Monkɔ So Mmfa Boasetɔ Nsow Aba
1 Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw nhoma akɔma Kolose asafo no nea ennu mfe 30 wɔ Yesu wu ne ne wusɔre no akyi no, otumi kae sɛ wɔaka asɛmpa no nokware no na ɛresow aba na ɛrekɔ anim wiase nyinaa. (Kol. 1:5, 6) Ɔkwan kɛse koraa so nnɛ no, Yehowa Adansefo de Ahenni ho asɛmpa no adu “asase ano nohɔ.” (Aso. 1:8; Yoh. 14:12) Wɔ 1989 ɔsom afe no mu no, wiase nyinaa Ahenni adawurubɔfo nkyekyem no kɔɔ anim ɔha biara mu 5.6, na yeduu adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 3,787,188 wɔ aman 212 mu
2 Wɔ aman a wɔabara Onyankopɔn Ahenni ho asɛnka no na nsa anka akontaabu no nyinaa mpo mu no, wɔbɔɔ nkɔanim kɛse mpo a ɛyɛ ɔha biara mu 7.6 ho amanneɛ! Ɔhaw ahorow pii a ɛwɔ saa nsase no so nyinaa akyi no, adawurubɔfo no kɔ so ‘nam boasetɔ mu sow aba.’ (Luka 8:15) Mmeae binom no, nhyɛso no mu agow, nanso tebea horow a emu yɛ den nsakrae ara wɔ aman afoforo so.
3 Wɔ aman a ahofadi a wɔde bɛyɛ Ahenni asɛnka adwuma kɛse wɔ hɔ mu no, yɛwɔ ɔhaw ahorow a ɛsonsonoe. Yehyia nsɛm a ɛmfa nkurɔfo ho ne anibiannaso, titiriw no faako a honam fam yiyedi wɔ no, ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa hwɛ yiye na wɔannya su a ɛtete saa no bi. Yɛmpɛ sɛ honam fam nneɛma ho anigye, anigyede, ahomegye, ne nneɛma afoforo a ɛtwetwe adwene betwitware yɛn teokrase dwumadi ahorow ananmu. Anyɛ saa a, yɛbɛyɛ anibiannaso na yɛrenhu hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ so de boasetɔ sow aba no.—Luka 21:34-36.
BOASETƆ NE YERE A YƐBƐYERE YƐN HO HO HIA
4 Sɛ́ yɛrehyia asɛmpa no ho ɔsɔretia anaasɛ yɛwɔ ahofadi kakra a yɛde di yɛn Kristofo asɛyɛde no ho dwuma no, boasetɔ yɛ ahwehwɛde. Nsase binom so no, yɛn nuanom ayɛ adwuma wɔ tebea bɔne mu mfe du du pii. Boasetɔ a wonyae wɔ amanehunu a ɛte saa mu no ama wɔanya tebea a ɔpene wom, na mprempren wɔrenya nhyira pii. (Rom. 5:3-5; Gal. 6:9) Ɛmfa ho sɛ nsɛnnennen bɛn ara na yebehyia no, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so nya boasetɔ. Ɛsɛ sɛ wodi Ahenni no ho adanse, na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so da yɛn mudi mu kura adi. Sɛ yenya boasetɔ a, yebenya yɛn kra, anaasɛ yɛn nkwa.—Marko 13:10; Luka 21:19.
5 Yebetumi akyerɛ sɛ yɛmmfa honhom mu nneɛma nni agoru denam yere a yɛbɛyere yɛn ho dennen wɔ Yehowa som mu na yɛremmrɛ wɔ asɛnka adwuma no mu no so. Wɔ nsase bi a kar ho yɛ den kɛse, wonni honam fam nneɛma pii, na sikasɛm mu ɔhaw wɔ hɔ so no, wonnyaee asɛmpa no ka. Aman a ɛtete saa no kakra bi mu no, sɛ wɔkyekyem a asafo mu adawurubɔfo de nnɔnhwerew 14 kosi 17 kɔ asɛnka ɔsram biara. Wɔn akwampaefo dodow nso rekɔ anim. Ɛma yɛn a yɛwɔ honam fam nneɛma a ɛma ahotɔ pii no gyina na yedwen. So yebetumi ama nea yɛyɛ daa wɔ Ahenni ho asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛho hia sen biara no mu no anya nkɔanim?
SO YEBETUMI AYƐ PII?
6 Ebia bere pii a yɛde bɛkɔ asɛnka no bɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ nsakrae kakra bi wɔ yɛn nhyehyɛe mu. Sɛ yɛde dɔnhwerew biako na ɛyɛ ɔsom adwuma no Kwasida a, so ebia yebetumi de bi aka saa bere no ho denam dɔnhwerew foforo a yɛde bɛyɛ sankɔhwɛ anaasɛ Bible adesua no so? Anaasɛ sɛ yɛyɛ Bible adesua a, so yebetumi de dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa ayɛ afie afie adwuma anaasɛ sankɔhwɛ kakra bi ansa na yɛakɔyɛ adesua no? Bere a yɛde nnɔnhwerew abien ayɛ nsɛmma nhoma adwuma Memeneda akyi no, ebia yebetumi de nsɛmma nhoma akɔma obi a yɛanya no a yɛma no nsɛmma nhoma daa, anaasɛ yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ sankɔhwɛ kakra bi. Ebia wɔn a wɔte kurow kɛse mu no behu sɛ eye sɛ wobegye bere de adi adanse wɔ mmorɔn so. Eyinom anaa akwan afoforo so no, ebia yebetumi ama kyɛfa a yenya wɔ asɛnka mu no akɔ anim. Ɛsɛ sɛ nnepa a efi mu ba nso kɔ anim saa ara.
7 Akyinnye biara nni ho sɛ bere pii a wɔde yɛ sankɔhwɛ wɔ asɛnka mu no ma wotumi yɛ Bible adesua pii. Bere bi akyi no eyi bɛkyerɛ sɛ nnipa pii bɛba nokware no mu na aboa yɛn ma yɛawie Ahenni ho asɛnka adwuma no.—Mat. 28:19, 20.
MPAEBƆ HO HIA
8 Sɛ yɛbɛkɔ so de boasetɔ asow aba a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa nhyira na yɛde yɛn ho ma ne honhom no akwankyerɛ. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn som adwuma no ho mpae kyerɛ Yehowa. Sɛ yɛbɔ yɛn asɛnka dwumadi no ho mpae kyerɛ Yehowa a, ɛkae yɛn sɛ yɛyɛ n’adwumayɛboafo. (1 Kor. 3:9) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yebetumi anya boasetɔ wɔ yɛn som adwuma no mu bere a biribi mfi mu mma ntɛm mpo no. Mmeae binom no, ɛyɛ nokwaredi a Ahenni adawurubɔfo de nyaa boasetɔ mfe pii no akyi ansa na nkɔanim reba. Bere a yɛhwɛ daakye kwan no, ɛho hia bere nyinaa sɛ yɛhwehwɛ ɔsoro akwankyerɛ ne mmoa na yɛampa aba na mmom yɛawie yɛn som no koraa. (2 Tim. 4:5) Wɔda so ara sow aba wɔ Ahenni ho asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu.
9 Yesu sii hia a ɛho hia sɛ yɛbɔ mpae bere nyinaa no so dua. Paulo tuu fo sɛ: “Munnyae mpaebɔ da!” (1 Tes. 5:17) Ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yekura mpaebɔ mu ara wɔ hɔ mprempren. Asɛyɛde pii wɔ nguan a wɔn dodow kɔ anim afe biara no a wɔbɛhwɛ wɔn no mu. Yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo ma wɔde boasetɔ sow aba. Ɛsɛ sɛ wodi adawurubɔfo ankorankoro ne ahyehyɛde no nyinaa ahiade ahorow ho dwuma. Bere a yehu sɛ ntoboa a yɛde bɛboa adwuma no na ama wɔatumi akɔ so atintim nhoma ahorow a egyina Bible so ho hia no, yɛpɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so nkanyan wɔn a wosuro Onyankopɔn no mma wɔnyɛ ayamyefo wɔ eyi fam.—2 Kor. 9:8-11.
10 Bere a wiase nyinaa afuw no afã bi bue ma teokrase nkɔso kɛse sen bere biara no, Kyerɛwsɛm mu afotu a ɛwɔ Kolosefo 4:2 no bɛyɛ nea ɛkyerɛ biribi kɛse: “Munkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.” Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnkɔ so nsow aba, wɔmmoa wɔn a wɔte sɛ nguan a wohu wɔn nsasesin a mmere a atwam mu no na emu adansedi yɛ den kɛse mu no.
FA ASEDA MA
11 Aseda bɛn ara na yɛde ma wɔ honhom mu nneɛma pii a yenya no ho sɛɛ yi! Yɛpɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ eyinom ho, na yɛbɔ mpae nso sɛ ɔnkɔ so nhyira akoa nokwafo no ne ne Sodikuw no adwuma so. Yɛn ani sɔ mmɔden a wɔde ahobrɛase bɔ na wɔmmrɛ wɔ yɛne wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔwɔ wiase nyinaa no ho no kɛse.
12 Wɔ Ahenni aba a wogu mu no, wɔde nhoma pii amoma. (Mat. 13:3-8, 18-23) Nanso, wɔda so ara hwehwɛ Bible ne Bible nhoma ahorow. Wiase nyinaa amanneɛbɔ no da no adi sɛ wɔadua pii agugu so nsu wɔ sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua mu. Bere a yɛkɔ so yɛ yɛn fam de wɔ yɛn som adwuma no afa a ɛho hia yi mu no, yɛda Yehowa ase wɔ ne nhyira a ɔkɔ so de ma a ɛma enyin no ho. Ampa ara, yɛbɔ saa nhyira no ho mpae.—1 Kor. 3:6, 7.
AHIADE AFOFORO
13 Esiane sɛ Kristofo te wiase a wɔnyɛ ne fã mu nti, wɔbɛkɔ so ahyia sɔhwɛ ahorow, na eyinom mu bɛyɛ den ara wɔ nna a edi akyiri yi mu. Mprempren ebinom regyina ɔtaa anaa nsɛnnennen afoforo ano. Ɛsɛ sɛ afoforo nso di wɔn Kristofo dwumadi ahorow ho dwuma wɔ nsase a ɔko rekɔ so mu. Asiane ahorow te sɛ nsasewosow ne ahum akɛse a etu aka yɛn nuanom. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ma yɛn nuanom a wɔwɔ mmeae a ɛtete saa no. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 12:5; 2 Korintofo 1:11 ho.) Ɛtɔ mmere bi a ɛho behia sɛ yɛkɔ aban mpanyimfo nkyɛn anaasɛ yɛkyerɛw wɔn nhoma fa yɛn adwuma no a wɔabara, yɛn nuanom a wɔtaa wɔn, anaasɛ nsɛm afoforo a ɛfa Ahenni nneɛma ho no ho. Nsɛm tebea a ɛte saa mu no, yɛyɛ nea yɛn ankasa betumi, na yɛbɔ mpae ma eyinom sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya yɛn mfɛfo asomfo ho adwempa.—1 Tim. 2:1, 2.
14 Nhyɛso pii ba mmusua a wɔte Satan wiase yi mu no so. (2 Kor. 4:4) Ebia awarefo behyia ɔhaw ahorow a anibere wom. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ mpae nsrɛ ɔsoro akwankyerɛ, na yɛn nso yebetumi abɔ mpae ama wɔn. (1 Kor. 7:5; 1 Pet. 3:7) Ɛsɛ sɛ mmusua ti hu sɛ Yehowa betie wɔn mpaebɔ a efi nokwaredi mu a wɔde hwehwɛ akwankyerɛ a ɛbɛma wɔadi wɔn afie so yiye no. (Ate. 13:8; Fil. 4:6, 7) Mmofra ne mpanyin nyinaa hyia tebea horow a sɔhwɛ wom. Eyi betumi ayɛ sukuu mu, adwumam, akwantu mu, anaasɛ nsɛm tebea afoforo mu. Mpaebɔ boa yɛn ma yeko tia wiase bɔne yi honhom no na yɛsow aba bere a yɛkɔ so yɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani no.—Mat. 6:13; Efe. 6:13-18; 1 Yoh. 3:22.
15 Yehowa ne mpaebɔ Tiefo kɛse no. (Dw. 65:2) Ɛho hia sɛ yɛdan yɛn dadwen nyinaa ma no mmere nyinaa. (Dw. 55:22) Yenya hokwan sɛ yɛbɛkyerɛ sɛnea ɛfa yɛn ho no denam mpae a yɛbɔ srɛ Ahenni nneɛma ne yɛn nuanom a wɔwɔ mmaa nyinaa yiyedi no so. Bere a yesusuw wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu ne wɔn a wɔkyerɛ wiase nyinaa ntrɛwmu nhyehyɛe no kwan no adwuma ho, bere a yɛne wɔn a wɔyare honhom mu no di nsɛm, anaasɛ bere a yedi ɔhaw afoforo sɛ esua anaa ɛso ho dwuma no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa de nsɛm a ɛtete saa no kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. (1 Tes. 5:25; Yak. 5:14-16) Yiw, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn dadwen to Yehowa so a yɛwɔ ahotoso koraa sɛ ɛmfa ho sɛ dɛn ara na yebisa a ɛne ne pɛ hyia no, obetie yɛn. (1 Pet. 5:7; 1 Yoh. 5:14) Ɛmmra sɛ yɛbɛbɔ mmɔden wɔ Ahenni som mu na yɛakɔ so ahwɛ Yehowa ma waboa yɛn ma yɛakɔ so de boasetɔ asow aba.