Yehowa Rekyerɛkyerɛ Yen
1 Odiyifo Yesaia kae sɛ: “[Yehowa] Nyankopɔn ama me asuafo tɛkrɛma, sɛ minhu sɛnea mede asɛm mɛwaw nea wabrɛ.” (Yes. 50:4) Ɔkwan biako a Yehowa fa so yɛ saa ne ntetee a Teokrase Ɔsom Sukuu no de ma no. Nanso, mmɔden a yɛn ankasa bɛbɔ ho da so ara hia. Theocratic Ministry Guidebook no ka wɔ kratafa 39 sɛ: “Ɛmfa ho sɛ mpɛn dodow ahe na woyɛ dwumadi pɔtee bi no, ahosiesie ho hia bere nyinaa.” Asɛm yi fa yɛn nyinaa ho, sɛ ebia yɛde yɛn ho hyɛɛ sukuu no mu adi asram kakraa bi pɛ anaa bere a wofii sukuu no ase wɔ 1943 mu no na yɛde yɛn ho hyeem.
2 Ɛsɛ sɛ asuafo nyinaa siesie wɔn ho yiye. Yɛn ani a yɛbɛma aku bere ho ka eyi ho. Teokrase Ɔsom Sukuu Nhyehyɛe no akwanyerɛ ahorow no ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ bere a ɛsɛ sɛ wode ma ɔkasa no pa ho.” Sɛ onua bi a ɔyɛ Dwumadi a Edi Kan no bere taa pa ho a, ɛsɛ sɛ wɔma no kokoam afotu. Ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no fi nhyiam no ase bere ano pɛpɛɛpɛ, na odi n’afotu ne nea ɔwɔ ka ho bere a wɔde ama no no ho akwankyerɛ no so.
3 Yɛn nyinaa betumi anya Bible mu nsɛntitiriw no mu mfaso kɛse. Wɔkae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ ɛyɛ asɛm a wɔde ama no mu ntimu kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ ɔkasafo no boa atiefo no ma wohu nea enti ne sɛnea asɛm no ho wɔ mfaso ma wɔn no.
4 Ɛdefa ɔkasa a ɛto so 3 ho no, wɔama afa tebea horow pii ho ma ayɛ yiye. Nanso bere a yɛma sukuu no atirimpɔw atitiriw no mu biako a ɛne sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛaka nokware no akyerɛ sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ, ne wɔ ɔkwan a emu da hɔ so no tra yɛn adwene mu no, wɔbɛpɛ sɛ yɛma ɛfa asɛnka adwuma anaa bɔnnɔ so adansedi ho.
5 Sɛ ɔkasa a ɛto so 4 no fi Your Youth—Getting the Best Out of It nhoma no mu a, wɔde bɛma afoforofo anaa asuafo nkumaa. Nokwarem no. ɛsɛ sɛ asuafo a wɔde bɛma wɔn no yɛ wɔn a wonim akenkan. Sɛ wɔde eyi di dwuma dapɛn yi mu a, wɔde Bible Nsɛmti ma Nkɔmmɔbɔ nhomawa no bedi dwuma dapɛn a edi hɔ no mu. Ɛdefa Ɔkasa a ɛto so 3 ne 4 ho no, ɛsɛ sɛ osuani no de asɛmti a wɔakyerɛ no di dwuma.
6 Sɛ wopɛ sɛ wode nsɛm afoforo ka asɛm no ho a, ehia sɛ wohwɛ yiye. Nsɛm a wobɛka no dɔɔso. Enti, ɛkame ayɛ sɛ ɛho nhia sɛ wode nsɛm afoforo a efi baabi bɛka ho. Mmom no, bɔ mmɔden sɛ wubesiesie nea wɔde ama wo no. kenkan na kyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm atitiriw no mu, na yɛ mfatoho nso, na fa nsɛm no di dwuma yiye. Ɛsɛ sɛ atiefo no tumi di nea woka no akyi wɔ nhoma a ɔkasa no fi mu no mu.
7 Onyankopɔn a yɛsom no no de nyansa ne nimdeɛ a enni ano ma. (Rom. 11:33) Mfe mpempem pii akyi mpo, yɛda so ara wɔ pii a ɛsɛ sɛ yesua. Sɛnea yetumi kamfo yɛn soro Agya no, yedi asetra mu ɔhaw ahorow ho dwuma, ne akomatɔyam ne anigye nso a yɛwɔ no nyinaa bɛyɛ kɛse, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya Onyankopɔn nyansa no. Ɛnde, si wo bo sɛ wubenya nsiesiei a yɛn Kyerɛkyerɛfo Kɛse no ayɛ ama yɛn no mu mfaso akosi ase denam Teokrase Ɔsom Sukuu no a wobɛkɔ no so. Ɛmmra sɛ nsiyɛ a wode besiesie wo ho ama Teokrase Ɔsom Sukuu no na wode wo ho ahyem wɔ 1991 mu no bɛboa wo ma woatumi ayɛ saa.