Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/90 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1990
Yɛn Ahenni Som—1990
km 5/90 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde ma May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu. Faako a wɔankra bi no, mubetumi de nsɛmma nhoma abien ne nhomawa biako, gye Sukuu nhoma no ama. July: Questions Young People Ask​—Answers That Work. August ne September: Wobetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 biara, gye Sukuu nhomawa no, ama.

● Yɛhyɛ asafo horow nkuran sɛ wɔmmfa nsɛmma nhoma a wonya, Engiresi ne yɛn ankasa kasa mu de no nyinaa, nni dwuma kɛse. Esiane sɛ ɛnyɛ den pii sɛ Engiresi de a wɔkra no bɛba nti, yɛhyɛ nyansa sɛ adawurubɔfo ne akwampaefo nkra wɔn ankasa de sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nea wɔde kɔ asɛnka no pii de amoma. Mommɔ mmɔden sɛ mode biribiara bɛmoma. Ɛnsɛ sɛ yɛma hwee sɛe bere a ɛho ayɛ den yi mu.

AKYERƐWFO NHYƐ NO NSOW: Sɛ ɔdawurubɔfo bi de akontaabu a aka akyi ka foforo a ɔde rema ho a, monhwɛ nhu sɛ mobɛkan onipa biako no adawurubɔfo baanu na momfa akontaabu abien no nyinaa nka asafo no akontaabu foforo a mode remana Asafo ti no ho. Monnka akontaabu a ɛkaa akyi no ne foforo no mmom wɔ Congregation’s Publisher Record kratasin no so na mmom momfa akontaabu a ɛkaa akyi no nhyɛ ɔsram a emu na ɔyɛɛ adwuma no anim. Yɛsrɛ mo monhwɛ yɛn krata a yɛkyerɛw no July 19, 1984 de kɔmaa Mpanyimfo Akuw Horow no, ne afei nso December 1913 Ahenni Som mu “Asemmisa Afã” no mu. Yɛsrɛ ahwɛfo akwantufo sɛ wɔnhwɛ sɛ akyerɛwfo nim sɛnea wobedi akontaabu ho dwuma yiye.

● Yɛn nsa reka Congregation Report nkratasin a aka akyi pii ɔsram biara. Ɛsɛ sɛ asafo mu adawurubɔfo ne mpanyimfo no yɛ biako denam hwɛ a wɔbɛhwɛ ahu sɛ wɔde wɔn akontaabu ama ntɛm ara ɔsram no awiei no so. Ɛsɛ sɛ akuw so ahwɛfo boa denam wɔn akuw no mufo akontaabu a wɔde bɛba no a wɔbɛma ɔkyerɛwfo no nsa aka no ntɛm ara ɔsram no awiei no so. Yɛredi kan ada mo ase wɔ mo biakoyɛ no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena