Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ October ne November mu no, wɔyɛɛ amantam nhyiam horow 28 Argentina na nnipa 130,262 na wɔkɔe. Adawurubɔfo 79,858 a wobuu akontaa November mu no yɛ dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara.
◆ Iceland bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara 233 ho amanneɛ November mu. Nnipa dodow a ɛsen biara 382 na wɔkɔɔ nhyiam titiriw da a wɔyɛe nnansa yi ara no ase.
◆ Ireland bɔɔ adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo ntoatoaso a ɛto so 20 a ɛyɛ 3,255 wɔ November mu ho amanneɛ. Na ɛhyɛ nkuran sɛ wɔbɔɔ 78 asu wɔ nhyiam titiriw da ahorow a wɔyɛe nnansa yi no ase.
◆ Madagascar de adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 3,424 a wobuu akontaa November mu nyaa nkɔanim 8%.
◆ St. Maarten nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 141 November mu, na ɛyɛ nkɔanim 17%. Nnipa 282 na wɔkɔɔ wɔn nhyiam titiriw da no.
◆ Zimbabwe nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 17,113 November mu.Wɔyɛɛ Bible adesua nkabom 19,190.
◆ Asomfo ntetee Sukuu a ɛwɔ United states no kuw a ɛto so anum wiee wɔn adesua wɔ Los Angeles, California. Kwasida, January 14, 1990. Wɔde adesuafo 20 no fi United States kɔɔ nsase ahorow asia so sɛ wɔnkɔsom wɔ hɔ.