Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/90 kr. 1-2
  • Ma Wonnya Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wonnya Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A ƐSƐ SƐ YƐBOA AFOFORO MA WONYA GYIDI
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Wowɔ Asɛmpa no Mu Gyidi Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Gyidi a Wowɔ Wɔ Ɔbɔadeɛ No Mu No, Hyɛ Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 5/90 kr. 1-2

Ma Wonnya Onyankopɔn Asɛm Mu Gyidi

1 Sɛ bere bi aba pɛn a na wohia gyidi a emu yɛ den a, ɛne nnɛ. Nnipa pii nni gyidi koraa na wonni daakye anidaso biara. Ɔsom ne amammui akannifo taa ma anidaso hunu araa ma nnipa pii da no adi baguam sɛ wɔn abaw mu abu. Ampa, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no. “Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tes. 3:2) Nanso Yehowa Adansefo wɔ gyidi. Yɛwɔ ahotoso koraa sɛ bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bɛbam.

2 Gyidi a emu yɛ den ma Yehowa Adansefo da nsow wɔ nnipa afoforo nyinaa ho. Ɛkanyan nnwuma pa a ɛho ba afoforo ne yɛn nso mfaso, bere a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no. Gyidi a ɛte sɛɛ no fi Onyankopɔn Asɛm a yɛma kwan ma enya yɛn asetra so tumi no mu na ɛba. Mprempren amanaman ntam onuayɛ a nokware Kristofo wɔ no da bo a gyidi a wonya wɔ Bible no mu sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no som no adi.​—2 Tim. 3:16.

NEA ENTI A ƐSƐ SƐ YƐBOA AFOFORO MA WONYA GYIDI

3 Esiane sɛ nkwa ho aba asɛm nti, yɛwɔ ntease a emu yɛ den a enti ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo ma wonya gyidi. Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, May ne June mu no, yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban. Ɛnkyɛe na yɛhyɛɛ yɛn Awurade Yesu Kristo wu no ho fã. Yɛn nyinaa da Yehowa ase sɛ ɛdenam Yesu afɔrebɔ wu no so no, yɛanya bɔne fafiri a ɛkɔ so daa. Enti yɛde ahopere pɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn a ebetumi aba sɛ wɔbɛkenkan Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no sɛ Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nea ɛba biara kratafa 2 no ne sɛ ɛbɛhyɛ “gyidi a wobenya wɔ Ɔhene a mprempren ɔredi tumi, Yesu Kristo a ne mogya a ohwie gui no bue kwan ma adesamma sɛ wobenya daa nkwa” no ho nkuran. Hwɛ sɛ wubedi kan aka nsɛmma nhoma no kra ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara. Sɛ wɔankra bi a, wubetumi de nsɛmma nhoma abien ne nhomawa biako ama, na wonam saayɛ so agu nokware aba no bi.

4 Nyansa ankasa a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ Bible mu ne tumi a ɛwɔ sɛ ɛma nkurɔfo sakra bɛyɛ nnipa pa no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm no fã pɛ. Ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔahu saa adanse yi. Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ yedi kan kyerɛkyerɛ wɔn sɛ ma wogye nea Bible ka no di.

5 Ɔkwan bɛn so na wɔboaa yɛn mu pii ma wonyaa Onyankopɔn Asɛm no mu gyidi? Ɛda adi yiye sɛ na ɛnam ofie Bible adesua a obi de ntoboase ne yɛn yɛe so. Enti nsɛmma nhoma a yɛbɛma obi akra anaasɛ Bible anaa nhoma a yɛde bɛma no nyɛ gyidi a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma wɔanya no awiei; ɛyɛ mfiase kɛkɛ. Sɛ yɛanya mfaso sɛ obi ne yɛn suaa ade a, ɛnde yɛbɛpɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn a yɛama wɔn nhoma no nkyɛn ntɛm ara na yɛaka akyerɛ wɔn sɛ yɛne wɔn bɛyɛ ofie Bible adesua de aboa wɔn ma wɔanya gyidi.

6 Ɛdenam Yehowa Asɛm Bible, no so no, ofi ɔdɔ mu ma wɔn a wɔhwehwɛ n’ahobammɔ wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no nyinaa akwankyerɛ. (Mat. 24:21) Ɔwɛn-Aban no aboa yɛn ma yɛn ankasa anya Onyankopɔn Asɛm no mu gyidi. Ɛsɛ sɛ yɛboa afoforo ma wonya saa mmoa a nsɛmma nhoma soronko yi de ma no mu mfaso ma wonya Onyankopɔn Asɛm no mu gyidi na wonya nkwa. Enti, May ne June asram no mu no, yɛde nnamyɛ bɛto nsa afrɛ dodow biara a yebetumi adu wɔn nkyɛn no ma wɔakra bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena