Asemmisa Afã
● So wɔn a wɔatu wɔn betumi akɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ obi fie wɔ mprempren nsɛm tebea horow no mu no anaa?
Wobuaa saa asemmisa yi wɔ March, 1975, Ahenni Som no kratafa 4. Mmuae no da so ara yɛ adwuma na yɛrefa aka ama ɛho aba obiara mfaso.
“Sɛnea ɛte no. nnipa a wɔatu wɔn nyɛ nea wɔto nsa frɛ wɔn kɔ nhyiam horow a wɔyɛ wɔ nkurɔfo afie ase. . . .
“Nanso, sɛ obi a wɔatu no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan aba, ma ɔreyi ahonu adi, na sɛ onni nea wɔaka wɔ 2 Yohane 9-11 no ho fɔ denam kɔ a ɔkɔ so yɛ anaasɛ ɔhyɛ nneɛma a ɛbɔ “Kristo kyerɛ” abira ho nkuran so a, ebia wɔbɛma no kwan ma waba nhyiam horow a wɔyɛ wɔ obi fie ase, sɛ Ahenni Asa nni kurom hɔ na anuanom bi de wɔn fie ama ma wɔayɛ nhyiam horow te sɛ baguam asɛnka, Ɔwɛn-Aban adesua ne ɔsom nhyiam a obiara tumi ba bi no wɔ hɔ, na enti ofie hɔ ayɛ sɛ Ahenni Asa a. Saa kwan yi so no, wobebu fie hɔ sɛ Ahenni Asa, bere a wɔreyɛ saa nhyiam horow no. Mpanyimfo kuw no na wɔhwɛ nhyiam horow no so. Wɔn na wonim onii a wɔatu no no ho asɛm na wobetumi ahu sɛ ebia ba a ɔbɛba nhyiam wɔ obi fie no de ahohorabɔ bɛba asafo no so anaasɛ ɛrenyɛ saa. Wobetumi abɔ asɛm no ho nkɔmmɔ na wɔne ofiewura no nso asusuw ho. Sɛ ofiewura no nni ba a onii a wɔatu no no bɛba hɔ no ho asɛm biara a, ɛnde mpanyimfo no betumi abɔ onii a wɔatu no no amanneɛ na wɔama kwan ma wakɔ fie hɔ bere a wɔde ofie no redi dwuma te sɛ Ahenni Asa no. Bere biara a ɔbɛkɔ hɔ no, ɛsɛ sɛ onii a wɔatu no no hwɛ ne nneyɛe so yiye.”
Enti, asɛm no ne sɛ sɛ wɔde obi fie redi dwuma sɛ Ahenni Asa na sɛ ɛda adi sɛ obi a wɔatu no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan aba a, wobetumi ama no kwan ma wakɔ nhyiam horow no ase wɔ fie hɔ sɛ ofiewura no nni ho asɛm biara a. Ɛbɛyɛ papa sɛ mpanyimfo no bɛbɔ onii a wɔatu no no amanneɛ saa.