Afie Afie Adansedi
1. Asɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ afie afie asɛnka adwuma no ho, na dɛn ntia?
1 “Wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ akwan horow a wɔnam so ka Nokware no ho asɛm no begye atom sɛ MILLENNIAL DAWN a yɛde yɛ afie afie asɛnka adwuma no ne ɔkwan a etu mpɔn sen biara a yɛnam so ka Nokware no ho asɛm nnɛ.” Asɛm yi a epuei wɔ July 1, 1893, Zion’s Watch Tower mu no sii mfaso a ɛwɔ afie afie asɛnka no so dua. Ɛno ne ade a nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa de hu Yehowa Adansefo paa. Esiane sɛ nnɛ, ɛyɛ den sɛ yɛbɛto nnipa dodow no ara wɔ fie wɔ aman bi so nti, so eyi da so ara yɛ ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so yɛ asɛnka adwuma no?
2. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn nti na yedi adanse wɔ afie afie mu?
2 Egyina Kyerɛwnsɛm So na Ɛho Hia: Afie afie adansedi adwuma no gyina Kyerɛwnsɛm no so. Yesu somaa n’asuafo 70 baanu baanu sɛ wɔnkɔ nkurɔfo afie mu. (Luka 10:5-7) Yesu wu akyi pɛɛ no, Bible kaa n’asuafo no ho asɛm sɛ: “Wɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe kaa Kristo Yesu ho asɛmpa wɔ asɔrefie ne afie mu daa a wɔannyae.” (Aso. 5:42) Ɔsomafo Paulo nso de nnamyɛ kyerɛkyerɛe wɔ afie afie mu.—Aso. 20:20.
3. Afie afie adansedi so mfaso no bi ne dɛn?
3 Afie afie adansedi adwuma no da so ara yɛ ɔkwan titiriw a yɛnam so trɛw asɛmpa no mu nnɛ. Ɛboa yɛn ma ‘yɛhwehwɛ’ wɔn a wɔfata nyinaa yiye. (Mat. 10:11) Nnipa dodow no ara nya adagyew tie asɛm no bere a wɔwɔ fie. Bere a yɛne wɔn rekasa no, sɛ yɛhwɛ wɔn anim, tie wɔn nne, hwɛ wɔn anim yɛbea ne baabi a wɔte a, ɛboa yɛn ma yehu nea wɔn ani gye ho ne nea ɛhaw wɔn. Ɛtaa ma yenya hokwan ne wɔn kasa kyɛ.
4. Dɛn na yebetumi ayɛ ama afie afie adansedi adwuma no asow aba pii?
4 Yɛ Nsakrae: “Asɛmpa no nti,” na ɔsomafo Paulo wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae. (1 Kor. 9:23) Yebetumi ayɛ yɛn bere mu nsakrae aka asɛm no bere a yɛhwɛ a yɛbɛto nnipa pii wɔ fie, te sɛ anwummere, dapɛn awiei, anaa nnapɔnna. Yɛ wɔn a wonni fie no ho kyerɛwtohɔ, na bɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ hɔ bere foforo wɔ da no mu anaa da foforo wɔ dapɛn no mu.
5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de wɔn a yare haw wɔn no aka yɛn ho akɔyɛ afie afie asɛnka adwuma no?
5 Wɔn a yare haw wɔn mpo betumi ayɛ afie afie asɛnka adwuma no bi. Yebetumi ayɛ nhyehyɛe ne saafo no akɔ afie a ɛbɛn wɔn mu, na ama wɔatɔ wɔn bo ase adi adanse. Esiane sɛ na onuawa bi ntumi nhome yiye nti, sɛ ɔkɔ fie biako mu a, gye sɛ ɔtwɛn simma 30 ansa na watumi akɔ foforo mu. Nanso, hwɛ sɛnea n’ani gyei na ne koma tɔɔ ne yam bere a ɔne anuanom boom kɔɔ asɛnka no!
6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no daa?
6 Yɛda so ara nya nnipa komapafo wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu. Bere a ɔdawurubɔfo bi bɔɔ pon bi mu no, nea ɔtee ne sɛ: “Bra mu. Minim nipa kõ a woyɛ. Ná merebɔ mpae sɛ Onyankopɔn nsoma obi mmɛboa me, ɛnna metee sɛ obi rebɔ pon mu no. Onyankopɔn tiee me, enti na wasoma wo me nkyɛn yi.” Nea afi mu aba no kyerɛ sɛ Yehowa rehyira ɔkwan yi a yɛfa so yɛ asɛnka adwuma no so. (Mat. 11:19) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no daa.