Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/90 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 14
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 21
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 28
Yɛn Ahenni Som—1990
km 5/90 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE MAY 14

Dwom 108

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a ɛfata. Kamfo adawurubɔfo a wɔakɔ asɛnka dedaw ɔsram yi no ɔhyew so, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya asɛnka mu kyɛfa nnam so May mu. Ma nsɛmmma nhoma foforo a aba a wɔde bɛyɛ adwuma mo asasesin mu no ho nyansahyɛ ahorow a etumi yɛ adwuma. Kae adawurubɔfo no asafo no asɛnka nhyehyɛe.

20 min: “Nya Onyankopɔn Asɛm no mu Gyidi.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ muresusuw nkyekyem 3 ho a, ma adawurubɔfo a wotumi tu mpɔn a wɔwɔ atiefo mu mfa nyansahyɛ a ɛfa nkɔmmɔbɔ nsɛmti ho nsɛm pɔtee a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu ho mma. Ma wonni kan nsiesie nsɛm yi.

15 min: San Kɔkanyan Anigye Bio. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnsan nkɔsra wɔn a wɔkraa nsɛmma nhoma. wɔn a wɔhyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛkra bi, anaa wɔn a wogyee nhomawa ne nsɛmma nhoma a aba foforo nyinaa. Ɔfã a edi kan no kaa hia a ɛho hia sɛ yɛsan kɔsra anigyefo na yɛne wɔn fi Bible adesua ase no ho asɛm. Bere a woaka hia a ɛho hia sɛ wɔsan kɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no na woahyɛ ho nkuran ɔhyew so tiawa akyi no, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔyɛ sankɔhwɛ faako a obi kraa nsɛmma nhoma no.

Dwom 23 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 21

Dwom 192

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu a ntoboa biara a mode kɔe Aprii mu a Asafo ti no akyerɛ sɛ nsa aka biara ka ho. Kamfo asafo no ɔhyew so wɔ ayamye mu a wofi boa Ahenni adwuma no denam sika fam ntoboa so no ho. Ti asafo no asɛnka nhyehyɛe mu, na hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔne wɔn ɔsom akuw horow mmom nyɛ adwuma dapɛn awiei yi.

10 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma na ɔka emu nsɛm no nyinaa.

18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Nhumu Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ mususuw nkyekyem 3 ho wie a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi asakra asɛm a wɔka kyerɛ no ama ɛne ofiewura no nsɛm tebea horow ahyia. Sɛ wotumi di eyi ho dwuma a, ɔyɛkyerɛ no betumi aba awiei, mpɛn pii no nnianim nsɛm no mu anaa akyi pɛɛ.

10 min: Teokrase Nsɛmmansɛmma. Afei nso munsusuw Ghana February ɔsom akontaabu ne mo asafo no April ɔsom akontaabu ho. Kamfo anuanom sɛ wotumi nyaa kyɛfa fɛfɛ a anohyeto ahorow no mfa ho.

Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 28

Dwom 208

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe ka ho. Ma nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a nkurɔfo ani begye ho titiriw wɔ mo asasesin mu no ho nyansahyɛ. Monkɔ so mma wɔnkra Ɔwɛn-Aban no.

15 min: “Bere a Ɔmansin Sohwɛfo Aba.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ mprempren no mu kyɛfa kɛse.

20 min: Asafo mu ahiade anaa ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ a esi bo a da biara da asɛm ne nkyerɛkyerɛmu a wobesusuw ho daa som no so dua. Hyɛ sɛnea wobetumi ayɛ eyi no ho nyansa. Fa ɔkasa no gyina nnianim asɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa​—1990 mu no so.

Dwom 46 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 4

Dwom 126

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn a wobetumi nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn awiei yi. Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu no kɔ so June mu. Hyɛ nsɛm a wɔbɛka de nsɛmma nhoma ama ho nyansa sɛnea bere ma kwan.

20 min: “Yɛn Som Adwuma no a Yɛbɛkɔ so Ayɛ a Yennyae.” Nsemmisa ne mmuae. Ma onua a ɔbɔ mmɔden nkenkan nkyekyem no. Afoforo a wɔwɔ atiefo mu betumi akenkan kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no na wɔaka ho asɛm. Ma asɛm no nyɛ nea ɛfa mo ho, na boa adawurubɔfo no ma wonnyina nsɛnnennen a wohyia wɔ asasesin no mu no ano na wonkura su pa mu. Ɛsɛ sɛ obiara si ne bo sɛ ɔde nnamyɛ bɛsom Yehowa akosi awiei pɛɛ.

15 min: Ma Wɔnkra Ɔwɛn-Aban. Ka hia a ɛho hia sɛ wɔn a wɔhwehwɛ nkwa wɔ Yehowa wiase foforo no mu no nyinaa kra Ɔwɛn-Aban no ho asɛm tiawa. Yɛ sɛnea wɔma wɔkra nsɛmma nhoma no ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ adawurubɔfo de April Watchtower ahorow no redi dwuma a, wobetumi abɔ mmɔden akanyan anigye denam kyerɛ a wɔbɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn de asomdwoe bɛba no so. Wobetumi de Dwom 72:7 adi dwuma de akyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ asomdwoe ho bɔ. Ɛbɛyɛ nea ɛhyɛ asomdwoe adɔfo nkuran sɛ wobehu bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 37:10, 11 a ɛne sɛ nokware asomdwoe bɛba nnansa yi ara no. Sɛ bere ma kwan a, ma wɔnyɛ nsɛmma nhomakra a wɔka ho asɛm tiawa ne tee nso ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 71 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena