Asɛnka Adwuma—Hokwan A Yɛwɔ A Ɛsom Bo
1 Hwɛ hokwan kɛse a ɛyɛ sɛ yebegyina Yehowa, Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ananmu wɔ adesamma anim na yɛayɛ “Onyankopɔn adwumayɛboafo”! (1 Kor. 3:9; Yes. 43:10-12) Asɛmpa no a yɛka no ‘mfi nnipa,’ na abɔfo gyina akyi. (Adi. 14:6, 7; Gal. 1:11) So wokyerɛ hokwan a wowɔ sɛ woyɛ Yehowa asase so ahyehyɛde no muni, na wo ne ne soro ahyehyɛde no abom reyɛ asɛmpaka adwuma a egye nkwa no ho anisɔ?
2 Yehowa Nyankopɔn ne ɔsɛmpakafo a odi kan, na wɔ Eden no, ɔkaa asɛmpa a ɛne sɛ Aseni no bɛbɔ Ɔbonsam ti, na wama asomdwoe ne biakoyɛ asan aba amansan no mu. (Gen. 3:15) Mfehaha pii akyi no, Yehowa ‘kaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: Wo mu na wobehyira amanaman nyinaa.’ (Gal. 3:8) Yehowa Nyankopɔn kɔ so ka asɛmpa no wɔ ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛyɛ “ade nyinaa foforo” wɔ paradise wɔ asase so no mu. (Adi. 21:5) Yɛnam nsiyɛ a yɛde bɔ asɛmpa no dawuru no so suasua yɛn Nyankopɔn no, na yɛto nsa frɛ afoforo sɛ: “Ma obiara a osukɔm de no mmra; na obiara a ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.”—Adi. 22:17, NW.
YƐN KYƐFA A YƐBƐMA AYƐ KƐSE
3 Bere a wɔde nsa too yɛn adwuma no so wɔ afe a etwaam no mu no, yɛn asɛnka adwuma no afã horow a nnɔnhwerew a yɛde kaa asɛm no ka ho so tewee. Nanso, ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ nnamfo no rekanyan wɔn ho, na asɛnka adwuma no afã horow renya nkɔso bere nyinaa. Sɛ yɛkyekyem a, nnɔnhwerew anum a na yenya wɔ bere a wodii kan de nsa too yɛn dwumadi so no mu no akɔ soro akodu nnɔnhwerew 6. Ɛwom sɛ eyi hyɛ nkuran de, nanso ɛda adi sɛ yebetumi ayɛ nea ɛsen saa, sɛ yɛhwɛ nnɔnhwerew 12 a sɛ yɛkyekyem a, na ɔdawurubɔfo biara nya ansa na wɔde nsa reto yɛn dwumadi so no a. Sɛ yɛkyekyem a, nnɔnhwerew 2 a ɔdawurubɔfo biara benya dapɛn biara no bɛyɛ anyɛ yiye koraa no, nnɔnhwerew 8 ɔsram biara, na nnɔnhwerew 3 a obenya dapɛn biara no bɛyɛ, anyɛ yiye koraa no, nnɔnhwerew 12 ɔsram biara. So wutumi hu nnɔnhwerew a ɛkɔ anim a sɛ yɛyere yɛn ho kakra wɔ asɛnka adwuma mu dapɛn biara a, yebenya no?
4 Nnipa pii da so wɔ ɔman yi mu a wɔpɛ sɛ wotie asɛmpa no. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ahwehwɛ eyinom ne sɛ yɛbɛkɔ afie afie asɛnka. Adawurɔbɔfo pii rebɔ mmɔden sɛ wobedi adanse wɔ afie afie ma asow aba pa. Nhwɛso biako ne sɛ ofiewura no kyerɛɛ asɛmpa no ho anisɔ kɛse araa ma ɔka kyerɛɛ ɔdawurubɔfo no sɛ, ɔbɛkɔ asɔre dapɛn biako na watra fie dapɛn a edi hɔ no atwɛn no ma wɔasua Bible no. Na eyi ne bere a edi kan a ɔkɔɔ ne nkyɛn, nanso ɔkae sɛ ɔbɛtew n’asɔrekɔ so aba mprenu ɔsram biara na ama ɔne Yehowa Adansefo asua Bible no. Nya ahotoso sɛ Yehowa nam n’abɔfo so bɛkyerɛ wo kwan akɔ wɔn a wɔte sɛ nguan wɔ mo asasesin no mu nkyɛn. Enti, mmma w’asɛnka adwuma no nnyɛ sankɔhwɛ ne ofie Bible adesua nkutoo. Yɛ bere nhyehyɛe ma afie afie adansedi.
5 Ebinom agyae asɛnkakɔ fi bere a wɔde nsa too yɛn dwumadi so no, ma enti wɔayɛ mmerɛw. Afoforo nso ntaa nkɔ asɛnka. Yɛrehyɛ ɔkyerɛwfo no sɛ ɔnkyerɛw wɔn a wɔayɛ mmerɛw no, ne wɔn a wɔreyɛ mmerɛw no din. Ɔhwɛfo guamtrani no betumi ahwɛ ma wayɛ eyi, na wama mpanyimfo kuw no ayɛ nhyiam asusuw mmoa pa a wobetumi de ama wɔn a wɔayɛ mmerɛw wɔ honhom mu yi mu biara ho. Wɔhyɛ nyansa sɛ mpanyimfo kuw no betumi ahyɛ da apaw anuanom mmarima ne mmea a wɔfata ma wɔahyɛ eyinom den bio. Ebia wɔn mu pii agyae nhyiamkɔ, enti ade a edi kan a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wɔbɛkanyan wɔn anigye wɔ honhom mu aduan a Yehowa de ma no ho, na afei wɔaboa wɔn ma wɔahyɛ ase akɔ asɛnka bio.
AKWAMPAEFO—MONKƆ SO NYƐ MO FAM DE
6 Yɛn anisɔ yɛn akwampaefo no. Asɛnka adwuma ma yehyia nsɛnnennen a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma wɔ yɛn mprempren tebea yi mu. Enti, ani sɔ nnɔnhwerew 40 a sɛ wɔkyekyem a, daa ɔkwampaefo biara nya ɔsram biara ne nnɔnhwerew 37 a sɛ wɔkyekyem a, akwampaefo boafo biara nya ɔsram biara no kɛse. Nanso, sɛ yesusuw nnɔnhwerew 90 ne 60 a ɛsɛ sɛ daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo nya ɔsram biara no ho a yebetumi ahu ntɛm ara sɛ wobetumi ayɛ nea ɛsen saa. Esiane osuahu a asram dunwɔtwe a yɛde ayɛ adwuma wɔ nsa a ɛda yɛn dwumadi so ase ama yɛanya, ne tebea no a ɛkɔ so yɛ yiye wɔ nsasesin pii mu no nti, yɛwɔ hokwan pii a ɛbɛma yɛatumi de nnɔnhwerew pii ayɛ asɛnka adwuma. Anaa, wunhu no saa?
7 Krataa a wɔkyerɛw kɔma daa akwampaefo afe biara no hyɛ daa ɔkwampaefo biara nkuran sɛ ɔnyɛ dapɛn biara asɛnka adwuma ho nhyehyɛe, na wɔde kratasin bi ama wɔn mu biara sɛ ɔmfa nyɛ saa. Eyi bɛboa wɔn mu biara ma wahu nnɔnhwerew a onya dapɛn biara ne dodow a obenya ɔsram no. Sɛ eyi sua a, obetumi ahu nsakrae ko a ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ ne da biara dwumadi mu na wanya nnɔnhwerew a ɛkɔ anim a ɛsɛ. Yɛhyɛ akwampaefo aboafo nso nkuran sɛ wonni kan nyɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe. “Monnyɛ mo adwuma mu nyaa. Monyɛ honhom mu hyew. Monyɛ Yehowa nkoa.”—Rom. 12:11. NW.
8 Asɛnka adwuma no a yenya mu kyɛfa no kyerɛ sɛnea ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko no mu dɔ. Eyi ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a ɛsen biara a wɔayɛ wɔ abakɔsɛm mu nyinaa pɛn. So wunhu wo fam de a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ nkɔmhyɛ yi mmamu mu? (Mat. 24:14; Dw. 110:3) Ɛnde, kɔ so fa nsiyɛ yɛ adwuma wɔ asɛnka adwuma no mu.—Heb. 6:10-12.
9 Ɛrenkyɛ na da Onyankopɔn Ahenni bedi tumi wɔ asase so nyinaa no adu. Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi sɛ yebenyan da biara na yɛwɔ akwahosan pa a yɛde bɛboa ma wɔasan adan asase no sɛ wiase nyinaa paradise, na aboa ma wɔakyerɛkyerɛ ɔpepem pii a woanyan wɔn afi owu mu no ma wɔanantew Yehowa kwan so! Ɛmmra sɛ anigye a ɛda yɛn anim no bɛhyɛ sɛnea Woasi wo bo mprempren sɛ wobɛka anuonyam asɛmpa no wɔ ɛbere a enye mu no mu den. (2 Tim. 4:2, 5) Ɛyɛ hokwan a ɛso nni!