Asɛmmisa Afã
◼ Nhoma abien bɛn na ɛsɛ sɛ yɛne Bible asuafo sua?
Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ne nhoma titiriw a yɛde yɛ ofie Bible adesua. Ɛwom sɛ mfomso biara nni ho sɛ yɛde kratawa a ɛfata befi Bible adesua ase de, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden dan kɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no so ntɛm ara. Wɔn a wɔde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no yɛ Bible adesua no anya osuahu a ɛhyɛ nkuran paa.
Sɛ osuani bi sua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no wie na ɔrenya nkɔso a, ɛsɛ sɛ yɛne no sua Som Nyankopɔn nhoma no. (Kol. 2:7) Kratafa 2 kyerɛkyerɛ nea enti a wɔyɛɛ saa nhoma no mu sɛ: “Bible hyɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nyinaa nkuran sɛ ‘wonnya’ ne nokware ahorow a ɛsom bo no ‘sorokɔ ne sɛnea emu dɔ yiye’ ho nimdeɛ. (Efesofo 3:18) Wɔasiesie nhoma yi ama saa atirimpɔw no. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛbɛboa wo ma woanyin honhom fam na asiesie wo yiye ma woanantew ɔkwan teateaa a ɛkɔ nkwa mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no so.”
Sɛ osuani no fata sɛ ɔbɔ asu ansa na wasua nhoma abien no nyinaa awie a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ne no sua nhoma a ɛto so abien no wie. Ɛwom sɛ osuani no abɔ asu de, nanso nea ɔne no sua ade no betumi abu bere, sankɔhwɛ, ne Bible adesua ho akontaa. Sɛ ɔdawurubɔfo a ɔbɛka ne ho ne no akɔyɛ Bible adesua no de ne ho hyɛ mu a, ɔno nso betumi abu bere no ho akontaa.