Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde ma April: Revelation—Its Grand Climax At Hand! de agye ¢1,050. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra. Nea ɛba ɔsram fa biara a wɔkra afe biako no yɛ ¢1,800. Nea ɛba ɔsram fa biara no a wɔkra asram asia ne nea ɛba daa ɔsram a wɔkra afe biako no yɛ ¢900. Faako a wɔankra bi no, wobetumi de nsɛmma nhoma abien ne nhomawa biako, gye Sukuu nhomawa no, ama de agye ¢320. July: Questions Young People Ask—Answers me Work de agye ¢550.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani ne asafo ɔkyerɛwfo no hwɛ hu sɛ wɔde Nkaedi Amanneɛbɔ a wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ nam “Special Express” so amana ntɛm ara Wukuda. April 11. Monhwɛ nhu sɛ moaka wɔn a wɔbae wɔ akuw no nyinaa mu no abom na momfa wɔn a wodii bi nyinaa din nka ho sɛnea moyɛ daa no. Momfa mmana address a wɔde ama mo asafo no dedaw no.
● Yɛsrɛ mo momfa nea edidi so yi nka March 1, 1990 Cost List no ho: Reading Aid (Literacy Kit) Twi, Ga, Ewe: Akwampaefo, asafo ne ɔmanfo: ¢120. Questions Young People Ask—Answers That Work: Akwampaefo: ¢265. Adawurubɔfo ne ɔmanfo: ¢550. Nsɛmma nhoma a wimhyɛn de brɛ asafo ahorow, mfuamfua: Akwampaefo: ¢120. Adawurubɔfo ne ɔmanfo: ¢160.
● Asafo ahorow kakraa bi abɔ amanneɛ sɛ wɔn nsa anka Engiresi nsɛmma nhoma a wɔde fi Britain brɛɛ wɔn no nyinaa. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ wɔde nsɛmma nhoma a wɔde fi Britain brɛ mo no nyinaa bɛka mo nsɛmma nhoma ka ho. Sɛ wowiaa bi, wogye fii mo nsam, anaasɛ ɛyerae ɔkwan mu a, mo na ɛsɛ sɛ moka nsɛmma nhoma pɔtee no ne dodow no kyerɛ yɛn na ama yɛatew afi mo ka so. Sɛnea ɛbɛyɛ na moatumi ayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ moyɛ nsɛmma nhoma ahorow a mo nsa ka ne emu biara dodow a munya no nyinaa ho kyerɛwtohɔ pɛpɛɛpɛ. Monnsɛe saa kyerɛwtohɔ no kosi sɛ mode bɛtoto sika akontaabu no ho na moahu dodow a wɔde aka mo ka ho no ansa.
● Esiane sɛ wɔmmfa Engiresi nsɛmma nhoma a ankorankoro kra no mu pii mfa wimhyɛn nti, ebia ɛbɛkyɛ kakra ansa na wɔn a wɔkrae no nsa aka. Sɛ woma obi kra nsɛmma nhoma a, yɛhyɛ nyansa sɛ kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ ebia nea edi kan no bedi efi asram anan kosi asia ansa na wɔn nsa aka, ɛno akyi no, ɛbɛtoatoa so aba.
● Yenim sɛ ebinom a wɔkra nsɛmma nhoma nsa aka ɛresa kratasin no ɛwom sɛ esiane ‘nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so’ no nti, wɔn nsa anka nea wɔakra no bɛyɛ asram asia de. Yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛde nea ɛkaa mu no bɛmana wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ne nyinaa. Faako a eyi rentumi nyɛ yiye no, yɛbɛtwe bere a ɛsɛ sɛ ɛsa no akɔ anim na ama nea ɛbɛba no abɛhyɛ nea amma no ananmu. Enti ɛho nhia sɛ mokyerɛw Asafo ti fa asɛm yi ho.
● Sɛ ɛba sɛ ‘nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so’ no kɔ so ara a, Asafo ti no resusuw ho sɛ ɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam horow ho nhyehyɛe wɔ aman a ɛbemmɛn no bi mu wɔ Twi ne Ewe kasa mu. Yɛbɛka ho nsɛm pii akyerɛ anuanom akyiri yi. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ Ga ne Engiresi nhyiam horow wɔ aman a ɛbemmɛn yi mu nanso aman yi mu binom bɛyɛ nhyiam horow wɔ Engiresi kasa mu a yegye di sɛ yɛn nuanom a wɔka Ga ne Engiresi asafo ahorow no mu dodow no ara betumi ayɛ nhyehyɛe na wɔakɔ bi.