Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/04 kr. 6
  • Yenya Afie-Afie Asɛnka Adwuma no So Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yenya Afie-Afie Asɛnka Adwuma no So Mfaso
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Afie Afie
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Afie Afie Adansedi
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • So Wo Yam Hyehye Wo Ma Nkurɔfo?
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 8/04 kr. 6

Yenya Afie-Afie Asɛnka Adwuma no So Mfaso

1 “Sen fa kurow no mu, Yerusalem mu, na hyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa momaso agyirae.” Ɛno ne ɔkwan a na ɛsɛ sɛ ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen no fa so yɛ adwuma a na Yehowa de ama no sɛ ɔnyɛ wɔ nna a na etwa to wɔ tete Yerusalem no mu.—Hes. 9:2-11.

2 Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo reyɛ adwuma a ɛte saa ara wɔ wiase nyinaa. Wɔnam afie-afie asɛnka adwuma ho ɔsatu a wɔde nsi reyɛ no so reka asɛmpa no kyerɛ nnipa nyinaa. Asɛm no a yɛka no afie-afie mu no ma yetumi hwehwɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nokware no, na yɛbɔ afoforo a wɔmpɛ sɛ wotie no kɔkɔ. So woreyɛ adwuma a egye nkwa yi bi? So worenya mu kyɛfa yiye sɛnea wo nsɛm tebea bɛma wo kwan?

3 Mfaso wɔ adwuma a yɛreyɛ no so efisɛ afe biara yetumi boa nnipa mpempem pii ma wohu nokware no. Yɛn ankasa nso nya so mfaso pii bere a yɛyere yɛn ho yɛ afie-afie asɛnka adwuma no daa no. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, susuw nea edidi so yi ho hwɛ:

■ Ɛma nokware no ho anisɔ a yɛwɔ no bɛyɛ kɛse. Bere dodow a yɛde yɛn ho hyɛ afie-afie asɛnka adwuma no mu no, dodow no ara na yehu nnipa a ‘wosi apini di akyide a wɔyɛ no ho nkɔmmɔ’ no. Ɛma yegye di sɛ Bible nkɔmhyɛ renya mmamu, na yɛte ase sɛ Yehowa Ahenni a ɛnam Yesu Kristo so no nkutoo ne adesamma haw no ano aduru.

■ Ɛboa yɛn ma yɛsow honhom aba no yiye. Ɛda adi sɛ egye honhom aba no nyinaa—ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahosodi—na yɛatumi adi ɔhaw a yehyia wɔ afie-afie asɛnka adwuma no mu so, na yɛakɔ so ayɛ.—Gal. 5:22-24.

■ Ɛboa yɛn ma yedi onipa ho suro so. So wokae sɛnea wotee nka bere a edi kan a wokɔɔ afie-afie asɛnka no? Nanso ehu no brɛɛ ase nkakrankakra bere a yehui sɛ, ade a ɛho hia paa ne sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ, na yɛde kɔkɔbɔ ama, na ama wɔn a wobetie no anya nkwa no. Yensuro nnipa fɛwdi ne wɔn kasatia no. Te sɛ Yeremia no, yɛte nka sɛ Yehowa taa yɛn akyi, na ɛno nso hyɛ yɛn gyidi den.—Yer. 1:17-19.

■ Ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase. Yehu ntɛm ara sɛ, ɛnyɛ yɛn ahoɔden anaa mmɔdemmɔ nti na yetumi yɛ adwuma yi. Mmom no, mpɛn dodow a yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase na ‘yɛnsan yɛn akyi no,’ Yehowa bɛma yɛn “asuafo tɛkrɛma” na yɛahu ‘sɛnea yebebua wɔn’ a yehyia wɔn no.—Yes. 50:4-6.

■ Ɛhyɛ yɛn den ma yegyina nokware no akyi. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi de nkrante anofanu a ɛyɛ nam, Onyankopɔn Asɛm Bible no adi dwuma yiye no, ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛde bɛyɛ adwuma. Bere a yɛtaa de Bible no di dwuma wɔ afie-afie asɛnka mu no, yehu sɛ ‘ɛwɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.’—Heb. 4:12.

■ Ɛhyɛ yɛn den honhom mu ne honam mu. Afie-afie asɛnka adwuma a yɛyɛ no daa no boa yɛn ma yɛn ani da hɔ honhom mu, na ɛma yenya ahonim pa, na eyi ma yɛn ani gye. Wɔ nnipa pii fam no, mmɔdemmɔ a egye ne nantew a ɛka ho no ama wɔanya apɔwmuden.

4 Sɛ yesusuw mfaso pii a yɛne wɔn a wotie yɛn no nya fi afie-afie asɛnka adwuma no mu no ho a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ ‘yekura mu’ pintinn a yennyae mu da.—1 Tim. 4:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena