Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/90 kr. 3
  • Bere a Ɔmansin Sohwɛfo Aba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Ɔmansin Sohwɛfo Aba
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ No Ho Mfaso Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsakrae Wɔ Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ Mu
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Asafo Nhyiam Ho Nhyehyɛe Foforo
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsiesiei Ma Akwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 5/90 kr. 3

Bere a Ɔmansin Sohwɛfo Aba

● Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ wodi akyi wɔ nhyiam titiriw a Asafo Nhoma Adesua ka ho no mu wɔ dapɛn a ɔmansin sohwɛfo aba nsrahwɛ no mu?

Ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ no mu no, wɔyɛ nhyehyɛe ma asafo mũ no nyinaa hyia Ahenni Asa so yɛ nhyiam titiriw a Asafo Nhoma Adesua, Kyerɛwnsɛm ne ahyehyɛde no mu nsɛm ho a wosusuw a wɔato din sɛ “Tra Nea Woasua no Mu,” ne ɔsom ɔkasa a ɔmansin sohwɛfo no ma ka ho. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔyɛ nhyiam yi Yawda anaa Fida anwummere.

Wɔde dwom ne mpaebɔ na efi nhyiam yi ase, na afei mpanyimfo no mu biako hwɛ Asafo Nhoma Adesua a wɔde simma 45 yɛ so. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobewie nea wobesua no dapɛn no mu no nyinaa, wɔma wɔkenkan nkyekyem ahorow no, sɛnea wɔtaa yɛ wɔ dapɛn dapɛn adesua no ase no. Ahenni dwom foforo a wɔto di Asafo Nhoma Adesua no akyi. Afei ɔmansin sohwɛfo no de simma 30 yɛ ɔfã a ɛne “Tra Nea Woasua no Mu” no. Ɛno akyi no, ɔma ɔsom kasa simma 30, na ɔsakra mu ma ɛne asafo a ɔresom wɔn no ahiade hyia. Ɔsom kasa no mu no, ɔde nkamfo ne afotu a ɛfata ma de hyɛ asafo no den na ɔhyɛ anuanom no nkuran sɛ wɔnkɔ so wɔ Ahenni som no mu pintinn.

Wɔde dwom ne mpaebɔ wie nhyiam no. Ɛsɛ sɛ ɔmansin sohwɛfo no na ɔpaw nnwom a wɔbɛto no nyinaa. Ɛnsɛ sɛ dwumadi no nyinaa, a nnwom ne mpaebɔ ka ho, boro nnɔnhwerew abien.

Saa nhyehyɛe yi a wofii ase 1977 mu no aboa pii ama ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ no abɛyɛ biribi titiriw a asafo mũ no nyinaa ne ankorankoro ani gye ho na wonya mu mfaso. Mprempren, esiane nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no nti, ebia ɛrentumi nyɛ yiye sɛ asafo biara bedi saa nhyehyɛe yi akyi. Nanso sɛ woyi nsa a wɔde ato yɛn dwuma so no, sɛnea yɛbɔ mpae sɛ wɔbɛyɛ no a, asafo horow nyinaa betumi de Yehowa ahyehyɛde no nsiesiei fɛfɛ yi adi dwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena