Asemmisa Afã
● Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne afoforofo sua nhoma abien ɛwom mpo sɛ ebia wɔbɛbɔ asu ansa na wɔasua n’abien nyinaa awie de?
Bere a yɛkyerɛkyerɛ afoforofo nokware no, ebinom bɛte ase na wɔagye atom ntɛm asen afoforo. Ebinom betumi afata ama asubɔ wɔ bere tiaa bi mu. Nanso, ɛho hia sɛ ‘Yehowa ho nokware nimdeɛ hyɛ’ wɔn a wɔreba abehu no no ‘ma nyansa nyinaa ne honhom mu ohu mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanantew sɛnea ɛfata Yehowa na wɔasɔ n’ani yiye koraa.’ (Kol. 1:9, 10, NW) Ɛdenam Tra Ase Daa, ne afei Biako a Wɔayɛ anaasɛ Nokware Asomdwoe nhoma a afoforofo besua awie so no, ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ eyi. Ɛdenam nhoma a ɛfa mfitiasesɛm ho a osuani no bedi kan asua na afei wasua Kristofo su horow ho nhoma wɔ ɛno akyi no so no, onya nimdeɛ a edi mũ. Osua nnyinasosɛm atitiriw a ɛfa obi ankasa abrabɔ ne ne som ho a ɛho hia na ama wayɛ nokware Kristoni no nso. Ɛho hia sɛ obiara a ɔba Yehowa ahyehyɛde no mu no bɛyɛ nea wanyin wɔ ntease tumi mu wɔ Kristosom ho mfitiasesɛm mu.—1 Kor. 14:20.
Bio nso, osuahu ada no adi sɛ, sɛ obi benyin wɔ ntease tumi mu a, ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw ho hia. Ɛwom sɛ ɛho hia sɛ ɔfoforofo no ankasa bɛkenkan nhoma ahorow na wakɔ nhyiam horow a wosua eyi wɔ ase de; nanso ɛno remma onnya “nyansa ne honhom mu ohu” a ohia na ama wasom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no. Sɛnea ɛbɛyɛ a obenyin abɛyɛ obi a ɔwɔ ntease tumi no. Bible adesua a n’ankasa ne ɔkyerɛkyerɛfo bi bɛyɛ no ho hia. (Aso. 8:30, 31) Enti ɛwom mpo sɛ ebia obi bɛbɔ asu ansa na wasua nhoma abien a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no awie de, nanso nyansa kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ so yɛ ofie Bible adesua no kosi sɛ ɔne Yehowa Adansefo mu biako besua nhoma abien no nyinaa awie. Onii a ɔne no yɛ adesua no bebu bere, sankɔhwɛ, ne Bible adesua no ho akontaa akosi sɛ wobesua nhoma a ɛto so abien no awiei. ɛwom sɛ osuani no abɔ asu de.