Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/88 kr. 4
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Afie Afie

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Afie Afie
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA AFIE AFIE ADWUMA NO TUMI YƐ
  • AKWANSIDE AHOROW SODI
  • Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Afie Afie Adansedi
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Yenya Afie-Afie Asɛnka Adwuma no So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • So Wo Yam Hyehye Wo Ma Nkurɔfo?
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 8/88 kr. 4

Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Afie Afie

1 Atumfoɔ a wɔsen biara wɔ amansan yi mu a wɔne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Awurade Yehowa ne ne Ba a ɔde no asi agua so Yesu Kristo no na wɔde yɛn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no ho ahyɛde no mae.​—Mat. 28:18, Adi. 14:6, 7.

2 Yesu yɛɛ nhwɛso denam ‘nkurow ne nkuraa nyinaa mu a ɔkɔfae kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe’ no so. (Luka 8:1) N’asuafo no amma wɔn werɛ amfi asuade a ɔkyerɛɛ wɔn denam asɛm ne nhwɛso nyinaa so no. (Mat. 13:51, 52) Wohuu hia a baguam asɛnka adwuma no ho hia no. Bere a wɔhwee wɔn esiane nsɛm a wɔka no penpen no akyi mpo no, wɔannyae na mmom wɔkɔɔ so daa wɔ asɔrefi ne afie mu ‘kaa Yesu Kristo ho asɛmpa no.’ (Aso. 5:41, 42; 20:20) Wɔ nnɛ mmere yi mu no, Yehowa Adansefo a wɔde nnɔnhwerew ɔpepem 739 yɛɛ adwuma wɔ asɛnka dwumadi no mu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu a wɔde emu pii yɛɛ afie afie adwuma no nkutoo na wɔreyɛ saa adwuma yi.​—Hag. 2:7; Yes. 60:22.

NEA AFIE AFIE ADWUMA NO TUMI YƐ

3 Sɛnea wɔada no adi wɔ Hesekiel 33:33 ne 38:23 no, yɛn afie afie asɛnka dwumadi no di afã bi a ɛho hia ho dwuma wɔ Yehowa din no a wɔtew ho mu. Wɔde Ahenni asɛmpa no si afiewuranom no anim pĩ na ɛma wonya hokwan kyerɛ faako a wogyina. (2 Tes. 1:8-10) Yɛwɔ anidaso sɛ eyi bɛka wɔn ma wɔagyina Yehowa afã na wɔanya nkwa.​—Mat. 24:14; Yoh. 17:3.

4 Afie afie adwuma a wɔyɛ daa nso hyɛ yɛn anidaso wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow mu no mu den. Tumi a yebetumi de Bible no adi dwuma ma atu mpɔn no yɛ kɛse. Ɛboa yɛn ma yedi nnipa ho suro so. Yebetumi anya tema kɛse bere a yɛn ankasa hu amane a nkurɔfo hu esiane sɛ wonnim Yehowa na wɔmmfa ne trenee gyinapɛn ahorow ntra ase nti no. Ɛboa yɛn nso ma yesow Onyankopɔn honhom aba no wɔ yɛn ankasa asetra mu.​—Gal. 5:22, 23.

AKWANSIDE AHOROW SODI

5 So wuhu sɛ sɛ wokɔ awiabere a wonto pii wɔ fie? Na anibiannaso a aka ebinom hɔ, titiriw wɔ asasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma mu no nso ɛ? Mma eyinom mmu w’aba mu. Bɔ Yehowa mpae, na ɔbɛboa wo ma wode adwenem tebea a ɛfata akɔ asasesin no mu. Bu ɔpon biara sɛ ebetumi ayɛ nea obi a ɔwɔ nguan su hyɛ akyi. Sɛnea Yesu kyerɛkyerɛe no, ma onipa no ankasa nkyerɛ sɛ ɔfata anaa da.bi.​—Mat. 10:11-14.

6 Wɔ asasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma mu mpo no, ebia nnipa pii wɔ mu a wɔntaa nni wɔn adanse esiane sɛ wɔntaa nto wɔn fie nti. Mmere ahorow mu a wobɛkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛto ofie no mufo afoforo ne afie afie kyerɛwtohɔ pa bɛma woatumi ayɛ asasesin no mu adwuma fefeefe.

7 Afie afie asɛmpaka a Onyankopɔn ahyɛ no reba awie ntɛmntɛm. Yɛpɛ sɛ yetumi san de amanneɛbɔ brɛ Yehowa na yɛka wɔ ahonim pa nyinaa mu sɛ: “Mayɛ sɛnea wohyɛɛ me no.” (Hes. 9:11) Mmɔdenbɔ wɔ afie afie dwumadi no mu bɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena