Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/90 kr. 1-4
  • Yɛn Som Adwuma No a Yɛbɛkɔ So Ayɛ a Yennyae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Som Adwuma No a Yɛbɛkɔ So Ayɛ a Yennyae
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AFÃ A YƐWƆ SƐ ANKORANKONO
  • KURA SU PA MU
  • Mommmrɛ Papayɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔbɛte?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Afie Afie Daa
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 5/90 kr. 1-4

Yɛn Som Adwuma No a Yɛbɛkɔ So Ayɛ a Yennyae

1 Wiase yi su resakra ntɛmntɛm bere a yedu akyiri wɔ awiei bere yi mu no. (1 Kor. 7:31) Bible nkɔmhyɛ mmamu mu no, nsɛm a ɛwosow wiase resisi. Bere a yesusuw nea ɛrekɔ so wɔ wiase a atwa yɛn ho ahyia no mu ne nea ɛrekɔ so wɔ teokrase ahyehyɛde no mu no ho no, yebetumi anya sɛnea egye ntɛmpɛ sɛ yɛka Ahenni no ho “asɛmpa” no ho anisɔ.​—Marko 13:10.

2 Yɛn Kannifo ne nhwɛsofo Yesu Kristo na ɔde ahyɛde mae sɛ yɛnyɛ asuafo no. Saayɛ mu no, ɔde ne bɔhyɛ a ɛne sɛ “me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei” no dii adanse sɛ saa adwuma no bedi yiye. (Mat. 28:19, 20) Yesu asuafo no faa ne nsɛm no aniberesɛm, na bere a wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den mpo no, “wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ . . . da biara.” (Aso. 5:42) Nhwɛso fɛfɛ bɛn ara na wɔyɛ maa yɛn sɛɛ yi!

3 Bere a yɛkenkan 1990 Yearbook no, yehu sɛ Yehowa ahyira yɛn som adwuma no so denam nkɔanim fɛfɛ a wama yɛanya wɔ asuafo afoforo mu no so. Nsase binom so no, nkɔanim a wɔbɔ ho amanneɛ no yɛ nwonwa ampa. Wiase nyinaa nkɔanim no boro nea yɛn mu pii de yɛn ani bui mfe kakraa bi ni no so koraa. (Yes. 60:22) Nanso yɛn asafo no asasesin no mu nso ɛ? Na yɛn akorankoro som adwuma nso ɛ? So yɛredi afa a yenya wɔ ɔsom adwuma no mu ne yɛn mfɛfo adwumayɛfo a wɔwɔ mmaa nyinaa no ɔsom adwuma no ho ahurusi? So yɛrekɔ so wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ ankorankoro wɔ ɔsom adwuma no mu no mu a yennyae?

AFÃ A YƐWƆ SƐ ANKORANKONO

4 Ɛda adi sɛ ɛnyɛ nsasesin nyinaa na ɛsow aba saa. (Fa toto Mateo 13:23 ho.) Ɛyɛ nokware nso sɛ nsasesin binom, te sɛ Ireland ne Quebec, sow aba wɔ mfe pii a asomfo mmɔdenbɔfo de yɛɛ adwumaden no akyi nkutoo. Asɔretiafo pii wɔ mmeae binom, na afoforo mu no, nnipa no mu dodow no ara yɛ anibiannaso na wonnye Ahenni nkrasɛm no ntom. Ɔkwan foforo so no, wɔ nkurow akɛse ne nketewa pii mu no, nnipa no werɛ afi nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no anaasɛ sɛ́ wɔbɛhwɛ ma ayɛ adwuma anaasɛ dabi no mfa wɔn ho. Nokwasɛm no ne sɛ, ɛmfa ho sɛ asasesin bɛn na yɛyɛ mu adwuma no, ɛnsɛ sɛ yɛn nnamyɛ ano brɛ ase da. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ, “Mommma yɛmmrɛ papayɛ mu: na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.” (Gal. 6:9) N’afotusɛm no fa Kristofo nyinaa ho. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛakɔ so wɔ yɛn som adwuma no mu a yennyae?

5 Sɛ yenya Yehowa mu ahotoso na yɛde yɛn ho to n’ahoɔden so ma oso yɛn mu a, yebetumi akɔ so ayɛ hyew na yɛama yɛn som adwuma no adi yiye. Ma ɛntra w’adwenem bere nyinaa sɛ Yehowa na ɔma afuw no sow aba. (1 Kor. 3:6) Mpae a yɛbɔ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn no ho mmuaema mu no, ɔma yɛn afotu, akwankyerɛ pa, ne Bible ho nhoma pii a yɛn ankasa de bedi dwuma na yɛde aboa afoforo ama wɔabehu no. So yɛde nsiesiei ahorow yi redi dwuma akosi ase?

KURA SU PA MU

6 Sɛ yenni su pa a, ɛno betumi ayɛ ɔsom adwuma a ɛsow aba ho akwanside a anibere wom. Sɛ yɛanya nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ho adwene bi a enye esiane sɛnea wɔanyɛ ho ade ɔkwampa so bere a edi kan mu no nti a, saa su no bɛda adi wɔ yɛn nne, yɛn anim tebea, ne mmɔden a yɛmmɔ sɛ yebesiesie yɛn ho ama asɛnka no mu. Wɔde ahyɛde ama yɛn sɛ yɛnka asɛm na yɛnkyerɛkyerɛ, na wɔnka nkyerɛɛ yɛn sɛ yɛawie adwuma no. Ɛno nti na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde anifere bɛka asɛm no bere a wɔde nsa ato yɛn dwumadi so no mpo no. Nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow no ne sɛ fi bere a wɔde nsa too yɛn dwumadi so no, yɛahwere adawurubɔfo bɛyɛ 3,000 a wommu asɛnka ho akontaa bio. Su a enye yɛ ɔhaw no fã. Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ osetie ama ɔsoro akwankyerɛ na yɛde yɛn ho ahyɛ ase no ka yɛn ma yɛkɔ so wɔ yɛn som adwuma no mu a yennyae, sɛ́ wɔde nsa ato yɛn dwumadi so anaasɛ wɔmmfa ntoo so no.

7 Wobedi Yehowa atirimpɔw a ɛfa kɔkɔbɔ a wɔde bɛma abɔnefo ne asuafo a wɔbɛboaboa wɔn ano ho no ho dwuma awie ansa na awiei no aba. Sɛ yɛda yɛn gyidi ne ɔdɔ adi denam ɔsom adwuma no a yɛbɛkɔ so ayɛ a yennyae so a, yebetumi anya ɔsom adwuma no mu anigye mprempren na yɛahwɛ daa nhyira horow wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no kwan.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena