Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/90 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1990
Yɛn Ahenni Som—1990
km 8/90 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

May 7 besi August 20, 1990 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:

1. Na ɛnsɛ sɛ Timoteo da nneɛma a osua fii Paulo nkyɛn no adi kyerɛ afoforo. [si kr. 236 nky. 6]

2. Esiane sɛ na Paulo rehwɛ n’atemmu a etwa to ne kum a wobekum no kwan nti, ɔhyɛɛ Timoteo mprenu sɛ ɔmmra ne nkyɛn ntɛm na ɔmfa Marko ne nhoma mmobɔwee a ogyawee wɔ Troia no nka ho mmra. [si kr. 235 nky. 2, 3]

3. Ɛwom sɛ Paulo din mpue wɔ krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ɔno na ɔkyerɛwee. [si kr. 241 nky. 2, 3]

4. Ɛwom sɛ Hebrifo nhoma no kura Kyerɛwnsɛm mu nokware ahorow a emu dɔ mu nkyerɛkyerɛmu a ɛsom bo de, nanso na mfaso kakraa bi na ɛwɔ so wɔ Yudafo anuanom no da biara da asetra mu. [si kr. 242 nky. 9]

5. Na Bible kyerɛwfo Yakobo, Yesu ne na ba no, nyɛ Yesu suani wɔ N’asase so som adwuma no mu. [si kr. 246 nky. 1]

6. Anwonwade ahorow a esisii Pentekoste afe 33 Y.B. mu no sisii anwummere. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 5/15 kr. 24.]

7. Kornelio, Amanaman muni a odii kan nyaa adwensakra no asubɔ na ɛde “adapɛn aduɔson” no baa awiei. (Dan. 9:24) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 5/15 kr. 24.]

8. Paulo ne Barnaba adansedi wɔ Filipi ma wɔyɛɛ gyegyeegye na wɔde wɔn too afiase, na woyii wɔn denam asasewosow so. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 5/15 kr. 25.]

9. Efeso na Paulo ne mpanyimfo no hyiae na ɔkaa sɛnea na wakyerɛkyerɛ wɔn baguam ne afie afie no ho asɛm. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 5/15 kr. 26.]

10. Sɛ nsu a wɔbɔ asu wom ankasa bɛhohoro obi bɔne a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔsan bɔ no asu bere a ɔyɛ bɔne foforo biara no akyi. (Aso. 22:16) [Dapɛn biara Bible akenkan]

Bua nsɛm a edidi so yi:

11. Dɛn nti na Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ɔntra Efeso? [si kr. 233 nky. 7]

12. Ogya kɛse a ɛtɔɔ Roma afe 64 Y.B. mu no kaa Kristofo dɛn? [si kr. 235 nky. 1])

13. Na hena ne akoa Onesimo a oguanee no wura? [si kr. 239 nky. 1. 2]

14. Paulo kyerɛ gyidi ase dɛn? [si kr. 244 nky. 20]

15. Dɛn ne fekuw? (Aso. 24:5) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ g88 1/8 kr. 26.]

16. Kyerɛwnsɛm no mu nkrataa anum bɛn na Paulo kyerɛwee wɔ n’afiasenna a edi kan wɔ Roma no mu? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 5/15 kr. 26.]

17. Ɔkwan bɛn so na na Paulo (Saul) ‘reto ɔkafo poma ano dade anankoti’? (Aso. 26:14) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w78 4/1 kr. 23.]

18. Dɛn nti na na Paulo ani gyina kɛse sɛ ɔbɛkɔ Roma? (Rom. 1:11, 12) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 8/1 kr. 23.]

Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia m mode awie nsɛm a edidi so yi ma:

19. Paulo kyerɛw Timoteo nhoma a edi kan no wɔ _____ ntam. [si kr. 232 nky. 2]

20. Paulo kae wɔ ne nkrataa a ɔde kɔmaa Tito no mu sɛ nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ “wonni _____” [si kr. 238 nky. 5]

21. Honam fam Israel antumi anhyɛn Onyankopɔn home mu esiane _____ ne _____ nti. [si kr. 242 nky. 12]

22. Onyankopɔn bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no yɛɛ nea wɔma etimii denam nneɛma abien a entumi nsakra so:_____. [si kr. 243 nky. 14]

23. Asɛmpa no akyerɛwfo no mu no, _____ nkutoo na ɔkyerɛw ɔkasa ahorow a anibere wom a Yesu mae, ne mpae a ɔbɔ maa n’asomafo no anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetra mu no too hɔ. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/15 kr. 24.]

24. Sɛnea Asomafo no Nnwuma 8:9-24 kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ Kristofo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no di _____ ho fɔ. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 1/87 kr. 15 nky. 9.]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi mu:

25. Ɛsɛ sɛ wɔka wɔn a wɔyɛ bɔne no anim wɔ (mpanyimfo nkutoo; wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa; asafo mu no nyinaa) anim. [si kr. 234 nky. 13]

26. Paulo kyerɛw ne krataa a ɔde kɔmaa Tito no bere a na Tito wɔ (Roma; Korinto; Kreta) . [si kr. 237 nky. 1]

27. Yesu yɛ (apam foforo; Abraham apam; apam ma ɔsoro ahenni bi) Ntamgyinafo. [si kr. 243 nky. 17]

28. Herode a wɔaka ne ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 12:1, 2 no ne (Herode Ɔkɛseɛ; Herode Antipa; Herode Agripa I) . [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 5/15 kr. 24.]

29. Paulo asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no fii ase wɔ (Antiokia wɔ Pisidia; Antiokia, Siria; Yerusalem) . [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 5/15 kr. 24.]

30. Wɔdaa anigye kɛse adi wɔ Korinto araa ma Paulo traa saa kurow no mu (asram 18; asram 12; asram 6) . [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 5/15 kr. 25.]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:

Yoh. 14:27; 20:31; Aso. 6:3; Rom. 1:16, 17; 6:12

31. Nsiesiei bɛn na Kristofo a wodi kan no yɛe de hwɛɛ wɔn a na ahia wɔn no? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 9/87 kr. 8 nky. 2.]

32. Asetra foforo a Kristofo nya wɔ Yesu mu no hyɛ wɔn ma wɔko tia wɔn honam fam mmerɛwyɛ ahorow. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 8/1 kr. 24.]

33. Na eyi ne ɔsomafo Yohane atirimpɔw a ɔde kyerɛw n’Asɛmpa no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/15 kr. 24.]

34. Ɔtreneeni nam gyidi so benya nkwa. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 8/1 kr. 23.]

35. Asomdwoe a Yesu de maa n’asuafo no amma wɔn koma antu na biribi anhaw wɔn adwene. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90 3/15 kr. 25.]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena