Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/94 kr. 1
  • Afie Afie Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afie Afie Daa
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Afie Afie Adansedi
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Kyerɛkyerɛ Baguam Ne Afie Afie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Afie Afie
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 7/94 kr. 1

Afie Afie Daa

1 Wɔ tete Israel no, ná wɔbɔ afɔre da biara. (Ex. 29:38-42) Ná wɔmma afɔremuka no so gya nnum; na ná wusiw a etu kɔ soro no yɛ “hua huamhuam” a ɛsɔɔ Yehowa ani. (Ex. 29:18) Ɛnnɛ, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.’ (Heb. 13:15) Yɛsom Yehowa denam n’ayeyi a yɛka kyerɛ daa no so mmom sen sɛ anka yɛde afɔrebɔ a Mmara no kyerɛ no bedi dwuma.—Yes. 43:21; Aso. 5:42.

2 Yesu Kristo, Ɔdansefo a ɔsen biara a watra asase yi so, kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom kronn ma denam ayeyi afɔre a yɛbɛbɔ no so. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ asɛm a wɔka kyerɛ no gye ntɛmpɛ. Ná onim sɛ ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wɔbɛfa so de asɛmpa no akɔ nkurɔfo nkyɛn ne sɛ wɔbɛkasa akyerɛ wɔn ankasa wɔ wɔn fi. (Mat. 10:7, 12) Enti yehu sɛ asomafo no dii n’akwankyerɛ a wofi soro de mae sɛ wɔnka asɛm wɔ afie afie no so.—Aso. 20:20.

3 Ɛte saa ara nnɛ. Esiane sɛ nokware Kristofo yɛ Yesu asuafo nti, wodi ne nhwɛso no akyi denam asɛmpa no a wɔka no afie afie no so. Ɛwom sɛ ebia wɔbɛkasa atia yɛn ataa yɛn wɔ ho de, nanso ɔpepem pii ahu nokware no, na asuafo afoforo ɔpehaha pii bɛka nnipakuw kɛse no ho afe biara, na edi adanse sɛ eyi ne Yehowa kwan a wɔfa so yɛ n’apɛde. Ɛno nti na yɛkɔ so yɛ yɛn som adwuma no.

4 Afie Afie Asɛnka so Mfaso Horow: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim . . . nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Aso. 10:34, 35) Yɛn asasesin mu ofie biara a yɛkɔ mu tẽẽ no da no adi pefee sɛ yɛnhwɛ nnipa anim, yɛma obiara nya hokwan a ɛbɛma wate Ahenni nkrasɛm no daa. Ɛno nso ma wɔn a wotie no mu biara nya mmoa a n’ankasa hia no.

5 Ɛkame ayɛ sɛ adawurubɔfo nyinaa, a mmofra, mpanyin, ne wɔn a wɔyɛ afoforo mpo ka ho betumi anya afie afie adwuma no mu kyɛfa. Wɔ saa kwan yi so no, yɛn mu biara betumi ‘apae mu aka akɔ nkwagye mu.’ (Rom. 10:10) Afoforo a yɛne wɔn nya afie afie som adwuma no mu kyɛfa no ka yɛn bom wɔ ɔdɔ ne biakoyɛ mu. Bere koro no ara mu no, ɛma yenya hokwan a yɛde bɛda yɛn boasetɔ adi bere a yehyia anibiannaso anaa ɔsɔretia no. Gyidi a yɛda no adi baguam yi ma yɛyɛ “ahwɛde,” na ɛboa nnipa komapafo ma wohu sɛ yɛwɔ nhyehyɛe bi a yɛde kyerɛkyerɛ Bible no, na wobetumi anya mu mfaso. (1 Kor. 4:9) Biribiara da no adi pefee sɛ Yehowa rehyira afie afie adwuma no so, na ɔde reboaboa nnipakuw kɛse no ano akɔ ne “fi” a ɛne ɔsom kronn no mu.—Yes. 2:2-4.

6 Ɛho hia sɛ nkurɔfo te Ahenni nkrasɛm no nnɛ sen bere biara wɔ abakɔsɛm mu. Enti momma yɛnkɔ so nka asɛm no wɔ afie afie daa nkosi sɛ Yehowa bɛka sɛ ayɛ yiye. (Yes. 6:11) Bere a yɛyɛ saa no, ɔde anigye a yenya fi afie afie som adwuma a ɛho hia na mfaso wɔ so a yenya mu kyɛfa wɔ awiei bere yi mu no mu betua yɛn ka.—1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena