Teokrase Nsɛmmansɛmma
Benin: Adawurubɔfo 5,331 na wobuu akontaa wɔ November mu, na ɛno yɛ adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a atoatoa so 59.
Cyprus: Adawurubɔfo dodow nkɔanim ɔha biara mu 2 a wonyae wɔ November mu no ma wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 1,758. Wonyaa daa akwampaefo dodow nkɔanim foforo nso, na 136 na wobuu akontaa.
India: Wonyaa nkɔso fɛfɛ wɔ asɛnka adwuma no mu wɔ November mu, bere a adawurubɔfo 18,077 buu asɛnka ho akontaa no. Ná eyi yɛ dodow nkɔanim a atoatoa so 39.
Liberia: Adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 2,120 na wobuu asɛnka ho akontaa wɔ November mu.
Solomon Islands: Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo, na 1,393 na wobuu akontaa wɔ November mu.
Taiwan: Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, adawurubɔfo dodow a wɔanya wɔ ɔsom afe yi mu no yɛ 3,516, na eyi yɛ afe a etwaam no de so nkɔanim ɔha biara mu 6.