Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/91 kr. 7-8
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ASUBƆ AKYI
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Sua Tra Ase Daa ne Ɔsom Nhoma No
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sɛnea Yɛde “Onyankopɔn Dɔ” Nhoma no Bɛyɛ Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 1/91 kr. 7-8

Asemmisa Afã

● Dɛn nti na ehia sɛ yɛne asuafo afoforo sua nhoma abien wie koraa, sɛ wɔbɔ wɔn asu ansa na yɛawie nhoma a ɛto so abien no sua mpo a?

Yehowa ahyira n’ahyehyɛde no denam afoforofo pii a ɔma wɔba asafo ahorow no mu no so. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu anoboaboa kɛse yi. Nanso, yehu sɛ ehia sɛ yɛkɔ so boa nnipa a wɔte sɛ nguan yi na yɛma wɔn akwankyerɛ wɔ sua a wosua sɛ wɔbɛsom Yehowa bere nyinaa no mu.

Afoforofo hia mmoa na wɔanya nokware no ho nokware nimdeɛ. (Kol. 1:9, 10) Yɛwɔ hokwan sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔate Bible no mu mfitiase nkyerɛkyerɛ, ne nea Bible no kyerɛkyerɛ wɔ abrabɔ ho gyinapɛn ahorow. Kristofo asetra. ne nneɛma a ɛte sɛɛ ho no ase yiye. Eyi bɛboa wɔn ma wɔn ase atim yiye wɔ nokware no mu, na wɔadi sɔhwɛ biara a ebia wobehyia no so.

Ehia nso sɛ asuafo no nyin wie wɔ ntease tumi mu. (1 Kor. 14:20) Osuahu akyerɛ sɛ sɛ obi bɛyɛ honhom mu nipa a wanyin awie a, Bible adesua a ɔne ɔkyerɛkyerɛfo bi bɛyɛ no boa. Enti, ɛwom sɛ ebia wɔbɛbɔ obi asu ansa na wasua nhoma abien no awie de, nanso nyansa wom sɛ wɔtoa so ne no yɛ ne fie Bible adesua no kosi sɛ obesua nhoma abien no nyinaa awie.

ASUBƆ AKYI

Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ asuafo​—yɛbɔ wɔn asu na yɛkyerɛkyerɛ wɔn. (Mat. 28:19, 20) Yɛde ɔkyerɛkyerɛ no pii ma asuafo no wɔ wɔn asubɔ akyi. Nhoma biako pɛ mu nimdeɛ a obi betumi anya no ntaa nyɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛma wawie ne honhom fam ntetee no. Nkyerɛkyerɛ foforo ho hia na ama wafata ama ɔsom adwuma no, na asiesie no ma wako atia nhyɛso a ɛba wɔn a wɔsom Yehowa wɔ nna a edi akyiri yi mu so no. Sɛ yɛantumi amfa ntetee a ɛdɔɔso amma a, ɛrentumi mma osuani no nyɛ obi a wasiesie ne ho honhom mu sɛ ne nkutoo begyina n’anan so. Bere a wɔabɔ osuani foforo asu akyi no, yɛkɔ so boa no ma ɔkɔ so nya nkɔso sɛ ebia woasua nhoma abien no awie anaa dabi. Nhoma a edi kan a osua no ma onya mfitiase nsɛm mu ntease. Nhoma a ɛto so abien no ka Kristofo su horow ho asɛm. Nhoma yi betumi ayɛ Tra Ase Daa nhoma no ne afei United in Worship nhoma no anaa Nokware Asomdwoe nhoma no. Sɛ munni nhoma yi bi a mubetumi de afoforo a ekura nsɛm a ɛte saa ara adi dwuma. Bible adesua no a wɔne no bɛkɔ so ayɛ akosi sɛ obesua nhoma a ɛto so abien no awie no ma onya Yehowa atirimpɔw ahorow ne Kristofo gyinapɛn ne ahwehwɛde ahorow a ɛkorɔn no ho nkyerɛkyerɛ pa. Eyi boa osuani foforo no ma ɔte nea Kristofo gyinapɛn ahorow kyerɛ no ase, na n’ase tim wɔ nokware no mu. (Kol. 2:7) Sɛ wopɛ adesua a ɛte sɛɛ ho akontaabu ho nkyerɛkyerɛmu ne nsɛm afoforo a, hwɛ December 1987 Yɛn Ahenni Som no Asemmisa Afã hɔ.

Nokwarem no, wɔ asubɔ akyi no, wɔhwɛ kwan sɛ afoforofo benya honhom mu nkɔso. (Heb. 6:1-3) Wɔ nsɛm pii mu no, ennye bere tenten na wasua nhoma a ɛto so abien no awie. Yɛnam saayɛ so ma osuani foforo no nya nhyɛase a ɛyɛ den.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena