Sɛnea Yɛde “Onyankopɔn Dɔ” Nhoma no Bɛyɛ Bible Adesua
1. Dɛn nti na wɔyɛɛ “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no?
1 Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a yɛn nsa kaa “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no wɔ “Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan” Ɔmantam Nhyiam no ase no! Sɛnea yɛtee ho asɛm no, wɔyɛɛ nhoma yi na aboa yɛn ma yɛahu na yɛakyerɛ Yehowa gyinapɛn ahorow a Kristofo gyina so bɔ wɔn bra no ho anisɔ, na ɛnyɛ sɛ yɛde bɛkyerɛkyerɛ Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ. Yɛremfa nhoma yi mma wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu.
2. Ɔkwan bɛn so na yɛde nhoma yi bɛyɛ adwuma, na henanom na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn sua?
2 Sɛ yɛne Bible asuafo sua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no wie a, nhoma a ɛtɔ so abien a yɛne wɔn besua ne nhoma yi. Ma ɛntena w’adwenem sɛ, ɛsono sɛnea obiara nya honhom mu nkɔso. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ osuani biara mmɔdenbɔ na yɛne no asua nhoma no. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ osuani no te nea yɛne no asua no ase yiye. Mpɛn pii no, ɛrenyɛ papa sɛ yebefi ase ne nnipa a wɔasua nhoma ahorow dedaw wɔ bere bi a atwam nanso wɔmma asafo nhyiam ahorow, na wɔda no adi pefee sɛ wɔmfa Bible mu nokware a wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no nni dwuma no yɛ Bible adesua.
3. Sɛ mprempren yɛne obi resua Som Onyankopɔn nhoma no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
3 Sɛ mprempren wo ne obi resua Som Onyankopɔn nhoma no na sɛ moreyɛ awie a, wopɛ a wubetumi ne no asua nhoma no awie na woahyɛ osuani no nkuran ma n’ankasa akenkan “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no. Sɛ ɛnte saa a, ɛbɛyɛ papa sɛ mobɛdan akɔ nhoma foforo no so na moafi ase koraa. Sɛ moreyɛ adesua no na sɛ wopɛ a, mubetumi asusuw nsɛmti a ɛwɔ nkekaho no mu no ho sɛnea yɛyɛ wɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu no.
4. Sɛ yɛn suani bi ansua Bible Kyerɛkyerɛ anaa “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no anwie na ɔbɔ asu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
4 Sɛ osuani bi ansua nhoma abien no mu biako anwie na ɔbɔ asu a, ɛsɛ sɛ wotoa so ne no sua kosi sɛ mubewie “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no. Ɛwom sɛ osuani no abɔ asu de, nanso wubetumi abu bere a mode yɛɛ adesua no, sankɔhwɛ, ne Bible adesua ho akontaa. Sɛ ɔdawurubɔfo bi ne wo kɔyɛ adesua no na ɔde ne ho hyɛ mu a, ɔno nso betumi abu bere no ho akontaa.
5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no aboa adawurubɔfo a wɔagyae asɛnkakɔ?
5 Sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni bi ka kyerɛ wo sɛ wo ne obi a wagyae asɛnkakɔ nyɛ Bible adesua a, ebia ɔbɛma wo ne onii no asusuw “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no ti ahorow pɔtẽẽ bi ho. Ɛho renhia sɛ moyɛ adesua a ɛte saa no kyɛ. Hwɛ sɛnea wɔasiesie nhoma foforo yi sɛ ɛmmoa yɛn ma yɛnkɔ so ntena “Onyankopɔn dɔ mu”!—Yuda 21.