Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/90 kr. 5
  • Asemmisa Afa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afa
  • Yɛn Ahenni Som—1990
Yɛn Ahenni Som—1990
km 4/90 kr. 5

Asemmisa Afa

● So ɛsɛ sɛ anuanom mmea de asɛm te sɛ “Sɛnea Ɔwɛn-Aban no de ba no . . .” di mmuae a wɔma wɔ asafo nhyiam horow ase no anim bere nyinaa?

Ɛte sɛ nea eyi yɛ adeyɛ bi a afi nea wɔkae wɔ March 1, 1964 Ɔwɛn-Aban no mu wɔ asɛm bi a ɛne “Hokwan Ahorow a Kristoni Ɔbea Wɔ” mu a wɔante ase yiye no mu na aba.

Ɔwɛn-Aban no faa 1 Timoteo 2:11, 12 kaa asɛm wɔ kratafa 180 sɛ: “Mmea nyɛ komm nsua ade ahobrɛase nyinaa mu. Ɔbea de, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ onni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm.” Ɛfaa 1 Korintofo 14:33, 34 nso kaa asɛm, nea ese: “Sɛnea ɛte ahotefo asafo nyinaa mu no, momma mmea mmua wɔn ano asafo mu, na wɔmma wɔn ho kwan sɛ wɔnkasa, na mmom wɔmmrɛ wɔn ho ase.”

Nkyekyem a edi hɔ no mu no, Ɔwɛn-Aban no bisae sɛ: “So eyi kyerɛ sɛ ɔbea rentumi nkasa wɔ asafo nhyiam ase da?” Ɛmaa mmuae sɛ: “Dabi, ɛrentumi nkyerɛ saa. Saa bere no na mmea ne mmarima nyinaa nyinya honhom akyɛde, a na kasa foforo ne nkɔmhyɛ ka ho, na na eyinom hwehwɛ sɛ wɔkasa wɔ asafo no mu. Enti ntease bɛn mu na ‘mmea nyɛ komm asafo no mu’ no? Ɛda adi sɛ na ɛyɛ mmere a kasa a ɔbɛkasa no bɛkyerɛ sɛ onni ahobrɛase no. Enti wɔrenhu sɛ onuawa bi ne anuanom mmarima yiyi nsɛm anaasɛ ɔkasa tia wɔn, sɛ ɛyɛ nhyiam ase anaa ɔne asafo no mufo afoforo wɔ hɔ mmere afoforo mu no. . . . Na sɛ ɔbea bi wɔ asɛm bi a asafo no muni bi a ɔyɛ ɔbarima aka ho asemmisa a, ɛnde obetumi abisa ne kunu wɔ fie.​—1 Kor. 14:35.”

Saa nkyerɛkyerɛmu yi akyi na Ɔwɛn-Aban no kɔɔ so kae sɛ: “Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ komm koraa. Sɛ nhwɛso no, wɔ asafo nhyiam horow ase no, mmea a wɔahyira wɔn ho so betumi ama nsɛm a wobisa wɔ adesua ne ntimu ahorow mu no ho mmuae, na, bere a wɔyɛ saa no, wɔyɛ pii de ma nhyiam horow no yɛ anika ne nea ɛhyɛ den ma wɔn a wɔaba nyinaa.”

Afei, hyɛ nea edi hɔ wɔ kratafa 181 no nsow yiye: “Sɛ ɔbarima bi ma mmuae a ɛnteɛ, sɛ nhwɛso no wɔ Ɔwɛn-Aban adesua mu a, eyi nhwehwɛ sɛ wɔfrɛ onuawa bi a, ɔno nso ntoa so na ɔmma mmuae a ɛne nsusuwii a ɛnteɛ a wɔde ama no hyia. Nanso ɛnyɛ nea ɔnam ne mmuae no ne ne nne so bɛkasa atia onua no mmuae no. Obetumi de anifere afa Ɔwɛn-Aban no ankasa mu asɛm a ɛfa ɔsɛmpɔw no ho aka, na ebia ɔde asɛm te sɛ eyi adi anim: ‘Sɛnea yɛn adesua yi mu nkyekyem no ka eyi ho asɛm no yɛ anigye . . . ’ Nokwarem, sɛ anuanom mmarima a wɔn ho akokwaw wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ bere a adesua sohwɛfo no hu sɛ onuabarima bi ama mmuae a ɛnteɛ no, ɔbɛfrɛ eyinom mu bi ma wɔakyerɛkyerɛ ɔsɛmpɔw no mu bio ama ɛho aba obiara mfaso, na wɔ saayɛ mu no, wɔakwati basaayɛ a ebetumi aba biara.

Yetumi hu fi nea ɛwɔ atifi hɔ no mu sɛ ɛnyɛ nea na Ɔwɛn-Aban no rehyɛ mmara biara ama anuanom mmea sɛ wɔmfa nsɛm bi a wɔakyere agu wɔn tirim nni wɔn mmuae anim. Bere a onuawa bi hu sɛ ne mmuae bɛbɔ nsusuwii bi a ɛnteɛ a ɛwɔ onua bi mmuae mu abira no nkutoo na wotu no fo sɛ ɔmfa asɛm bi a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔrefa asɛm no afi nhoma a adesua no ti mu no mu aka na ɛnyɛ sɛ ɔrekasa atia onua no mmuae. Nokwarem no, sɛ wɔn a wɔhwɛ nhyiam horow no so no frɛ asafo no muni bi a ɔyɛ ɔbarima wɔ tebea a ɛtete saa mu sen sɛ wɔbɛfrɛ onuawa bi a, mmere a ɛtete saa no rentaa mma.

Yɛpɛ sɛ yɛde ka ho nso sɛ osuahu akyerɛ sɛ ɔkwan a eye sen biara a adesua sohwɛfo betumi afa so asiesie mmuae bi a ɛnteɛ ne sɛ obebisa nsɛm afoforo aka ho de aboa onii no ankasa ama mmuae no. Sɛ eyi anyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no ankasa ma mmuae a ɛteɛ no. Eyi ma wokwati basaayɛ biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena