Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma a Yɛde Nnamyɛ Bɛma Wɔakra So
1 Akyinnye biara nni ho sɛ Ɔwɛn-Aban ne Bible sua nsɛmma nhoma a ɛsen biara wɔ asase so! So wugye di sɛ eyi yɛ nokware? Sɛ saa a, ɛnde so ɛnsɛ sɛ yɛma obiara nya hokwan kra bi anaa?
2 Ɔkwan bɛn so na Ɔwɛn-Aban no akenkan aboa w’ankasa? Ɛda adi sɛ yɛn mu biara betumi aka akwan horow a nsɛmma nhoma no aboa yɛn wɔ so no akyerɛ. Ebia ebinom bɛka sɛ ɛne ɔkwan titiriw a wɔnam so ma yɛn ani ba yɛn ho so wɔ sɛnea mmere a yɛte mu yi ho hia no ho. Anaasɛ aboa yɛn ma yɛahu nea “mmere no ho nsɛnkyerɛnne” a ɛma adesamma ho yeraw wɔn no kyerɛ ankasa. (Mat. 16:3) Afoforo nso bɛka sɛ asɛmpa a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe wɔn a wɔhyɛ mfɛfo nnipa so no nnansa yi ara no ama wɔanya awerɛkyekye. Ɔwɛn-Aban, no adi saa nsusuwii no mu akoten fi ne mfiase bɛboro mfe 110 ni no. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa bɛka sɛ Bible ho krataa a agye din yi aboa yɛn ma yɛanya agyede nsiesiei a ɛma adesamma a wɔnyɛ pɛ nya hokwan sɛ wobenya daa nkwa no mu gyidi. Ɛho hia sɛ afoforo nso hu nokware ahorow yi.
NYA ADWEMPA
3 Onyankopɔn nyansa na wosi so dua wɔ Ɔwɛn-Aban no mu na ɛnyɛ onipa nsusuwii. (Yes. 55:8, 9) Obiara hia saa nyansa no dennen nnɛ. Ebetumi ama nkurɔfo asetra ayɛ yiye na ma wɔanya adwene a ɛteɛ. Eyi ho hia na ama ‘wɔakɔ so atra ase.’ (Mmeb. 9:1-6) Esiane sɛ yegye di saa nti, yɛde adwempa bɛka nsɛmma nhoma no kra ho asɛm, bere a yehu sɛ yɛwɔ nea afoforo hia no. Hwehwɛ nea ɛba biara mu yiye pɛ nsɛm a wugye di sɛ ebetumi aboa afiewuranom. Ahosiesie a wudi kan yɛ saa no bɛboa wo ma woada honhom pa adi bere a wode nsɛmma nhoma yi ma wɔ asɛnka mu no.
4 Ebetumi aba sɛ ebinom rennya nsɛmma nhoma a wɔbɛma wɔakra no ho adwempa. Ebia wɔne ofiewura no bɛbɔ nkɔmmɔ, wɔne no besusuw Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho mpo, na afei wɔama no nsɛmma nhoma abien de agye ntoboa ¢200 mmom sen sɛ wɔbɛka ne kra ho asɛm. Dɛn ntia? Ne bo no nti? Sɛ saa a, eyi nyɛ nsusuwii pa. Bere a sɛ yɛde toto wiase nhoma ahorow ho a bo a wɔde kra no sua koraa no, sɛ yɛde toto bo a ɛsom ma ɔkenkanfo no ho a, na ɛnsɛ hwee. Enti nya adwempa na ma wɔnkra Ɔwɛn-Aban no ¢1,800 pɛ anaasɛ fa ka ne hokafo Nyan! no ho fa gye ¢3,600 pɛ.
5 Onuawa bi sii ne bo sɛ ɔbɛma wɔakra nsɛmma nhoma, enti ɔde yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛma wɔakra 50 wɔ asram abien bere bi mu. Ɔma wɔkraa 31 ɔsram a edi kan no mu na asram abien no nyinaa mu no onyaa 50. Ɔkae sɛ bere a na ebinom nni sika nanso wɔpɛe sɛ wɔbɛkra bi no, ɔsan kɔe mprɛnsa anaa mpɛn anan ansa na ofiewura no reboaboa sika no ano. (yb89. nkr. 60-1; hwɛ 1990 Yearbook, nkratafa 47-9 nso.) Wɔ Japan a afe biako a wɔkra no bɛyɛ ¢4,900 no, anuanom no ma wɔkraa nsɛmma nhoma bɛboro 71,600 October mu, a na ɛyɛ dodow nkɔanim a ɛsen biara ne afe a etwaam no ɔsram koro no ara de so nkɔanim 57%.
KƆ SO WƆ NNAMYƐ MU
6 Yɛwɔ biribiara a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnam wɔ yɛn som adwuma mu—Yehowa gyina yɛn akyi. (Aso. 14:3) Adwinnade atitiriw a Yehowa de redi dwuma de atrɛw asɛmpa no mu nnɛ no mu biako ne Ɔwɛn-Aban no. Sɛ yɛma nkurɔfo kra nsɛmma nhoma no na afei yɛsan kɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔkenkan a, mmɔden a yɛde nsiyɛ bɔ no betumi agye wɔn nkwa. Enti momma yɛmfa anigye ne nnamyɛ mma wɔn a yenim wɔn ne wɔn a yehyia wɔn asɛnka mu nyinaa nkra nsɛmma nhoma.