Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma August ne September: Nhomawa a ekura nkratafa 32 biara, gye Sukuu nhomawa no. October: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? November: Nyan! anaasɛ Ɔwɛn-Aban anaa n’abien no nyinaa kra.
● Ɛsɛ sɛ obiara a ɔreyɛ nhyehyɛe sɛ obefi daa akwampae adwuma ase September 1, 1990 no hyehyɛ ɛho akwammisa kratasin no ntɛm na ɔde ma mpanyimfo no ma wɔhwɛ mu. Bere a wɔapene akwammisa no so na Asafo Ɔsom Boayikuw no de wɔn nsa ahyɛ ase akyi no, ɛsɛ sɛ wɔde mana Asafo ti no ntɛm ara. Ɛdenam akwammisa a wɔapene so no a wɔde bɛba ntɛm, a sɛ ɛbɛyɛ yiye a wɔde bɛba bere tenten so no, yebetumi akwati fi a wabefi ase ansa na wɔapaw wɔn no.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no, nkratafa 21-26.
● Yɛrekae mpanyimfo sɛ wɔmfa ɔsom nkratasin ahorow no nni dwuma ɔkwampa so. Ɛnsɛ sɛ wɔsɛe nkratasin yi kwa. Ɛsɛ sɛ wɔde di n’atirimpɔw nkutoo ho dwuma.
● Yɛrehyɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu no nkuran sɛ wɔnhyehyɛ wɔn Medical document no na wɔmfa wɔn nsa nhyɛ ase, sɛ wɔnyɛɛ saa dedaw a, na wɔnhwɛ nhu sɛ wɔahyehyɛ Identity Card ama wɔn mma nkumaa a wɔmmɔɔ wɔn asu no na wɔde wɔn nsa ahyɛ ase sɛnea ɛfata.
● Efi September mu no, amansin so ahwɛfo bɛma baguam ɔkasa a ɛne “Asɛmpa no ho Anoyi.” Afei nso wobeyi sini a wɔato din “Yehowa mu Ahosɛpɛw wɔ Poland Nhyiam Horow Ase.”
● Engiresi nhyiam horow wɔ Nigeria no mu binom:
● Nigeria Baa Dwumadibea no ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam a edidi so yi a wɔbɛka Engiresi kasa wɔ wɔn asasesin no mu. Yɛhyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam a wɔbɛyɛ no Engiresi mu no bi no nkuran sɛ wɔnkɔ nea wɔpɛ biara:
November 29-December 2, 1990: Otta
December 6-9, 1990: Otta
December 13-16, 1990: Benin City: Otta
December 20-23, 1990: Benin City
January 10-13, 1991: Ibadan
● Yɛde address a wɔde bedi dwuma no bɛbrɛ mo akyiri yi na ama moatumi de mo Adammisa nkratasin amana.
● Wɔde Congregation Analysis Report (S-10) nkratasin abien remana asafo ahorow nyinaa. Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hwɛ hu sɛ ebedu September 10, 1990 no, na wɔde nea edi kan no amana Asafo ti no, a ɛkyerɛ asafo no dwumadi wɔ 1990 ɔsom afe no mu. Ɔsom boayikuw mufo binom anyɛ ho ade ɔkwampa so mmere a atwam mu. Nanso, yɛwɔ anidaso sɛ ɛremma saa nnɛ.
● Yɛreka akyerɛ mpanyimfo wɔ ha sɛ wɔmmfa nkrataa a wɔayɛ no “registered” mmana yɛn bio. Eyi de ɔhaw ba. Monnkyerɛw nsɛm “Express” nngu envelope biara akyi. Ɛdɔɔso sɛ mobɛkyerɛw envelope no akyi “Special.” Nea ɛbɛyɛ na akyinnye biara amma ho no, mubetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ post office odwumayɛni no sɛ ɛsɛ sɛ wɔde krataa no to onii a wɔde rekɔma no no adaka mu na ɛnsɛ sɛ wɔfa no sɛ ɛyɛ registered letter.
● Yɛsrɛ sɛ mpanyimfo nhyɛ eyi nsow: Bere biara a obi begyae daa akwampae adwuma no, monhwɛ nhu sɛ mubegye Identification and Assignment kratasin no afi ne nkyɛn na mode ahyɛ envelope a Notification for Discontinuing Regular Pioneer Service (S-206) kratasin no hyem no ara mu.