Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/91 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1991
Yɛn Ahenni Som—1991
km 1/91 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma January: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So: February ne March: Mubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintim ansa na 1980 reba ama agye bo a ɛwɔ Cost List no so fã. Daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw begye nhoma a ɛte sɛɛ biako ¢90 wɔ ɔsatu yi mu. Asafo mu adawurubɔfo begye biako biara ¢175. Ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ sika so no de Remittance and Credit request kratasin foforo di dwuma de bisa ma wɔtew nea daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw gyei, ne afei nso nea adawurubɔfo ne akwampaefo aboafo gyei no fi mo ka so. April: Revelation​—Its Grand Climax at Hand!

● Yɛrekae asafo ahorow sɛ wɔnkra nea edidi so yi: 1991 Yearbook, kalendar. Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa (kyerɛ kasa ko) ne 1990 bound volume. Yebenya bound volume no wɔ Engiresi ne Franse kasa nkutoo mu.

● Yebesua United in Worship of the Only True God nhoma no wɔ asafo ahorow no nyinaa mu fi February mu. Nhoma yi wɔ Twi ne Ewe kasa mu. Monkra nea muhia no ntɛm ara, sɛ monyɛɛ saa dedaw a. Nhoma yi nni Ga kasa mu, nanso wɔhyɛ wɔn a wɔka Ga kasa no sɛ wɔnhwehwɛ wɔn de a wotintimii no sɛ nsɛmma nhoma wɔ 1987 mu no. Sɛ wɔannya bi a, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛpaw wɔn sɛ wɔnkenkan no di kan kyerɛ ase ansa na bere no aso ma wɔakenkan wɔ nhyiam no ase. Yɛsrɛ sɛ munkwati ase a mobɛkyerɛ akenkan no bere koro mu bere a moreyɛ adesua no.

● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu ntɛm ara, sɛ wɔanyɛ saa wɔ December mu a.

● Da a yɛde bɛyɛ Nkaedi no yɛ Memeneda, March 30, bere a owia akɔtɔ. Yɛbɛma baguam ɔkasa titiriw no wɔ Nkaedi no akyi, Kwasida April 7. Asɛmti no ne “Mesia No Ba ne Ne Nniso.”

● Asafo dodow bi nnya mfaa wɔn Analysis Report mmae. Ɛsɛ sɛ asafo Ɔsom Boayikuw ahorow a wɔmfaa wɔn Analysis Report mmae no hwɛ hu sɛ wɔde bɛmana ntɛm ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena