Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 9 kr. 26-kr. 27 nky. 1
  • Yesu Nyinii wɔ Nasaret

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Nyinii wɔ Nasaret
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Abusua Asetra Mfiase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔbɔɔ N’abusua Ho Ban, Ɔhwɛɛ Wɔn, Wampa Abaw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ogyee Ɔsoro Akwankyerɛ Toom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 9 kr. 26-kr. 27 nky. 1
Yosef rekyerɛ Yesu kapenta adwuma

TI 9

Yesu Nyinii wɔ Nasaret

MATEO 13:55, 56 MARKO 6:3

  • YOSEF NE MARIA ABUSUA NO YƐƐ KƐSE

  • YESU SUAA NSAANODWUMA

Nasaret yɛ Galilea kuro ketewa bi a na ɛwɔ Yudea atifi, na na nkurɔfo nhyɛ da mmu ho akonta. Ná kuro no da bepɔ so, na sɛ obi gyina ɔtare kɛse bi a wɔfrɛ no Galilea Po no ho a, kuro no wɔ ne benkum so. Nasaret na wɔtetee Yesu.

Bere a Yosef ne Maria de Yesu fi Egypt bɛtenaa kurom hɔ no, na wanya bɛyɛ mfe mmienu. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔdi no bakorɔ. Nanso akyiri yi Yosef ne Maria woo mmarima ne mmaa wɔ n’akyi. Mmarima no din ne Yakobo, Yosef, Simon, ne Yuda. Enti anyɛ yie koraa na Yesu wɔ anuanom nsia..

Ná Yesu wɔ abusuafo foforo. Wɔn mu bi ne Elisabet ne ne ba Yohane a yɛaka wɔn ho asɛm dada no. Ná wɔte Yudea wɔ anafo fam, na na wɔne wɔn ntam twe kakra. Obusuani foforo a ɔno deɛ na ɔte bɛn wɔn wɔ Galilea ne Salome; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ Yesu maame nua. Salome kunu ne Sebedeo, na yɛbɛtumi aka sɛ wɔn mma Yakobo ne Yohane yɛ Yesu nuanom. Ɛbɛtumi aba sɛ Yesu yɛ abofra no, na ɔtaa ne wɔn bɔ; yɛrentumi nsi no pi. Nanso yɛnim sɛ akyiri yi wɔbɛyɛɛ Yesu asomafo a na Yesu nkɔ nnya wɔn koraa.

Yosef abusua no yɛɛ kɛse, enti na ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ adwuma ansa na wɔanya wɔn ano aduane. Ná Yosef yɛ kapentani anaa duadwumfo, na ɔtetee Yesu sɛ ɔno ara ne ba, enti nkurɔfo frɛɛ Yesu “duadwumfoɔ no ba.” (Mateo 13:​55) Yosef kyerɛɛ Yesu kapenta adwuma no, na ɔno nso yeree ne ho suae. Ɛduu baabi mpo na nkurɔfo frɛ Yesu “duadwumfoɔ no.”​—Marko 6:3.

Yosef ne Maria rekyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ho ade

Ná Yosef abusua no mfa Yehowa som nni agorɔ koraa. Sɛnea Onyankopɔn Mmara kyerɛ no, Yosef ne Maria de Onyankopɔn asɛm kyerɛkyerɛɛ mmofra no ‘berɛ a wɔte wɔn fie, berɛ a wɔnam kwan so, berɛ a wɔda hɔ, ne berɛ a wɔasɔre.’ (Deuteronomium 6:6-9) Ná Nasaret kuro no wɔ hyiadan, na yɛbɛtumi aka sɛ na Yosef de n’abusua no kɔ hɔ bere nyinaa kɔsom. Bible kaa Yesu ho asɛm akyiri yi sɛ ɔkɔɔ hyiadan mu “sɛdeɛ ɔtaa yɛ homeda no.” (Luka 4:16) Afei nso na abusua no taa tu kwan kɔ Yehowa asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem. Saa akwantu no du so a, na ɛyɛ ­anika paa!

  • Anyɛ yie koraa na Yesu nuanom dodow yɛ sɛn?

  • Nsaanodwuma bɛn na Yesu suae? Dɛn na ɛmaa ɔsuaa saa adwuma no?

  • Nkyerɛkyerɛ pa bɛn na Yosef de maa n’abusua?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena