudea no dedaw. Nanso nea na ɔte bɛn wɔn wɔ Galilea ne Salome a ɔyɛ Maria nuabea no. Ná Salome ware Sebedeo, enti na wɔn mmabarima baanu, Yakobo ne Yohane, bɛyɛ Yesu ne na nua mma. Yentumi nhu sɛ bere a na Yesu renyin no ɔne mmofra yi bɔɔ pii, nanso akyiri yi wɔbɛyɛɛ ayɔnkofo kɛse, sɛnea yebehu no.

Na ɛsɛ sɛ Yosef yɛ adwumaden de hwɛ n’abusua a emufo redɔɔso no. Ɔyɛ duadwumfo. Yosef tetee Yesu sɛ n’ankasa ba, enti na wɔfrɛ Yesu ‘duadwumfo no ba.’ Yosef kyerɛɛ Yesu duadwumfo adwuma nso, na osuaa no yiye. Enti na akyiri yi nkurɔfo kaa Yesu ho asɛm sɛ, ‘Ɛyɛ duadwumfo no.‘

Na Yosef abusua no asetra nyinaa fa Yehowa Nyankopɔn som ho. Wɔ Onyankopɔn mmara no so di mu no, Yosef ne Maria de honhom mu nkyerɛkyerɛ maa wɔn mma ‘wɔ wɔn afitra mu, wɔn kwan so nantew mu, wɔn nna mu, ne wɔn sɔre mu.’ Ná hyiadan bi wɔ Nasaret, na yebetumi agye adi sɛ na Yosef nso de n’abusua kɔ hɔ bere nyinaa ma wɔkɔsom. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn ani gye kɛse wɔ kwan a wotu daa kɔ Yehowa asɔrefi wɔ Yerusalem no mu sɛnea yebesusuw ho wɔ yɛn asɛm a ebedi hɔ no mu no. Mateo 13:55, 56; 27:56; Marko 15:40; 6:3; Deuteronomium 6:6-9.

◆ Anuanom mmarima ne mmea nkumaa baahe na na Yesu wɔ, na na ebinom din de dɛn?

◆ Yesu ne na nuanom mma baasa bɛn na wonim wɔn yiye?

◆ Honam fam adwuma bɛn na na Yesu yɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena